Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nkate Mu Yare Ano a Wogyina

Nkate Mu Yare Ano a Wogyina

Nkate Mu Yare Ano a Wogyina

NKATE mu yare abu so paa. Sɛ nhwɛso no, wobu akontaa sɛ wiase nyinaa no, nnipa bɛyɛ ɔpepem 330 na wɔwɔ adwenemhaw a emu yɛ den a ɛma wɔn werɛ tumi how kɛse na wɔn ani nnye biribiara a ɛkɔ so wɔ asetra mu no ho. Komayare akyi no, wobu akontaa sɛ wɔ mfe 20 ntam no, ɛno ne yare a nnipa dodow no ara benya. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔka sɛ “ɛyɛ yare a nnipa taa nya sen adwenemyare foforo biara.”

Nnansa yi mfe mu no, wɔabɔ adwenemyare a ɛma obi yɛ ade tra so ho dawuru sen bere biara. Nneɛma a ɛma wohu sɛ obi anya yare yi bi ne nkate mu nsakrae a ano yɛ den a ɛtɔ da a ɛma onya adwenemhaw, na bere foforo nso ɛma n’ani gye mmoroso. Nhoma foforo bi a Amerika Aduyɛ Fekuw no tintimii no ka sɛ: “Sɛ wunya adwenemhaw a, wo kɔn betumi adɔ sɛ wubedi wo ho dɔm. Sɛ adwenemyare ma wunya anigye mmoroso a, ebetumi aba sɛ worentumi nsisi gyinae pa, na worenhu sɛnea wo nneyɛe no haw afoforo no.”

Adwenemyare a ɛma obi yɛ ade tra so no ka nnipa a wɔwɔ United States no mu 100 biara mu 2, a ɛkyerɛ sɛ wɔ saa ɔman no nkutoo mu no, nnipa ɔpepem pii na wɔwɔ yare no bi. Nanso yentumi nnyina nnipa dodow a wɔwɔ yare no bi so nkyerɛ sɛnea yare no ano gyina yɛ den.

Adwenemhaw—Awerɛhowdi a Ɛhyɛ Obi So

Yɛn mu dodow no ara nim sɛnea sɛ awerɛhow hyɛ yɛn so a ɛte. Mmom ɛnkyɛ—ebia wɔ bere tiaa bi akyi no—na saa nkate no agyae. Nanso adwenemhaw mu yɛ den sen saa koraa. Ɔkwan bɛn so? Ɔbenfo Mitch Golant kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Yɛn a yenni adwenemhaw no nim sɛ nkate mu haw a yenya no ntra hɔ nkyɛ, nanso nea wanya adwenemhaw no tebea sakrasakra a onnim bere pɔtẽẽ ne ɔkwan a ɛbɛfa so agyae koraa.”

Adwenemhaw a emu yɛ den gu ahorow pii. Sɛ nhwɛso no, ebinom wɔ nea wɔfrɛ no SAD (awɔw bere mu adwenemhaw) a ɛtaa yi ne ho adi wɔ afe no mu bere pɔtẽẽ bi mu—titiriw awɔw bere mu. Nhoma bi a Ɔmanfo Aduyɛfo Fekuw tintimii no ka sɛ: “Nnipa a wɔwɔ SAD yare no kyerɛ sɛ sɛ wɔtra mmeae a awɔw wɔ paa ne mmeae a wim yɛ kusuu no a na wɔn yare no mu yɛ den. Wɔka sɛ sɛ edu awɔw bere a wim yɛ kusuu no a, na SAD yare no taa ba, nanso ɛtɔ da a, sum mu a obi bɛyɛ adwuma, wim tebea a etumi sakra yɛ kusuu bere a wɔnhwɛ kwan, ne obi ani a enhu ade yiye betumi ama ne yare no anyan.”

Dɛn na ɛma obi nya adwenemhaw a emu yɛ den? Ɛyɛ den sɛ wɔbɛkyerɛ. Wɔ nsɛm bi mu no, ɛte sɛ nea efi awosu mu nanso asetram nsɛm taa di mu akoten. Afei wɔahyɛ no nsow sɛ mmea nya adwenemhaw a emu yɛ den sen mmarima. * Nanso eyi nkyerɛ sɛ yare no ntumi mmarima. Nea ɛne no bɔ abira no, wobu akontaa sɛ mmarima 100 biara mu 5 kosi 12 benya adwenemhaw a emu yɛ den wɔ wɔn asetra bere bi mu.

Sɛ obi nya saa adwenemhaw yi bi a, ɛka n’asetra fã nyinaa. Obi a ɔwɔ yare no bi a wɔfrɛ no Sheila ka sɛ: “Ɛsɛe wo biribiara, na ɛde nkakrankakra sɛe w’ahotoso, sɛnea wubu wo ho, ne sɛnea wudwen nneɛma ho sisi gyinae horow. Afei sɛ yare no mu yɛ den a, ɛhyɛ wo so, na ɛsɔ wo boasetɔ nso hwɛ.”

