Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Asɛm Trɛw Wɔ “Ɔkɔre Asase” So

Yehowa Asɛm Trɛw Wɔ “Ɔkɔre Asase” So

Yehowa Asɛm Trɛw Wɔ “Ɔkɔre Asase” So

“ƆKƆRE Asase.” Saa na Albaniafo frɛ wɔn man no wɔ wɔn kasa mu. Ɔman yi a ani kyerɛ Adriatic Po no da Balkan Asase Hwene a ɛwɔ Greece ne kan Yugoslavia ntam no. Ɛwom sɛ wɔka baabi a Albaniafo fi bae ho nsɛm pii de, nanso abakɔsɛm akyerɛwfo dodow no ara gye tom sɛ Albaniafo ne wɔn kasa no fi tete Iliriko, a sɛnea The Encyclopædia Britannica kyerɛ no, wɔn amammerɛ abɔse fi mfe 2000 A.Y.B. tɔnn.

Nea ɛma Albania man no yɛ fɛ no ne ne mmepɔw atenten a ano yɛ hwirenhwiren a ɛwɔ ɔman no atifi fam ne anhwea fitaa a ɛwɔ Adriatic po no ano wɔ ɔman no anafo fam no. Nanso emu nnipa no titiriw na wɔma ɔman no mu yɛ fɛ paa. Wɔpɛ nnipa na wɔwɔ ahɔhoyɛ su, wɔn ho yɛ anika na wɔpɛ nkɔmmɔ. Wosua ade a wɔmmrɛ ho, na sɛ wɔrekyerɛ wɔn adwene wɔ nsɛm ho a, wɔde wɔn nipadua si nsɛm no so.

Ɔsɛmpatrɛwfo Bi a Wagye Din Ba Nsrahwɛ

Akyinnye biara nni ho sɛ nnipa no suban ne sɛnea wɔn man no mu yɛ fɛ no twetwee ɔkwantufo bi a ɔda nsow ma ɔkɔɔ hɔ wɔ mfehaha pii a atwam no mu. Bɛyɛ afe 56 Y.B. no, ɔsomafo Paulo a otuu akwan pii no kyerɛwee sɛ: “Maka Kristo asɛmpa no akyerɛkyerɛ mu fann . . . de akɔpem Iliriko.” (Romafo 15:19) Iliriko anafo yɛ nnɛ Albania man no mfinimfini ne atifi fam. Na Paulo rekyerɛw ne krataa no afi Korinto, Greece, a ɛwɔ Iliriko anafo fam no. Bere a ɔkae sɛ waka asɛm no fann “de akɔpem Iliriko” no, na ɔkyerɛ sɛ ebia okoduu ɔman no hye so anaa ɔman no mu ankasa. Sɛnea ɛte biara no, ɛbɛyɛ sɛ ɔkaa asɛm no wɔ baabi a nnɛ ɛyɛ Albania anafo fam. Enti yebetumi aka sɛ Paulo na odii kan kɔyɛɛ Ahenni asɛmpaka adwuma no wɔ Albania.

Mfehaha pii twaam. Ahemman ahorow sɔree na egui. Aman afoforo bedii Albania a ɛyɛ ɔman a ɛhyɛ Europa nkyɛn baabi yi so kosii sɛ wonyaa ahofadi wɔ afe 1912 mu. Bɛyɛ mfe du akyi no, Albaniafo san tee Yehowa Ahenni no ho asɛm.

Ɛnnɛyi Mfiase a Ɛyɛ Anigye

Wɔ 1920 mfe no mu no, Albaniafo a na wɔte United States a na wɔde wɔn ho abɔ Amanaman Ntam Bible Asuafo, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no, san baa Albania bɛkaa nea wɔasua no kyerɛɛ afoforo. Wɔn mu bi ne Nasho Idrizi. Ebinom gyee asɛm no fɛw so. Wɔ afe 1924 mu no, wɔde Albania asɛnka adwuma no hyɛɛ Romania Betel adwumayɛbea no nsa na ama wɔatumi ahwɛ nnipa pii a na wɔrekyerɛ asɛm no ho anigye no so.

