Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NSASE NE NNIPA

Honduras Nsrahwɛ

Honduras Nsrahwɛ

HONDURAS kyerɛ “Ebun” wɔ Spania kasa mu. Ɛbɛyɛ sɛ Christopher Columbus na ɔde saa din no too nsuo a ɛwɔ Atlantic Mpoano no. Ebinom se saa na ɛyɛe a Honduras nyaa ne din.

Hondurasfo mfa wɔn abusua nni agorɔ. Enti sɛ ɛba biribi te sɛ abusua no sikasɛm anaa nkwadaa no sukuukɔ a, okunu ne ɔyere nyinaa na wɔbom si gyinae.

Hondurasfo pii ase fi Europa, na ebinom nso yɛ kurommafo mapa a ahɔho mogya nni wɔn mu. Wɔn mu bi ne Chortífo. Nanso Garifunafo deɛ, wɔkyerɛ sɛ wɔn ase fi baabi foforo.

Garifunani a ɔrebɔ twene

Garifunafo bi nananom yɛ Afrikafo, na ebinom nso yɛ Carib Indiafo a na wɔte St. Vincent supɔw so. Bɛyɛ afe 1797 mu na Garifunafo bɛtenaa Islas de la Bahía (Bay nsupɔw so). Akyiri yi wɔbɛtenaa Caribbean Mpoano wɔ Central America. Afei Garifunafo hyetaa Central America ne North America nkurow pii so.

Garifunafo taa bɔ twene di asa. Wɔpɛ ntade a ani hyɛnhyɛn, na wɔtaa to anansesɛm. Aduane baako a wɔnni ho agorɔ ne ereba. Wɔde bankye to no tratra te sɛ abodoo.

Yehowa Adansefo asafo bɛyɛ 400 na ɛwɔ Honduras. Wɔyɛ adesua wɔ Spanish, Borɔfo, Garifuna, Honduras Mum Kasa, Mandarin Chinese, ne Miskito kasa mu.

Ereba yɛ abodoo a wɔde bankye yɛ