Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Krataa A Ɛsesaa M’asetra

Krataa A Ɛsesaa M’asetra

Asetram Nsɛm

Krataa A Ɛsesaa M’asetra

SƐNEA IRENE HOCHSTENBACH KA KYERƐE

Esii Benada anwummere wɔ afe 1972 mu. Na madi mfirihyia 16, na na me ne m’awofo akɔ nyamesom nhyiam bi wɔ Eindhoven, kurow bi a ɛwɔ Brabant mantam mu wɔ Netherlands. Na me ho yeraw me, na na me yam a anka mewɔ baabi foforo. Saa bere no na mmabaa baanu bi de krataa bi maa me a na ɛkenkan sɛ: “Adamfo pa Irene, ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛbɛboa wo.” Ná minnim sɛ saa krataa no bɛsesa m’asetra. Nanso, ansa na mɛka nea esii wɔ ɛno akyi no, ma menka baabi a mifi ho asɛm nkyerɛ wo.

WƆWOO me wɔ Indonesia supɔw Belitung so. Mekae supɔw a osu tɔ na owia bɔ kɛse wɔ hɔ no so nnyigyei no bi—sɛnea mframa wosow abɛ ma egyigye, sɛnea asubɔnten bi a ɛbɛn hɔ woro so nkakrankakra, mmofra a wodi agoru wɔ yɛn fie nkyɛn serew, ne nnwom a na yɛte wɔ yɛn fie no. Wɔ afe 1960 mu bere a na madi mfirihyia anan no, yɛn abusua no tu fii Indonesia kɔɔ Netherlands. Yɛde po so hyɛn twaa kwan tenteenten, na nnyigyei titiriw a mekae paa ne nea na abaduaba bi a m’ani gye ho a mede tuu kwan no yɛ no—obi a oyi aseresɛm a nkyene sisi n’anim. Bere a midii mfirihyia ason no, esiane yare bi nti m’aso siwii, na efi saa bere no mintumi nte nnyigyei biara a ɛkɔ so wɔ me nkyɛn bio. Nnyigyei a metee ansa na mereyare no nkutoo na mekae.

Bere a na Merenyin sɛ Ɔsotifo No

Esiane sɛnea m’awofo ne me dii no adɔe so nti, mfiase no, manhu aniberesɛm ankasa a na ɛwɔ ɔsotifo a meyɛ no mu. Bere a na meyɛ abofra no, na misusuw sɛ afiri kɛse a na ɛboa ma mete kasa no yɛ anigyede bi, ɛwom sɛ ammoa me ahe biara de. Nea ɛbɛyɛ na mpɔtam hɔ mmofra ne me adi nkɔmmɔ no, na wɔkyerɛw asɛm no nyinaa gu ban ho, ansa mabua wɔn, ɛwom sɛ na mintumi nte m’ankasa me kasa de.

Bere a minyinii no, mibehui sɛ meyɛ soronko koraa wɔ nnipa a me ne wɔn te no ho. Mifii ase nso hui sɛ na nnipa bi di me ho fɛw esiane m’aso a asiw no nti, wɔ mmere ko a na afoforo nso mpɛ sɛ wɔne me bɔ no. Mifii ase tee nka sɛ mayɛ ankonam. Mifii ase tee nea ɔsotifo a meyɛ no kyerɛ ase, na dodow a minyinii no, dodow no ara na misuroo nnipa a wɔte kasa no.

Nea ɛbɛyɛ na matumi akɔ sukuu soronko a asotifo kɔ no, m’awofo maa abusua no nyinaa tu fii akuraa bi a ɛwɔ Limburg mantam mu kɔɔ Eindhoven kurow mu. Ɛhɔ no, me papa hwehwɛɛ adwuma, na me nuabarima ne me nnuabeanom kɔɔ sukuu foforo. M’ani sɔ nsakrae a me nti wɔyɛe no nyinaa. Wɔ sukuu no, wɔkyerɛɛ me sɛnea metumi adi me nne so ne sɛnea mɛkasa ma emu ada hɔ yiye. Na ɛwom sɛ akyerɛkyerɛfo no amfa mum kasa ankyerɛ me ade de, nanso me mfɛfo sukuufo no kyerɛɛ me ma metee mum kasa.