Ɛtɔ mmere bi a, nea wanya yare no betumi aka sɛnea ɔte nka no ho asɛm akyerɛ obi a ɔbɛte no ase. (Hiob 10:1) Ne nyinaa mu no ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ, sɛ nipaduam ahoɔdennuru bi na ɛho aba asɛm ama obi anya adwenemhaw a, ne yare no ho adwempa a obenya kɛkɛ no remma onnya ayaresa. Nokwarem no, wɔ tebea a ɛte saa mu no, ɔyarefo no ankasa ntumi nyɛ adwenemhaw yi ho hwee. Bio nso, tebea no betumi ahaw abusuafo ne nnamfonom sɛnea ɛhaw ɔyarefo no ara.

Susuw Paula, * Kristoni bi a ogyinaa awerɛhow a emu yɛ den ano ansa na wɔrehu sɛ wanya adwenemhaw no ho hwɛ. Ɔka sɛ: “Ɛtɔ da na sɛ yɛpɔn Kristofo nhyiam a, mede mmirika kɔ me kar mu kosu a biribiara nyɛɛ me. Ná mete nka sɛ mayɛ ankonam na me werɛ ahow kɛkɛ. Ɛwom sɛ na mewɔ nnamfonom pii a wodwen me ho de, nanso na minhu.”

Biribi a ɛte saa ara too Ellen a adwenemhaw a onyae nti, na ɛsɛ sɛ wogye no to ayaresabea no. Ɔka sɛ: “Mewɔ mmabarima baanu ne wɔn yerenom baanu ne me kunu a minim sɛ wɔn nyinaa dɔ me paa.” Na anka ntease wom sɛ Ellen hu sɛ onni haw biara wɔ asetram, na ɔsom bo ma n’abusua nso. Nanso sɛ obi nya adwenemhaw a, adwemmɔne betumi ahyɛ no so.

Nea ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so ne nkɛntɛnso a obi adwenemhaw betumi anya wɔ abusuafo afoforo so no. Ɔbenfo Golant kyerɛw sɛ: “Sɛ wo dɔfo bi nya adwenemhaw a, bere nyinaa wunhu nea wonyɛ, na wunhu bere a ne ho bɛtɔ no ne bere a ne tebea bɛsakra ama emu ayɛ den. Sɛ ɛba saa a, wo werɛ betumi ahow paa—na wo bo betumi afuw wo ho mpo—sɛ nneɛma asesa saa a woyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye.”

Mpɛn pii no, sɛ ɔwofo bi nya adwenemhaw a, mmofra tumi hu. Ɔbenfo Golant kyerɛw sɛ: “Abofra a ne maame anya adwenemhaw no ma n’adwene kɔ sɛnea ne maame da ne nkate adi so paa, na ɔma n’ani kũ nneyɛe mu nsakrae biara a ne maame bɛda no adi no ho.” Oduruyɛfo Carol Watkins ka sɛ “ɛnyɛ den koraa sɛ abofra a ne maame anya adwenemhaw no asɛm bɛyɛ den, ontumi nsua ade yiye, na ontumi nka nkɔ n’atipɛnfo ho. Ɛnyɛ den koraa sɛ obetumi anya adwenemhaw no bi.”

Adwenemyare a Ɛma Obi Yɛ Ade Tra So—Ɛsakra Bere Nyinaa

Adwenemhaw a emu yɛ den yɛ ɔhaw kɛse ankasa. Nanso sɛ nkate mu yare a ɛma obi ani gye mmoroso bɛka ho a, wɔfrɛ no adwenemyare a ɛma obi yɛ ade tra so. * Obi a ɔwɔ saa adwenemyare no bi a wɔfrɛ no Lucia ka sɛ: “Nea wonim wɔ adwenemyare a ɛma obi yɛ ade tra so ho ara ne sɛ, ɛsakra bere nyinaa. The Harvard Mental Health Letter (Havard Adwenemyare Ho Krataa) kyerɛ sɛ, sɛ wɔn a wɔwɔ yare yi bi nya anigye mmoroso a, “etumi ma wɔyɛ asɛmpɛfo ne nhyɛsofo, na wɔn ahoyeraw no tumi sakra prɛko pɛ ma ɛdan abufuw.”

