Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Obi a Ɛsɛ sɛ Wɔkae No

Obi a Ɛsɛ sɛ Wɔkae No

Obi a Ɛsɛ sɛ Wɔkae No

“Nnɛ wɔawo agyenkwa a ɔne Kristo no, Awurade ama mo.”—Luka 2:11.

BƐYƐ mfe mpem abien a atwam ni no, ɔbea bi a ofi Betlehem woo ɔbabarima bi. Kurom hɔfo kakraa bi pɛ na wohuu hia a saa awo no ho hia. Nanso nguanhwɛfo bi a na wɔne wɔn nguan wɔ sare so huu abɔfodɔm bi, na wɔtee sɛ wɔreto dwom bi sɛ: “Anuonyam wɔ sorosoro ma Onyankopɔn, na asomdwoe wɔ asase so, nnipa a wɔsɔ n’ani mu.”—Luka 2:8-14.

Enti nguanhwɛfo no kohuu Maria ne ne kunu Yosef wɔ mmoadan bi mu, sɛnea ɔbɔfo no kae no pɛpɛɛpɛ. Ná Maria a ɔtoo abofra no din Yesu no de no ato mmoa adididaka mu, wɔ mmoadan no mu. (Luka 1:31; 2:12) Afei, wɔ mfe mpem abien akyi no, adesamma mu fã kɛse no ara kyerɛ sɛ wɔyɛ Yesu Kristo akyidifo. Na nsɛm a esisii a ɛfa n’awo ho no abɛyɛ nea wogyina so nya asɛm ka sen biara wɔ adesamma abakɔsɛm mu.

Spain, ɔman a emufo dodow no ara yɛ Katolekfo a wɔpɛ afahyɛdi no, anya akwan horow pii a wɔfa so kae asɛm a esii saa anadwo titiriw wɔ Betlehem no.

Sɛnea Wodi Buronya Wɔ Spain

Efi afeha a ɛto so 13 mu no, ade titiriw biako a Spaniafo yɛ wɔ wɔn Buronyadi mu ne, Yesu awo ho Nneɛma. Mmusua pii yɛ mmoa adididaka a wɔde Yesu too mu no sɛso ketewaa bi. Wɔde dɔte yɛ nguanhwɛfo ne Nsoromma mu ahwɛfo (anaasɛ “ahemfo baasa”), ne Yosef, Maria, ne Yesu ahoni. Sɛ edu Buronya bere a, wɔtaa de Yesu Awo ho Nneɛma akɛseakɛse pii a wɔasen bi te sɛ nnipa kosisi baabi a ɛbɛn ɔman no nhyiam asa ahorow no. Ɛda adi sɛ Francis a ofi Assisi na ɔde saa adeyɛ yi baa Italy de twee nkurɔfo adwene kɔɔ Asɛmpa a ɛfa Yesu awo ho no so. Akyiri yi, Francis nkokorafo no ma ebegyee din wɔ Spain ne aman afoforo pii mu.

Nsoromma mu ahwɛfo no di Spaniafo Buronya afahyɛ ahorow no mu akoten, te sɛ nea wɔde Papa Buronya di dwuma wɔ aman afoforo so no. Wogye di sɛ mmofra a wɔwɔ Spain no nya akyɛde fi Nsoromma mu ahwɛfo no hɔ wɔ January 6 Día de Reyes (Ahemfo no Da), te sɛ nea nnipa pii gye di sɛ Nsoromma mu ahwɛfo de akyɛde kɔmaa akokoaa Yesu no. Nanso, nnipa kakraa bi na wonim sɛ Asɛmpa ho kyerɛwtohɔ no nka Nsoromma mu ahwɛfo dodow a wɔkɔsraa Yesu no ho asɛm. Sɛ́ anka wɔbɛkyerɛ sɛ wɔyɛ ahemfo no, wɔka wɔn ho asɛm pɛpɛɛpɛ sɛ nsoromma mu ahwɛfo. * Bio nso, bere a Nsoromma mu ahwɛfo no kɔsraa abofra no akyi no, Herode kum mmarimaa nyinaa a wɔwɔ Betlehem, fi “wɔn a wɔadi mfe abien ne wɔn a wonnya nnii” so, sɛnea ɛbɛyɛ a wobekum Yesu bi. Ɛno kyerɛ sɛ mmere bi twaam wɔ Yesu awo no akyi ansa na wɔrekɔ hɔ.—Mateo 2:11, 16.

