“Yehowa Ne Gideon Nkrante!”
“Yehowa Ne Gideon Nkrante!”
WƆDƆƆSO sɛ mmɛbɛ a wɔrewe mfuw so nnɔbae nyinaa sɛe no. Ɛyɛ bere a atemmufo no di Israel so tumi a ɔmanfo no abam abu. Nea akɔ so mfe ason ne sɛ, bere a afum nnɔbae ahyɛ ase refifi pɛ na Midianfo, Amalekfo ne Apueifo nnipadɔm a wɔtete yoma so abɛtew agu asase no so. Dɔm yi ma wɔn nguankuw trɛw fa asase no so kɔhwehwɛ adidibea, ma wɔwe nhabammono nyinaa. Nanso Israelfo nni mfurum nni anantwinini anaa nguanten. Midianfo atirimɔden nhyɛso no mu kɔ so yɛ den ara ma afei nea Israelfo ahiafo yi tumi yɛ ara ne sɛ wɔbɛkora wɔn nnɔbae wɔ mmepɔw ase, abodan ne mmeae a ɛwɔ nsumae mu.
Dɛn nti na tebea a ɛhaw adwene yi aba? Ɛne sɛ Israel awae afi nokware som ho resom abosom. Ɛno nti na Yehowa nso agyaw wɔn ama nhyɛsofo. Bere a afei Israelfo no gye wɔn ho a ɛnnye no, wosu frɛ Yehowa. Obetie wɔn anaa? Nea Israel hui yi kyerɛ dɛn ma yɛn?—Atemmufo 6:1-6.
Okuafo a Osuro Ne Ho Anaa “Dɔmmarima”?
Na Israel akuafo taa de teaseɛnam a nantwinini twe porow awi wɔ baabi a ɛhɔ bae a mframa tumi huw ntɛtɛ no fi awi no so. Nanso esiane sɛ nnipadɔm a wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛfom asase no so nneɛma nyinaa wɔ hɔ nti, na ɛrenyɛ papa sɛ wɔbɛporow awi wɔ petee mu. Enti Gideon porow awi wɔ nsa-kyi-amoa bi a wɔatwa wɔ ɔbotan bi mu—baabi a Midianfo renhu no. (Atemmufo 6:11) Ɛhɔ de awi kakraa bi na obetumi de abaa aporow. Sɛnea tebea no te no, Gideon rebɔ ne ho mmɔden biara sɛnea obetumi.
Susuw sɛnea Gideon ho dwiriw no bere a Yehowa bɔfo yi ne ho adi ka kyerɛ no sɛ: “[Yehowa, NW] di w’akyi, wo dɔmmarima.” (Atemmufo 6:12) Gideon hwɛ ne ho, sɛnea wakosie nsa-kyi-amoa mu reporow awi a, ɔnte nka sɛ ɔyɛ dɔmmarima. Nanso asɛm yi kyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ Gideon mu ahotoso sɛ obetumi adi Israel anim sɛ dɔmmarima. Eyi mu mpo no, na ɔno ankasa nnye ne ho nni.
Bere a Yehowa hyɛɛ no sɛ ‘onkogye Israel mfi Midian nsam’ no, Gideon de ahobrɛase kaa sɛ: ‘Wo kyɛw ni, Yehowa, dɛn na mede megye Israel? Hwɛ, m’asafo sua koraa Manase mu, na me nso, mene akumaa m’agya fie.’ Gideon a osuro ne ho no hwehwɛ sɛnkyerɛnne a ɛbɛma wahu sɛ Onyankopɔn bedi n’akyi ma wadi Midian so nkonim. Yehowa pene so sɛ ɔbɛma Gideon awerɛhyem a ohia no. Enti Gideon siesie aduan si ɔbɔfo a wabɛsra no yi anim, na ogya fi ɔbotan no mu bɛhyew ayɛyɛde no. Yehowa dwudwoo Gideon koma wiei no, Gideon sii afɔremuka wɔ saa beae no.—Atemmufo 6:12-24.
‘Baal Ne No Nni’
Ɛnyɛ Midianfo nhyɛso no na na ɛyɛ Israelfo haw kɛse, na mmom ɛyɛ Israelfo ho a wɔde akɔhyɛ Baal som mu no. Yehowa yɛ “Onyankopɔn ninkufo,” a obiara ntumi nsom no yiye bere a ɔresɔre anyame foforo no. (Exodus 34:14) Enti Yehowa hyɛ Gideon sɛ ɔnsɛe n’agya afɔremuka a wasi ama Baal no na ontwitwa Asera dua no mu. Esiane sɛ Gideon suro nea ne papa ne nnipa afoforo bɛyɛ nti, ɔne ne nkoa du di saa dwuma yi anadwo.