Me Tebea no Mu Asetra

Bere a minyinii no, m’awofo bɔɔ mmɔden kɛse sɛ wɔne me bɛbɔ nkɔmmɔ, nanso nneɛma pii wɔ hɔ a mante ase. Sɛ nhwɛso no, mante ase sɛ na m’awofo ne Yehowa Adansefo resua Bible no. Nanso, mekae sɛ da bi yɛn abusua no kɔɔ beae bi a na nnipa pii tete nkongua so. Na wɔn nyinaa hwɛ wɔn anim, na ɛtɔ mmere bi a na wɔabɔ wɔn nsam, na na wɔsɔre gyina hɔ nso—nanso na minnim nea enti a nkurɔfo yi yɛɛ saa nneɛma yi nyinaa. Akyiri yi koraa na mibehui sɛ sɛɛ mekɔɔ Yehowa Adansefo ɔmantam nhyiam bi. Na m’awofo nso de me kɔ asa ketewa bi so wɔ Eindhoven kurow no mu. Minyaa abotɔyam wɔ hɔ a na mekɔ no mu efisɛ na obiara da ayamye adi, na na ɛte sɛ nea m’awofo ani gye, nanso na minnim nea enti a yɛkɔ hɔ bere nyinaa no. Mprempren de minim sɛ na asa ketewa no yɛ Yehowa Adansefo Ahenni Asa.

Awerɛhosɛm ne sɛ, na obiara nni saa nhyiam ahorow yi ase a ɔbɛkyerɛkyerɛ dwumadi no mu akyerɛ me. Afei mahu sɛ na wɔn a wɔba ase no pɛ sɛ wɔboa me nanso na wonnim ɔkwan a wɔbɛfa so adi m’asotiw no ho dwuma. Metee nka sɛ na wɔagyaw me wɔ saa nhyiam ahorow no ase, ‘na me yam a na anka mewɔ sukuu mmom.’ Nanso, bere a na meresusuw saa nneɛma yi ho no ara pɛ na mmabaa baanu no kyerɛw biribi wɔ krataa so de maa me no. Ɛno ne krataa a mekaa ho asɛm mfiase no. Na minni adwene biara sɛ saa krataa yi na ɛbɛma manya adamfofa a ɛsom bo a na ebeyi me afi ankonamyɛ tebea no mu no.

Adamfofa a Ɛsom Bo a Minyae

Ná Colette ne Hermine a wɔde krataa no brɛɛ me no wɔ wɔn mfirihyia 20 mfiase mu. Akyiri yi, mibehui sɛ na wɔaba Yehowa Adansefo asafo a na mekɔ nhyiam wɔ mu no rebɛsom sɛ daa akwampaefo, anaa bere nyinaa asomfo. Ɛwom sɛ na Colette ne Hermine nnim mum kasa ankasa de, nanso sɛ wɔrekasa a, na mitumi hwɛ wɔn ano hu nea wɔreka, na saa kwan yi so na yɛfa bɔɔ nkɔmmɔ yiye.

Bere a Colette ne Hermine bisaa hokwan fii m’awofo hɔ sɛ wɔne me besua Bible no, wɔn ani gyei, nanso mmabaa yi yɛɛ nea ɛsen saa. Wɔbɔɔ mmɔden kɛse sɛ wɔbɛkyerɛ nea wɔka wɔ Ahenni Asa so no ase akyerɛ me na wɔama me ne afoforo a wɔwɔ asafo no mu abɔ fekuw. Wɔne me bobɔɔ Bible mu nsɛm a wɔka kyerɛ so sɛnea ɛbɛyɛ a mede bedi dwuma wɔ asɛnka mu, na wɔboaa me nso ma misuaa kasa ahorow a mɛma wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu mu no. Wode susuw ho hwɛ, afei na mitumi nya akokoduru gyina nnipa a wɔte kasa anim ma ɔkasa!

Afei nso, Colette ne Hermine maa metee nka sɛ metumi anya wɔn mu ahotoso. Na wɔwɔ abotare, na wotiee me. Ɛwom sɛ na yɛtaa serew wɔ mfomso ahorow a midi ho de, nanso wɔanni me ho fɛw da; na saa ara nso na me ho anyɛ wɔn aniwu sɛ wɔne me bɛbɔ. Wɔbɔɔ mmɔden tee m’ase na wɔne me dii sɛ wɔn tipɛn. Mmeawa a wɔwɔ ayamye yi maa me akyɛde bi a ɛyɛ fɛ—wɔn dɔ ne wɔn adamfofa.