Efi afeha a ɛto so 12 reba no, Spania nkurow bi yɛ Yesu awo ho ɔyɛkyerɛ ahorow kyerɛ ɔmanfo na nea ɛka ho ne nguanhwɛfo a wɔkɔɔ Betlehem ne Nsoromma mu ahwɛfo no. Nnansa yi, January 5 biara du a, Spania nkurow pii yɛ Cabalgata, anaasɛ agofomma a wogye nkurɔfo ani de kyin kurow no mu, saa bere no “ahemfo baasa” a wɔtete lɔre atenten mu to santen, kyekyɛ tɔfe ma wɔn a wɔrehwɛ nea ɛrekɔ so no. Wɔde Buronya ho nneɛma a ɛyɛ fɛ ne villancicos (Buronya nnwom) ma afahyɛ no yɛ anigye.

Spania mmusua dodow ara ani gye ho sɛ wobedi anwummeduan soronko bi (December 24) bere a ade rebɛkye ma wɔadi Buronya no. Nnuan a wodi no afahyɛ bere no bi ne turrón (nnɔkɔnnɔkɔwade bi a wɔde ɔsonkoran aba ne ɛwo yɛ), nnuaba a awo, oguanam a wɔahow ne po mu nam. Abusuafo a wɔn a wɔtete akyirikyiri mpo ka ho bɔ mmɔden behyiam hyɛ fã yi. Wɔ January 6 no, wodi afahyɛ no ho aduan foforo, saa bere no mmusua no di aduan bi a wɔfrɛ no roscón de reyes, ɛyɛ keeki nkuruwankuruwa bi a wɔayɛ “ahemfo baasa” no sorpresa (nketenkete) de ahyem. Na wɔyɛ amane a ɛte saa ara wɔ Romafo mmere no mu, na na ɛma akoa bi a onya keeki no fã bi a “ɔhene” biako hyɛ no di hene da koro.

“Afe no mu Bere a Ɛyɛ Anigye na Adagyew Nni Mu Koraa”

Ɛmfa ho sɛ amammerɛ ahorow anya nkɔanim no, Buronya abɛyɛ wiase no afahyɛ titiriw. The World Book Encyclopedia ka Buronya ho asɛm sɛ “afe no mu bere a ɛyɛ anigye na adagyew nni mu koraa ma Kristofo ne wɔn a wɔnyɛ Kristofo ɔpepem pii wɔ wiase nyinaa.” So mfaso bi wɔ afahyɛ a ɛte saa so?

Ɛda adi sɛ Kristo awo yɛ abakɔsɛm mu ade titiriw. Nokwasɛm a ɛne sɛ abɔfo kaa ho asɛm sɛ “asomdwoe wɔ asase so, nnipa a wɔsɔ n’ani mu” no kyerɛ saa.

Nanso, Spania sɛnkyerɛwfo Juan Arias kyerɛe sɛ: “Wɔ Kristosom mmere a edi kan mu no, na wonni Yesu Awo sɛ afahyɛ.” Sɛ saa na asɛm no te a, ɛnde na ɛhe na Buronya afahyɛ no fi bae? Ɔkwan pa bɛn na ɛsɛ sɛ wɔfa so kae Yesu awo ne n’asetra? Wubenya nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 8 La Sagrada Escritura—Texto y comentario por profesores de la Compañía de Jesús (Kyerɛw Kronkron—Nkyerɛwee no ne Nkyerɛkyerɛmu a Company of Jesus, Akyerɛkyerɛfo yɛe) kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, “Wɔ Persiafo, Mediafo, ne Kaldeafo mu no Nsoromma mu ahwɛfo no yɛ asɔfokuw a wodi ahonhonsɛm, wɔhwɛ nsoromma mu, na wɔyɛ nnuru.” Nanso, bere a eduu Mfinimfini Mfe no mu no, na wɔayɛ Nsoromma mu ahwɛfo a wɔkɔhwɛɛ abofra Yesu no ahotefo, na wɔtoo wɔn din sɛ Melchior, Gaspar, ne Balthasar. Wɔkyerɛ sɛ wɔde wɔn nnompe asie Cologne a ɛwɔ Germany asɔredan bi mu.