Ahwɛyiye a Gideon yɛ no fata efisɛ bere a Baal asomfo no huu “abususɛm” yi no, wɔhwehwɛe Atemmufo 6:25-32.
sɛ wokum Gideon. Nanso Gideon papa Yoas de nsɛm a emu da hɔ kyerɛkyerɛ nnipa no mu sɛ, sɛ Baal yɛ Onyankopɔn ampa a, anka obetumi abɔ ɔno ara ne ho ban. Afei Yoas to ne ba yi edin a ɛfata sɛ Yerubaal, a ɛkyerɛ sɛ “Baal ne no nni.”—Onyankopɔn hyira n’asomfo a wɔde akokoduru gyina nokware som mu no bere nyinaa. Enti bere a Midianfo ne wɔn apamfo tu Israel asase so sa bio no, ‘Yehowa honhom si Gideon so.’ (Atemmufo 6:34) Yehowa honhom anaa n’adeyɛ tumi kanyan Gideon ma ɔboaboa asraafo dɔm ano fi Manase, Aser, Sebulon ne Naftali mmusuakuw mu.—Atemmufo 6:35.
Ahosiesie
Ɛwom sɛ seesei Gideon anya asraafo a wɔn ano si 32,000 de, nanso obisa Nyankopɔn hɔ sɛnkyerɛnne bi. Sɛ obosu fɔw oguan nhwi a ɔde bɛhata awiporowbea hɔ na fam hɔ nyinaa yɛ wosee a, ɔnam eyi so behu sɛ Onyankopɔn bɛfa ne so agye Israel. Yehowa yɛ saa anwonwade yi. Afei nea ɛbɛyɛ na Gideon adwene asi pi no, ɔsrɛ sɛ Yehowa nsesa sɛnkyerɛnne no—fam hɔ mfɔw na oguan nhwi no nko nyɛ wosee. Yehowa yɛ eyi nso. Gideon reyɛ ahwɛyiye mmoroso anaa? Ɛda adi sɛ ɛnte saa efisɛ Yehowa tie no ma no awerɛhyem. (Atemmufo 6:36-40) Yɛnhwɛ anwonwade a ɛte saa bi kwan nnɛ. Nanso yebetumi anya Yehowa hɔ akwankyerɛ ne awerɛhyem afi N’asɛm no mu.
Afei Onyankopɔn kyerɛ sɛ Gideon asraafo no dɔɔso dodo. Sɛ wɔde dɔm kɛse saa di atamfo no so a, anhwɛ a Israelfo no de bɛbɔ wɔn ho mmrane. Nanso ɛsɛ sɛ Yehowa na wɔde nkonimdi a wɔrebedi no ho anuonyam ma no. Wɔyɛ no dɛn a na ɛbɛyɛ yiye? Gideon de Mose mmara no yɛ adwuma sɛ, ahufo nyinaa nsan wɔn akyi. Ɛhɔ na ne mmarima no mu 22,000 san wɔn akyi ma ɛka 10,000 pɛ.—Deuteronomium 20:8; Atemmufo 7:2, 3.
Onyankopɔn ani so no, nnipa a aka no da so ara dɔɔso. Ɔka kyerɛ Gideon sɛ ɔmma wonsian nkɔ asu no ho. Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus kyerɛ sɛ Onyankopɔn maa Gideon asraafo dɔm too santen kɔɔ asubɔnten ho awia ketee. Sɛnea ɛte biara no, Gideon hwɛ ɔkwan a mmarima no fa so nom nsu no. Wɔn mu 300 pɛ na wɔde wɔn nsa biako bɔ nsu no taforo bere a wɔn ani da hɔ rehwɛ atamfo kwan no. Nnipa 300 a wɔn ani da hɔ no nko ara na wɔne Gideon bɛkɔ. (Atemmufo 7:4-8) Fa no sɛ woka wɔn ho. Esiane sɛ mo atamfo no dodow si 135,000 nti, adwene a wubenya ara ne sɛ, sɛ nkonimdi betumi aba a, ɛremfi mo na ebefi Yehowa tumi nko ara!
Onyankopɔn ka kyerɛ Gideon sɛ ɔne ne somfo no nkɔhwehwɛ Midianfo nsraban mu. Ɛhɔ na Gideon te sɛ ɔbarima bi reka ne dae kyerɛ ne yɔnko bi, na ɔno nso kyerɛ dae no ase sɛ Onyankopɔn de Midianfo rebɛhyɛ Gideon Atemmufo 7:9-15.
nsa. Nea Gideon repɛ ate ara ni. N’adwene asi pi sɛ Yehowa bɛma ɔne ne mmarima 300 no adi nkonim wɔ Midianfo so.—Ɔkwan a Wɔbɛfa So Ako
Wɔkyɛ nnipa 300 no mu abiɛsa a asraafo 100 wɔ kuw biara mu. Wɔde torobɛnto ne kuruwa kɛse a hwee nni mu ma obiara. Wɔde gyatɛn sie kuruwa no mu. Gideon di kan hyɛ wɔn sɛ: ‘Monhwɛ me, na monyɛ sɛ meyɛ: Sɛ mehyɛn torobɛnto a, mo nso monhyɛn ntorobɛnto na monteɛm sɛ: Yehowa ne Gideon nkrante!’—Atemmufo 7:16-18, 20.
