Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsakrae a Wɔhwehwɛ

Nsakrae a Wɔhwehwɛ

Nsakrae a Wɔhwehwɛ

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ GERMANY HƆ

Anna, ɔbea bi a wadi mfe 80 a ɔwɔ Germany de anibere kae sɛ: “Sɛ meyɛ abofra a, anka mɛhwɛ ma wɔasesa nneɛma!” Robert bisaa no sɛ: “Dɛn na anka wobɛsesa?” Anna buae sɛ: “Biribiara!”

NNIPA pii ne Anna bɛyɛ adwene. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe bɛboro mfe du ni wɔ Germany daa no adi sɛ, nnipa a wobisabisaa wɔn nsɛm no dodow no ara te nka sɛ asetra mu nsakrae kɛse bi ho hia. Ebia saa na ɛte wɔ ɔman a wote mu no.

Sɛ ɔmanfo pere hwehwɛ nsakrae wɔ asetra mu a, nea wɔtaa de hyɛ wɔn bɔ ne sɛ wɔbɛtoto nneɛma yiye. Ɔbenfo Frederick Hess a ɔyɛ nhomasua ne amammuisɛm ho kwankyerɛfo abadiakyiri no kyerɛw faa nsakrae a wɔyɛ wɔ nhomasua mu ho sɛ: “Nsakrae taa yɛ nnipa ani so ade bi a wɔyɛ de dwudwo ɔmanfo a wɔrepɛ nneɛma ntɛm no koma.” Yehu nhyehyɛe a wɔayɛ de sakra sikasɛm, ayaresa, kuayɛ ne mmara ho nsɛm wɔ atesɛm nkrataa mu. Yɛte nsakrae a wɔbɛyɛ wɔ nhomasua, asetra mu yiyedi ne asotwe a ɛsɛ sɛ wɔde ma abɔnefo ho nsɛm. * Yɛkenkan nso sɛ asɔrefo bi rehwehwɛ sɛ wɔyɛ nsakrae wɔ asɔre nkyerɛkyerɛ mu.

Nsakrae a Wɔde Toto Nea Ɛwɔ Hɔ Dedaw no Ho

Dɛn na ɛma wɔhwehwɛ nsakrae yi? Nnipa bɔ mmɔden bere nyinaa sɛ wɔbɛma wiase atu mpɔn denam abatow, ɛho ka kɛse a wɔbɔ, mmara a wɔhyɛ anaa atumfo nhyɛso so. Eyi fi ɔpɛ a emu yɛ den a nnipa wɔ sɛ wobenya wɔn ho wɔ asetra mu, ama wɔn mma adi yiye daakye, anaa wɔbɛma ɔmanfo anya adwene a wokura wɔ yiyedi, abrabɔ pa ne atɛntrenee ho akodu mpɛnpɛnso a wɔpɛ. Mpɛn dodow a nnipa repere pɛ akwan a wɔbɛfa so ade wɔn ho afi ɔhaw a wohyia wɔ nneɛma ho nimdeɛ a ɛsɛ a wonni, yare, ohia ne ɔkɔm ho no, wɔbɛkɔ so ara ahwehwɛ nsakrae.

Bere a nnipa pii pɛ nsakrae no, ebinom nso kura adwene foforo koraa wɔ asesɛwfo anaa nnipa a wɔpɛ sɛ wɔde nsakrae ba ne nea wɔrebɔ mmɔden ayɛ no ho. Ebinom pɛ sɛ wɔtra wɔn asetra dedaw no ara mu. Wobu asesɛwfo sɛ nnipa a wokura nsusuwii hunu a wɔpɛ sɛ wɔde nsakrae ba wiase nanso wonnim nea ɛrekɔ so ankasa. Handbuch der deutschen Reformbewegungen 1880-1933 (German Ɔsesɛw Dwumadi Ho Nhoma, 1880-1933) ka sɛ asesɛwfo yɛ “nnipa a wɔtaa kasa tia wɔn, yɛ wɔn ho mfonini de di wɔn ho fɛw, na wɔka nsɛm de toto wɔn ano.” Franseni agokyerɛwfo Molière kae bere bi sɛ: “Nea ɛyɛ agyimisɛm nyinaa mu kɛse ne sɛ obi bɛyɛ n’adwene sɛ ɔreyɛ wiase yiye.”

Wususuw ho dɛn? So ɔsesɛw betumi ama wiase ayɛ yiye? Anaa asesɛwfo nsusuwii yɛ adaeso ara kwa? Na ɔsesɛw a wɔyɛe bere a atwam no nso ɛ? So wɔn a wɔyɛe no duu wɔn botae ho? Yebesusuw eyinom ho wɔ nsɛm a edidi so yi mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ Sɛnea Nyan! atirimpɔw te no, “enni afã biara wɔ amammuisɛm mu.” Nea enti a yɛde ɔsesɛw mu nkyerɛkyerɛmu yi rema ne sɛ ɛbɛma akenkanfo ahu ade koro pɛ a ebetumi adi nnipa ahiade ho dwuma.