Wɔn a wosuaa Yehowa ho ade wɔ Albania saa bere no bi ne Thanas Duli (Athan Doulis). Ɔka sɛ: “Wɔ afe 1925 mu no, na asafo abiɛsa ne Bible Adesuafo binom ne anigyefo tete mmeaemmeae wɔ Albania nyinaa. Na wɔdodɔ wɔn ho wɔn ho sen . . . nnipa a wɔte wɔn mu no!” *

Akwan pa a na enni hɔ no maa akwantu yɛɛ den yiye. Nanso adawurubɔfo a wɔyɛ nsi gye toom sɛ wɔbɛyɛ adwumaden yi. Sɛ nhwɛso no, Areti Pina a na wadi mfe 18 no bɔɔ asu wɔ po a ɛda Vlorë anafo fam no ano wɔ afe 1928 mu. Ɔbea yi kuraa Bible wɔ ne nsam de dii aforosian wɔ mmepɔw hwirenhwiren so kɔkaa asɛm no. Ná ɔka Vlorë asafo a wɔyɛ nsi wɔ 1930 mfe no mfiase mu hɔ no ho.

Eduu afe 1930 no, na Greece Betel adwumayɛbea a ɛwɔ Athens no na ɛhwɛ asɛnka adwuma no so wɔ Albania. Wɔ afe 1932 mu no, ɔhwɛfo kwantufo bi a ofi Greece kɔɔ Albania sɛ ɔrekɔhyɛ anuanom nkuran. Ná nnipa a wɔresua Bible mu nokware saa bere no dodow no ara wɔ ɔsoro anidaso. Din pa a wogyei sɛ nnipa a wɔn ho tew na wɔyɛ adetrenee no maa wonyaa obu kɛse wɔ baabiara. Adwuma a anuanom anokwafo yi yɛe no sow aba pii. Wɔde Bible ho nhoma bɛyɛ 6,500 momae wɔ Albania wɔ afe 1935 mu na wɔde dodow a ɛte saa ara mae wɔ afe 1936 mu.

Da bi, Nasho Idrizi bɔɔ J. F. Rutherford kasa a ɛwɔ gramafon so no biako wɔ Vlorë kurow no abɔnten so. Bere a Onua Idrizi kyerɛɛ ɔkasa no ase kɔɔ Albania kasa mu no, nnipa totoo wɔn sotɔɔ mu betiee bi. Mfaso baa adwuma a Bible akyerɛkyerɛfo a wodi kan no de nsi yɛe no so. Eduu afe 1940 no, na Adansefo a wɔwɔ Albania yɛ 50.

Ɔman a Wonnye Nni sɛ Onyankopɔn Wɔ Hɔ

Wɔ afe 1939 mu no, Italy Fasistfo ko faa ɔman no. Wɔbaraa Yehowa Adansefo ne wɔn asɛnka adwuma no. Ɛno akyi pɛɛ na German asraafo bɛko faa ɔman no. Bere a Wiase Ko II baa awiei no, asraafo panyin Enver Hoxha a na ɔwɔ tumi no bedii ade. Ne Komunis Amanyɔ Kuw no dii nkonim wɔ aba a wɔtoo no afe 1946 no mu, na ɔbɛyɛɛ ɔman no soafo panyin. Wɔfrɛɛ mfe a edi hɔ no ahofadi mmere, nanso anyɛ ahofadi bere amma Yehowa nkurɔfo.

Aban no fii ase sɔre tiaa nyamesom nkakrankakra. Sɛ́ Kristofo a wonni afa biara no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ Albania no powee sɛ wobedi ako na wɔde wɔn ho ahyehyɛ amanyɔsɛm mu. (Yesaia 2:2-4; Yohane 15:17-19) Wɔde wɔn mu pii too afiase a na wɔmma wɔn aduan anaa nneɛma a wohia wɔ asetram. Mpɛn pii no, na wɔn nuanom mmea a wɔne wɔn som a wɔnna afiase no na wosi wɔn ntade noa aduan ma wɔn.

