NSASE NE NNIPA
Uzbekistan Nsrahwɛ
EDIN pii na wɔde ama baabi a ɛnnɛ wɔfrɛ hɔ Uzbekistan anaa “Uzbekfo Asase” no. Edin no bi ne Transoxania, Asase a ɛda Nsubɔnten Ntam, Tartary, ne Turkistan. Bɛyɛ mfe 600 a atwam no, na adwadifoɔ di Uzbekistan akɔneaba. Na kwantempɔn bi a ɛde Silk Road fi China bɛtwam fa hɔ kɔ Mediterranea mpoano. Adeɛ baako a nnipa de nim Uzbekistan paa ne asaawa. Wɔdua no kɛse wɔ saa man no mu. Wɔde asaawa, nnwan nwi, ne sirikyi yɛ kapɛt fɛfɛ tɔn.
Sɛ yɛhwɛ abakɔsɛm mu a, yɛhu sɛ ɛfi tete nyinaa nnipa ahorow ahorow ne Uzbekistanfo adi nsawɔsoɔ. Tete no, na asraafo akukudam ne wɔn asahene taa fa Uzbekistan mmepɔ ne anweatam so kɔdi ako. Wɔn mu bi ne Alexander Ɔkɛseɛ. Uzbekistan na Alexander hyiaa ne dɔfo Roxane. Genghis Khan a ɔfi Mongolia ne Timur (a wɔsan frɛ no Tamerlane) a ɔdii tumi kɛse wɔ mpɔtam hɔ nyinaa ho nsɛm wɔ Uzbekistanfo abakɔsɛm mu.
Ɛhɔfo ntadeɛ
Sɛ wokɔ Uzbekistan nkuro akɛse mu a, adeɛ baako a w’ani bɔ so ntɛm ne wɔn adan akɛse a wɔaka soro no bruu. Wɔde adan yi pii ayɛ sukuu.
Silk Road. Wei yɛ kwantempɔn a ne fã bi bɛfa Uzbekistan, na na ɛdi akoten paa wɔ adwadie mu saa bere no. Na kwan yi wɔ hɔ ansa na Kristo reba asase so, na na amanfoɔ taa fa so kɔsii sɛ adwadifoɔ fii aseɛ de wɔn nneɛma faa po so kɔɔ India bɛyɛ mfe 600 ni.
Wɔreyɛ kapɛt
Aral Po. Kan no na ɛno ne tadeɛ a ɛtɔ so nan a ɛso paa wɔ wiase nyinaa. Nanso seesei we ara na ɛrewe, efisɛ akuafo de nsuo no yɛ wɔn mfuo. Seesei Asia aman bi ne Uzbekistan rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ tebea no ho biribi.
Uzbekistanfo nkyerɛwde. Ansa na nkramosom rema ne homene so wɔ Uzbekistan bɛyɛ mfe 1,200 ni no, na nnipa ka kasa ahorow pii wɔ hɔ. Nanso akyiri yi, Arabik kasa na na ɛdi akoten wɔ hɔ. Nanso bere a ɔman no de ne ho kɔfam Soviet Union no, wɔfii aseɛ de Latin nkyerɛwde yɛɛ adwuma, na 1930 akyi hɔ baabi no, wɔde Cyrillic nkyerɛwde bɛsii ananmu. Nanso 1993 mu no, ɔman no yɛɛ mmara foforo bi, na wɔfii aseɛ de Uzbekistan nkyerɛwde foforo yɛɛ adwuma. Wɔde Latin nkyerɛwde na ɛyɛeɛ.
Nnuaba a wɔahata retɔn wɔ dwam