Nea ehia sen biara no, Colotte ne Hermine kyerɛkyerɛɛ me sɛ ɛsɛ sɛ mihu yɛn Nyankopɔn, Yehowa, sɛ adamfo a metumi de me ho ato no so. Wɔka kyerɛɛ me sɛ Yehowa ahu me sɛ mete Ahenni Asa so, na ɔte me haw ase sɛ ɔsotifo. Hwɛ anisɔ a manya sɛ ɔdɔ a yɛn baasa wɔ ma Yehowa no maa yɛfaa nnamfo! Sɛnea Yehowa dwen me ho no kaa me yiye, na ɔdɔ a mewɔ ma no no maa mede nsu mu asubɔ yɛɛ m’ahosohyira ho sɛnkyerɛnne wɔ July 1975 mu.

Adamfo Titiriw Bi a Me Ne No Abɔ

Mfe a edii hɔ no, mibehuu Kristofo anuanom mmarima ne mmea pii. Onua biako bɛyɛɛ m’adamfo paa, na yɛwaree wɔ afe 1980 mu. Ɛno akyi bere tiaa bi no, mebɛyɛɛ ɔkwampaefo, na wɔ afe 1994 mu no, wɔpaw me ne me kunu Harry sɛ yɛnkɔsom sɛ akwampaefo atitiriw wɔ wɔn a wɔka Netherlands Mum Kasa mu. Afe a edi hɔ no, mihyiaa dwumadi bi a na ɛyɛ den. Na ɛsɛ sɛ me ne me kunu a ɔte kasa no kɔsom sɛ ɔmansin sohwɛfo nanmusini wɔ asafo ahorow mu.

Saa kwan yi so na mefa di ho dwuma. Sɛ yɛkɔ asafo bi mu nea edi kan a, mekɔ anuanom mmarima ne mmea pii nkyɛn ntɛm ara kɔda me ho adi kyerɛ wɔn. Meka kyerɛ wɔn sɛ meyɛ ɔsotifo, na meka kyerɛ wɔn sɛ sɛ wɔrekasa akyerɛ me a wɔnhwɛ me na wɔnkasa brɛoo. Mebɔ mmɔden nso sɛ mɛma mmuae ntɛm ara wɔ asafo nhyiam ahorow ase. Na mibisa sɛ ebia obi wɔ hɔ a ɔpɛ sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ nsɛm mu akyerɛ me wɔ asafo nhyiam ahorow ase ne asɛnka mu anaa.

Saa kwan yi yɛ adwuma yiye araa ma ɛtɔ mmere bi a, me nuanom mmarima ne mmea no werɛ fi sɛ m’aso asiw, ma ɛkowie aseresɛm mu. Sɛ nhwɛso no, wɔka kyerɛ me sɛ sɛ wohu me wɔ kurom a, wɔbɔ wɔn kar abɛn sɛ wɔde rekyia me, nanso mennye so. Ɛtɔ mmere bi a me nso me werɛ fi me sintɔ ahorow—te sɛ bere a mebɔ mmɔden sɛ mɛka kokoam asɛm bi agu me kunu asom. Sɛ mihu sɛ wanyinya n’anim mpofirim a, mihu sɛ na “asomsɛm” no akɔ soro dodo.

Mmofra boa wɔ akwan a menhwɛ kwan so. Bere a yɛkɔɔ asafo bi mu nea edi kan no, na abarimaa bi a wadi mfirihyia akron ahu sɛ ebinom a wɔwɔ Ahenni Asa no so mpɛ sɛ wɔne me bɛkasa, na osii gyinae sɛ ɔbɛyɛ ho biribi. Ɔbaa me nkyɛn besoo me nsa, de me kɔɔ Ahenni Asa no mfinimfini, na ɔteɛɛm denneennen sɛ, “Momma memfa Irene nkyerɛ mo—ɔyɛ ɔsotifo!” Wɔn a na wɔwɔ hɔ no baa me nkyɛn bɛdaa wɔn ho adi kyerɛɛ me.

Bere a me ne me kunu nam ɔmansin adwuma no mu no, migu so renya nnamfo pii. Hwɛ sɛnea m’asetra ayɛ soronko nnɛ fi mfe a na mete nka sɛ meyɛ ankonam no ho! Efi saa anwummere a Colette ne Hermine de saa krataa ketewa no hyɛɛ me nsam no, mahu tumi a adamfofa wɔ na mahyia nnipa a wɔbɛyɛɛ nnipa atitiriw maa me. Nea ɛsen ne nyinaa no, mabehu Yehowa, Adamfo a ɔsom bo sen biara no. (Romafo 8:38, 39) Hwɛ sɛnea krataa ketewa no sesaa m’asetra!

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Mekae abaduaba a na m’ani gye ho paa no nnyigyei

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 25]

Wɔ asɛnka mu ne me ne me kunu Harry