Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Babunbere mu Anigye ne Nsɛnnennen

Babunbere mu Anigye ne Nsɛnnennen

Babunbere mu Anigye ne Nsɛnnennen

BABUNBERE betumi ayɛ anigye bere wɔ asetra mu. Ɛte saa ampa wɔ mmabun pii fam. Mpanyimfo pii kae wɔn babunbere ma wɔn ani gye.

Bere koro no ara mu no, ɛsɛ sɛ yehu sɛ yɛte “mmere a emu yɛ den” mu. (2 Timoteo 3:1) Eyi ama mmabun ahyia nhyɛso a ɛyɛ soronko koraa wɔ nea awo ntoatoaso a atwam no hyiae no ho. Gyama eyi nti na Sabrina Solin Weill a ɔyɛ nsɛmma nhoma bi a ɛka mmabun ho nsɛm samufo no de nea ɔbabun fa mu totoo obi a ɔnam ahama teaa bi so wɔ wim nanso obiara nnyina ase a sɛ ɛba sɛ ɔtew fi soro reba fam a, ɔbɛsɔ no ho no. Nokwarem no, wɔ babunbere a emu yɛ den yi mu no, wubetumi ate nka sɛ nneɛma nkɔ yiye, woahaw na w’adwene atu afra. Weill kyerɛw sɛ: “Sɛ obi du bere a ɔnyɛ abofra na nso ɔnyɛ ɔpanyin yi mu a, ohyia nsɛnnennen a mmofra ne mpanyimfo nyinaa hyia bi no kɛse.”

Sɛ woyɛ ɔbabun a, wobɛyɛ dɛn atumi agyina ɔhaw ahorow a wuhyia no ano? Sɛ woyɛ ɔwofo a wo ba adu babunbere so a, dɛn na ebetumi aboa wo ama woakae sɛnea na nneɛma mu yɛ den bere a na woyɛ ɔbabun no, na ama woate nea wo babarima anaa wo babea refa mu no ase yiye? Wɔ nsɛm a edidi so yi mu no, yɛsrɛ mmabun ne mpanyimfo nyinaa sɛ wɔnhwehwɛ nsɛm a ɛfa babunbere ho no mu yiye. Saa a wɔbɛyɛ no bɛboa mmabun ama wɔagyina ɔhaw a wohyia no ano, na asi wɔn yiye nso.—g04 7/8.