Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Woguan Fii Nsuyiri Mu!

Woguan Fii Nsuyiri Mu!

Woguan Fii Nsuyiri Mu!

Efi Nyan! kyerɛwfo a ɔwɔ Switzerland hɔ

WƆ October 2000 mu no, yɛtee nsu a eyirii wɔ wiase mmeae mmeae ho amanneɛbɔ pii. Osu tɔɔ kɛse maa mmepɔw bi dwiriw gui, na ɛsoaa nneɛma a abubu pii ne nnua mpo kɔe!

Atoyerɛnkyɛm a ɛte saa sii Valais mantam a ɛwɔ Switzerland man no anafo fam. Rhône asubɔnten no tene fi Central Alps mmepɔw no mu fa asase no mfinimfini twa akwansin bɛyɛ 100 kogu Ɔtare Geneva mu. Nsuwansuwa a efi mmepɔw a ɛwɔ afanu no nyinaa tene bɛbɔ asubɔnten no mu. Eyi taa kɔ so kama, nanso sɛ osu tɔ pii ma ebu fa saa asase no so a, amanehunu na ɛde ba.

Eyi bi sii wɔ Gondo, akuraa a ɛbɛn Italy hye so a nnipa 150 te mu no. Nsusuan kɛse bi piaa atɛkyɛ ne abo pii betwiw faa hɔ sɛee akuraa yi fã kɛse. Osu kɛse a ɛtɔe no yiri faa mmeae foforo wɔ Valais. Kar ne keteke akwan sisiwii na atɛkyɛ ne abo pia koguu afie pii mu. Na atɛkyɛ a asum akogu mmeae bi no reyɛ adu dan atifi. Ɔbaa baako huu atɛkyɛ a aboa ano a ɛte sɛ abansoro tenteenten bi no sɛ ɛrepia abo akɛse ne nnua de reba n’akuraa hɔ!

Bere a atoyerɛnkyɛm no sii no, na Markus ne ne yere Tabitha te Mörel kurow no mu. Markus kyerɛ mu sɛ: “Dede bi a ano yɛ den a ɛmaa dan no wosowee nyanee yɛn bɛyɛ anɔpa nnɔnsia. Mefaa tɔɔkye kanea puei sɛ merekɔhwɛ dekode, na nea mihui no maa me bɔɔ birim. Na abo akɛse a nsusuan no repia sen no asɛe adan ne atwene, na na ahim kar bi akɔbɔ dan bi a ɛbɛn hɔ mu. Na ɔyɔnko bi ne ne yere nso aka wɔn fie a wontumi mpue. Meboaa wɔn ma wɔfaa mpomma mu puei. Mesan baa fie no, me ne Tabitha boaboa yɛn nneɛma kakraa bi ano ntɛmntɛm.”

Markus ne Tabitha yɛ Yehowa Adansefo a woguan kɔɔ wɔn mfɛfo gyidifo bi nkyɛn wɔ baabi a atoyerɛnkyɛm no mmɛn. Markus ka sɛ: “Ɛwom sɛ yetumi guanee de, nanso nea esii no gyinagyinaa Tabitha ani so nna kakra.” Dɛn na ɛboaa Tabitha ma ogyinaa ahometesɛm yi ano? Obua sɛ: “Yɛn nuanom mmaa ne mmarima agyidifo no ayɔnkofa ne wɔn mmoa, ne afei dwene a mpɔtam hɔfo nso dwenee yɛn ho no.”

Nea ɛkɔɔ so no maa Markus ne Tabitha kaee Mmebusɛm 18:24 asɛm a ɛse, “Adamfo bi wɔ hɔ a ɔfam ne ho sen onua.” Sɛ atoyerɛnkyɛm bi si a, nnamfo a wɔte saa som bo yiye!

[Asase mfonini wɔ kratafa 18]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Baabi a asɛm no sii

Gondo

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Markus ne Tabitha

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 18]

Mise à disposition par www.crealp.ch