Israel asraafo 300 no yɛ nwaa kogyinagyina atamfo no nsraban no ano. Abɔ bɛyɛ anadwo nnɔndu—afei na wɔasesã awɛmfo no awie. Ɛrekame ayɛ sɛ eyi ne bere pa efisɛ na ebegye bere kakra ansa na awɛmfo foforo a wɔahyɛ adwuma ase no ani atumi ahu ade yiye wɔ sum no mu.
Ehu kɛse paa ka Midianfo no! Prɛko pɛ, nkuruwa 300 a ɛrebobɔ gyigye, wɔhyenhyɛn ntorobɛnto 300 na mmarima 300 teɛteɛm anadwo a wim atɛm dinn no. Bere a Midianfo te nteɛteɛm ‘Yehowa ne Gideon nkrante!’ no, wɔn ho dwiriw wɔn ma wɔn nso teɛteɛm gyegyeegye. Basabasayɛ no mu no, wontumi nhu nea ɔyɛ adamfo anaa ɔtamfo. Bere a Onyankopɔn ma atamfo no twe nkrante kunkum wɔn ho no, nnipa 300 no de, wogyina wɔn gyinabea hɔ ara. Wɔka dɔm no gu, siw kwan a wɔde beguan, na wotwa kwan tenten kɔkyere wɔn a aka no kunkum wɔn na Midianfo ammɛhaw wɔn bio. Afei de, atirimɔden nhyɛso a akɔ so bere tenten no aba awiei.—Atemmufo 7:19-25; 8:10-12, 28.
Nkonimdi yi akyi mpo no, Gideon da so ara brɛ ne ho ase. Efraim mmarima a wɔte nka sɛ Gideon amfrɛ wɔn ankɔ ɔsa no bi nti wabu wɔn animtiaa no de ɔham bɛtoa no nanso obua wɔn odwo mu. Ne mmuae bɔkɔɔ no ma wɔn bo dwo.—Atemmufo 8:1-3; Mmebusɛm 15:1.
Seesei a asomdwoe aba no, Israelfo no hyɛ Gideon nkuran sɛ onni wɔn so hene. Sɔhwɛ a emu yɛ den bɛn ni! Nanso Gideon po saa adwene no. Ne werɛ mfii onii a odii Midianfo no so nkonim no. Ɔka kyerɛ wɔn sɛ: “Me de, merenni mo so, na me ba nso nnni mo so, [Yehowa, NW] na onni mo so.”—Atemmufo 8:23.
Esiane sɛ Gideon tɔ sin nti, ɛnyɛ ne nsusuwii nyinaa na eye. Ɔde ɔko no mu asade no bi yɛ asɔfotade de kyerɛ wɔ ne kurom hɔ. Nea enti a ɔyɛ saa de, wɔankyerɛ. Kyerɛwtohɔ no kyerɛ sɛ Israel nyinaa fi ase di asɔfotade no akyi ‘aguamammɔ mu.’ Wɔsom no ma ɛbɛyɛ afiri ma Gideon ne ne fiefo mpo. Nanso ɔmmɛyɛɛ ɔbosonsonni ankasa efisɛ Kyerɛwnsɛm no ka ne ho asɛm sɛ ɔbarima a ɔwɔ Yehowa mu gyidi.—Atemmufo 8:27; Hebrifo 11:32-34.
Nea Yesua Fi Mu
Gideon ho asɛm yi yɛ kɔkɔbɔ ma yɛn na ɛhyɛ nkuran nso. Ɛbɔ yɛn kɔkɔ sɛ, sɛ yɛn asoɔden nti Yehowa yi ne honhom ne ne nhyira fi yɛn so a, honhom mu no yɛbɛyɛ te sɛ nnipa bi a ahia wɔn a wɔte asase a mmɛbɛ awe so nnɔbae nyinaa so. Yɛwɔ mmere a emu yɛ den mu ma enti ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi sɛ Yehowa nhyira ‘na ɛyɛ ɔdefo, na ɔmfa ɛyaw biara nka ho.’ (Mmebusɛm 10:22) ‘Koma mũ ne yɛn kra anisɔ a yɛde som Onyankopɔn’ nti na ohyira yɛn no. Sɛ yɛanyɛ saa a, ɔbɛtow yɛn akyene koraa.—1 Beresosɛm 28:9.
Gideon ho asɛm no betumi ahyɛ yɛn nkuran efisɛ ɛma emu da hɔ sɛ Yehowa betumi afa nnipa a wobu wɔn sɛ wɔyɛ mmerɛw anaa wonni ahoɔden mpo so agye ne nkurɔfo afi ɔhaw biara mu. Gideon ne ne mmarima 300 a wotumi dii Midianfo 135,000 so no di Onyankopɔn tumi a enni ano no ho adanse. Yebetumi akɔ ahoyeraw mu a ɛte sɛ nea yɛn atamfo abunkam yɛn so koraa. Nanso Gideon ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa yɛn ho nto Yehowa so na ɔno na obehyira wɔn a wonya ne mu gyidi nyinaa agye wɔn.