Wɔde Akokoduru Gyina Ɔtaa Ano

Wɔ 1940 mfe no mfiase no, Frosina Xheka, a saa bere no na onnii mfe aduonu, na ɔte akuraa bi a ɛbɛn Përmet no tee nea na ne nuabarimanom a wɔanyin sen no ne Nasho Dori, Ɔdansefo bi a ɔyɛ mpaboa, resua no. * Na atumfo no reko tia Yehowa Adansefo denneennen, nanso Frosina gyidi mu kɔɔ so yɛɛ den ɛmfa ho sɛ na n’awofo ani nnye ho no. Ɔka sɛ: “Na wotumi de me mpaboa sie, na sɛ mekɔ Kristofo nhyiam ba a, wɔhwe me. Wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma maware ɔbarima bi a onnye nni. Bere a mampene so no, wɔpam me fii fie. Saa da no na sukyerɛma retɔ. Nasho Dori ka kyerɛɛ Onua Gole Flloko a ofi Gjirokastër no sɛ ɔmmoa me. Wɔyɛɛ nhyehyɛe ma me ne n’abusua kɔtrae. Esiane sɛ me nuabarimanom nni afã biara nti, wɔde wɔn too afiase mfe abien. Woyii wɔn akyi no, me ne wɔn kɔtrae wɔ Vlorë.

“Polisifo bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ me ma mede me ho ahyɛ amanyɔsɛm mu, nanso mampene. Wɔkyeree me kɔhyɛɛ ɔdan bi mu na wotwaa me ho hyiae. Wɔn mu biako hunahunaa me sɛ: ‘Wunim nea yebetumi ayɛ wo?’ Mibuae sɛ: ‘Nea Yehowa ma kwan nkutoo na mubetumi ayɛ me.’ Obuae sɛ: ‘Woabɔ dam! Fi ha kɔ!’”

Saa ara na anuanom Albaniafo daa wɔn nokwaredi adi wɔ saa mfe no nyinaa mu. Eduu afe 1957 mu no, yenyaa Ahenni adawurubɔfo dodow a ɛsen biara 75. Wɔ 1960 mfe no mfiase no, Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti no yɛɛ nhyehyɛe maa John Mark, Albaniani bi a na ɔte United States no kɔɔ Tiranë sɛ ɔnkɔboa mma wɔnhyehyɛ Kristofo adwuma no wɔ hɔ. * Ɛno akyi no, wɔde Luçi Xheka, Mihal Sveci, Leonidha Pope, ne anuanom mmarima afoforo a wɔfata koguu adwumayɛban mu.

Wonyaa Anidaso sɛ Wobenya Ahofadi

Ansa na afe 1967 reba no, na wɔkasa tia ɔsom biara wɔ Albania. Akyiri yi, na wɔmma ɔsom biara kwan. Na wɔmma Katolek ne Ortodɔks asɔfo, anaa ɔpanyin biara nni Nkramofo anim wɔ ɔsom mu. Wɔtotoo Kristofo ne Nkramofo asɔredan ahorow mu anaa wɔde yɛɛ agodie adan, tete nneɛma akorae ne aguadidan. Na obiara nni hokwan sɛ onya Bible. Na obi nni hokwan sɛ ɔkyerɛ sɛ ɔwɔ Onyankopɔn mu gyidi.

Na ɛyɛ den paa sɛ wɔbɛka asɛm no anaa wobehyiam. Adansefo mmaako mmaako yɛɛ nea wobetumi biara de som Yehowa ɛmfa ho sɛ na wɔnte faako no. Efi afe 1960 besi 1980 mfe no mu no, Adansefo no dodow so tewee koraa. Nanso na wɔyɛ den wɔ honhom mu.

Wɔ 1980 mfe no awiei mu hɔ no, nsakrae kakra baa Albania amammui mu. Na aduan ne ntade ho yɛ den. Na anigye nni hɔ. Nsakrae a na ɛrekɔ so wɔ Europa Apuei fam nyinaa no nso duu Albania wɔ 1990 mfe no mfiase. Mfe 45 a katabaako nniso no de dii ade akyi no, aban foforo a ɛbae no maa nyamesom mu ahofadi ho kwan bio.

Wɔ Yehowa Adansefo Sodikuw no akwankyerɛ ase no, Betel adwumayɛbea a ɛwɔ Austria ne Greece no yɛɛ ntɛm kohuu anuanom a wɔwɔ Albania no. Greece anuanom a na wɔte Albania kasa no de Bible ho nhoma a na wɔakyerɛ ase foforo no bi kɔɔ Tiranë ne Berat. Anigye hyɛɛ anuanom a kan na wɔabɔ ahwete no koma ma. Ná eyi ne bere a edi kan wɔ mfe pii mu a wɔahyia Adansefo a wofi aman afoforo so.