Lenore ka sɛnea ne yare no ma onyaa anigye mmoroso no ho asɛm sɛ: “Ɛmaa minyaa ahoɔden mmoroso. Ná nnipa pii frɛ me ɔbea-barima. Na na ebinom nso ka sɛ, ‘Merenya wo ayɛ.’ Mpɛn pii no, na mete nka sɛ mewɔ ahoɔden mmoroso a enti metumi ayɛ biribiara. Na meteɛteɛ m’apɔw mu ahoɔden so. Ná mintumi nna koraa—mada ara ne dɔnhwerew abien anaa abiɛsa—nanso na minya ahoɔden yɛ nneɛma pii. Sɛ meda sɔre a, mete nka sɛ m’ahoɔden so ntewee.”

Nanso bere bi akyi no, Lenore fii ase yɛɛ basaa. Ɔka sɛ, “sɛ m’ani gye mmoroso a, mete nka wɔ me mu sɛ me bo afuw denneennen te sɛ nea afiri bi reyɛ adwuma wɔ me mu a wontumi nnum no. Prɛko pɛ na me su asesa ma me bo afuw dennennen a meresɛe nneɛma. Sɛ ɛba saa a mitumi yeyaw me busuani bi kwa a ntease biara nnim. Me bo tumi fuw a wɔpata me a ɛmpata. Sɛ meyɛ ade bagyabagya saa wie a, prɛko pɛ na mabrɛ, na me werɛ ahow, na mayɛ basaa. Ɛma mete nka sɛ meyɛ otirimɔdenfo a me ho nni mfaso biara. Nanso me tebea no tumi sakra ma m’ani san gye bio te sɛ nea biribiara nsii.”

Sɛ obi nya adwenemhaw na ɔyɛ nneɛma ma ɛtra so a, ɛma n’abusuafo adwene tu fra. Mary a ne kunu wɔ saa adwenemhaw yi bi no ka sɛ: “Sɛ mihu sɛ me kunu ani agye na ɔne afoforo kasa, na afei mpofirim ara ɔbotow a ɔnka ne ho nkɔ afoforo ho a, etumi haw me yiye. Ɛyɛ den paa sɛ yebegye atom sɛ onni ne tebea no so tumi.”

Nanso mpɛn pii no, nneɛma tumi haw nea wanya yare no nso saa ara. Obi a ɔwɔ yare no bi a wɔfrɛ no Gloria ka sɛ: “M’ani bere nnipa a wotumi de anidahɔ yɛ wɔn nneɛma no. Ɛnyɛ bere nyinaa na wɔn a wɔwɔ adwenemyare a ɛma wɔyɛ nneɛma tra so no tumi de anidahɔ yɛ ade. Yɛn mu biara ani so nna hɔ.”

Dɛn na ɛde adwenemyare a ɛma wɔyɛ ade tra so no ba? Ebetumi afi awosu—biribi a ano yɛ den sen adwenemhaw ara kwa. Amerika Aduyɛ Fekuw no ka sɛ, “Sɛnea nyansahu mu nhwehwɛmu bi kyerɛ no, hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ nkurɔfo a wɔwɔ adwenemyare a ɛma wɔyɛ ade tra so no abusuafo a wɔbɛn paa, wɔn awofo, wɔn nuanom, anaa wɔn mma betumi anya yare no bi no yɛ wɔn a yare no bi nni wɔn abusua mu de no mmɔho 8 kosi 18. Bio nso, sɛ wo busuani a ɔbɛn wo paa wɔ yare no bi a ebetumi ama ayɛ mmerɛw sɛ wubenya adwenemhaw a emu yɛ den.”

Nea ɛne adwenemhaw bɔ abira no, adwenemyare a ɛma obi yɛ ade tra so no ka mmarima ne mmea nyinaa pɛ. Mpɛn pii no adwenemhaw fi ase bere a mmofra abɛyɛ mpanyimfo, nanso adwenemyare a ɛma wɔyɛ ade tra so no tumi ka mmofra binom nso. Nanso, ɛnyɛ mmerɛw sɛ obi a ɔwɔ aduyɛ mu nimdeɛ paa mpo bɛyɛ nhwehwɛmu ahu yare ko no pɔtẽẽ. Oduruyɛfo Francis Mark Mondimore a ɔwɔ Johns Hopkins Aduyɛ Ho Sukuupɔn mu no kyerɛw sɛ: “Adwenemyare a ɛma obi yɛ ade tra so no ka adwenemyare ahorow a etumi sakra sen biara no ho, na ɛsono sɛnea sɛ ayarefo no biara nya yare no a, wɔyɛ wɔn ade, na mpo ɛho sɛnkyerɛnne tumi sakra sakra wɔ ɔyarefo biako ho. Etumi hunahuna ɔyarefo no, na etumi ba no so mpofirim bere a wayɛ bosõõ no, na ɛno akyi no, etumi tew kɔ mfe pii.”

Ɛda adi pefee sɛ ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobehu sɛ obi anya nkate mu yare, nanso sɛ obi nya bi a, ebetumi ahaw no kɛse. Mmom anidaso wