Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wiase Nsɛm

Wiase Nsɛm

Wiase Nyinaa

Wiase Nyinaa Apɔwmuden Asoɛe (WHO), kyerɛ sɛ, mmea a wɔyɛ wɔn awurukadeɛ “akɔfa apɔwmuden ho nsɛmnsɛm pii aba wiase baabiara, na ɛreyɛ kɛse mpo.” Asoɛe no kyerɛ sɛ, “Mmea a ɛwɔ wiase nyinaa, sɛ woyi 100 a, emu 35 deɛ, wɔn kununom anaa nnipa foforo bɛyɛ wɔn awurukadeɛ. Wohwɛ mu a, mmea a wɔn kununom yɛ wɔn awurukadeɛ dɔɔso sen ne nyinaa . . . ; wɔn dodow yɛ 100 mu 30 wɔ wiase nyinaa.”

Britain

Wɔbisabisaa nnipa 64,303 nsɛm. Ɔha mu 79 adwene yɛ wɔn sɛ “nyamesom ka ho bi na amanehunu ne akokoakoko rekɔ so wiase saa.” Afei nso ɛbɛtɔɔ gua sɛ afe 2001 mu no, England ne Walesfo 100 mu 72 na na wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo, nanso ɛduruu afe 2011 no, na ɛso atew aba 100 mu 59. Saa bere no ara nso, wɔn a wɔkae sɛ wɔne nyamesom nni hwee yɛ no dodow kɔɔ soro fi 100 mu 15 kɔsii 100 mu 25.

China

TV ne koowaa nkrataa bɔ amanneɛ sɛ, China aban ahyɛ mmara foforo nnansa yi sɛ ɛyɛ a nkwadaa nkɔsra wɔn awofo a wɔrebɔ nkwakoraa ne mmerewa no ntɛmntɛm na wɔnhwɛ mma wɔn awofo “ani nnye.” Sɛ akwadaa bi anni so a, mmara no “nkyerɛ asotwe a yɛmfa mma no.”

Europe

Amammɔfo bi aka wɔn ho abom, ɛnna nneɛma a yɛde yɛ yɛn ho daa te sɛ nku ne lafenta, dɛtɔ, ne ne nkekaho no, wɔreyɛ bi fra mu; aduan mpo, wɔyɛ bi fra. Adwumakuw a ɛbɔ aduan ho ban no panyin kae sɛ: “Adeɛ ketewa biara a wotɔn a ɛyɛ yiye no, wɔbɛfa kwan bi so ayɛ bi afra.” Onimdefo bi kae sɛ, aman a anya nkɔso mu mpo, ɔde n’ani bu a, nnuan ho nneɛma a nkurɔfo tɔ no, woyi 100 biara a, emu 10 deɛ, yɛafra mu.