Akwampaefo a Wɔyɛ Nsi Fi Amannɔne Ba Bedi Adwuma no Anim

Afe 1992 mfiase pɛɛ no, Sodikuw no yɛɛ nhyehyɛe yii Michael ne Linda DiGregorio, awarefo bi a wɔyɛ asɛmpatrɛwfo a wɔn nananom bi fi Albania no ma wɔbaa ɔman no mu. Wɔne anokwafo a wɔn mfe akɔ anim no dii nkitaho, na wɔboaa wɔn ano bio ma wɔbɛkaa amanaman ntam Kristofo abusua no ho. Akwampaefo atitiriw anaa bere nyinaa asɛmpakafo 16 a wɔyɛ nsi na wofi Italy ne akwampaefo baanan a wofi Greece beduu ɔman no mu November. Wɔyɛɛ kasasua ho nhyehyɛe de boaa akwampaefo no na ma wɔatumi asua Albania kasa no.

Ná asetra mu yɛ den ma akwampaefo a wofi amannɔne no. Na wɔtaa dunnum akanea. Sɛ edu awɔw bere a na wim yɛ nwini paa. Na nnipa to santen nnɔnhwerew pii de pɛ aduan ne nneɛma afoforo a wohia wɔ asetram. Nanso ade a na ɛhaw anuanom paa ne sɛnea wobenya dan kɛse a anigyefo pii a wɔregye nokware no behyia wɔ mu!

Akwampaefo a na wɔrebɔ mmɔden aka Albania kasa no hui sɛ ɛnyɛ kasa no a wɔbɛte no yiye no na ɛbɛma wɔatumi ayɛ biribiara. Bible kyerɛkyerɛfo bi a ne ho akokwaw ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Enhia sɛ yɛte kasa yiye ansa na yɛatumi aserew anaasɛ yɛayɛ yɛn nuanom atuu. Albaniafo ani gye ɔdɔ a efi komam ho na ɛnyɛ kasa a wotumi ka no yiye. Monnhaw mo ho, wɔbɛte nea moreka no ase.”

Bere a wɔyɛɛ kasasua ho adekyerɛ a edi kan wiei no, akwampaefo no hyɛɛ ase yɛɛ adwuma wɔ Berat, Durres, Gjirokastër, Shkodër, Tiranë, ne Vlorë. Wofii ase hyehyɛɛ asafo ahorow wɔ saa nkuropɔn no mu ntɛmntɛm. Areti Pina, a seesei ɔwɔ ne mfe 80 mu na onni ahoɔden no da so ara wɔ Vlorë. Wɔde akwampaefo atitiriw baanu kɔkaa Areti ho wɔ kurow no mu sɛ wɔne no nka asɛm no. Ɛyɛɛ nnipa no nwonwa sɛ wohui sɛ ahɔho reka Albania kasa no: “Sɛ yɛpɛ sɛ yesua biribi a, asɛmpatrɛwfo a wofi nyamesom kuw afoforo mu no ma yesua Engiresi anaa Italy kasa. Ɛbɛyɛ sɛ modɔ yɛn ampa na mowɔ asɛnhia bi ma yɛn, efisɛ moasua Albania kasa yiye!” Areti wiee n’asase so adwuma wɔ January 1994 mu. Ɔde nsi yɛɛ asɛnka adwuma no kosii ɔsram a owui no mu. Nsi a ɔne akwampaefo no daa no adi no so baa mfaso. Wɔsan hyehyɛɛ asafo wɔ Vlorë wɔ afe 1995 mu. Ɛnnɛ, asafo abiɛsa a wɔrenya nkɔso reyɛ asɛnka adwuma no a adagyew nnim wɔ po so hyɛn gyinabea kurow yi mu.

Ná ɔmanfo redi honhom mu kɔm wɔ ɔman no nyinaa mu, afei nso na wonni nyamesom ho adwemmɔne ahe biara. Wɔde anigye kenkan Bible ho nhoma biara a Adansefo no de maa wɔn no. Mmofra pii fii ase suaa ade na wonyaa nkɔso ntɛmntɛm.

Asafo ne akuw bɛboro 90 a wɔwɔ ɔman no nyinaa mu no kɔ so ‘yɛ den gyidi mu na wɔn dodow kɔ anim daa.’ (Asomafo Nnwuma 16:5) Adansefo 3,513 a wɔwɔ Albania no da so ara wɔ nnwuma pii yɛ. Kristo wu Nkaedi a wɔyɛɛ no March 2005 mu no, nnipa 10,144 na wɔbae. Nnipa a wɔwɔ ahɔhoyɛ su a wɔne wɔn susuw nsɛm ho wɔ asɛnka adwuma no mu no ama wɔayɛ Bible adesua bɛboro 6,000. Ɛda adi sɛ nnipa mpempem pii benya Wiase Foforo Nkyerɛase a wɔayi no adi wɔ Albania kasa mu no so mfaso. Nokwasɛm ni, Yehowa asɛm mu atrɛw wɔ “Ɔkɔre Asase” no so de ahyɛ Yehowa anuonyam.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 9 Sɛ wopɛ Thanas Duli asetra ho nsɛm a, hwɛ December 1, 1968 Engiresi Ɔwɛn-Aban, no mu.

^ nky. 17 Sɛ wopɛ Nasho Dori asetra ho nsɛm a, hwɛ January 1, 1996 Ɔwɛn-Aban no mu.

^ nky. 19 Sɛ wopɛ John Mark yere, Helen asetra ho nsɛm a, hwɛ January 1, 2002 Ɔwɛn-Aban, no mu.

[Adaka wɔ kratafa 20]

ABUSUA NTAM NITAN TO TWA WƆ KOSOVO!

Na wɔtaa ka Kosovo ho asɛm wɔ ɛrekɔ 1990 mfe no awiei mu hɔ bere a asase ho akasakasa ne abusua ntam nitan a na agye ntini kɔfaa ɔko bae, na aman afoforo de wɔn ho gyee asɛm no mu no.

Bere a na Balkan aman no redi ako no, Adansefo pii guan kɔɔ aman a ɛbemmɛn no mu. Bere a ɔko no ano brɛɛ ase no, Adansefo no mu kakraa bi san kɔɔ Kosovo a na wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔrekɔ yɛ adansedi adwuma no. Albania ne Italy akwampaefo atitiriw penee so tu kɔɔ Kosovo kɔboaa nnipa a wɔn dodow yɛ 2,350,000 a wɔwɔ hɔ no. Asafo ahorow anan ne akuw asia, a emu adawurubɔfo bɛyɛ 130 na wɔresom Yehowa wɔ asasesin yi mu.

Wɔ afe 2003 fefɛw bere mu no, wɔyɛɛ da koro nhyiam titiriw bi wɔ Priština, na nnipa 252 na wɔkɔe. Wɔn a wɔkɔe no bi yɛ Albaniafo, Germanfo, India atubrafo, Italiafo, ne Serbiafo. Wɔ asubɔ kasa no akyi no, ɔkasafo no bisaa nsɛm abien. Nnipa baasa na wɔsɔre gyinaa hɔ sɛ wɔrebua nsɛmmisa no: Albaniani, India atubrafo no mu baako, ɛnna Serbiani.

Bere a asubɔfo baasa no buaa denneennen sɛ “Va!” “Da!” ne “Po!” wɔ bere koro mu no, atiefo no de anigye bɔɔ wɔn nsam kɛse. Wɔyeyɛɛ wɔn ho wɔn ho atuu. Wɔanya abusua ntam nitan a agye ntini ma enti asɛe wɔn man no ano aduru.

[Asase mfonini wɔ kratafa 17]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Mediterranea Po

ITALY

ALBANIA

GREECE

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Adansefo a wɔyɛ mmofra suasua mpanyimfo nnamyɛ

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Areti Pina de nokwaredi som fi afe 1928 kosii sɛ owui wɔ afe 1994 mu

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Akwampaefo kuw a edi kan a wofi aman foforo so reyɛ kasasua sukuu

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 16]

Ɔkɔre: © Brian K. Wheeler/VIREO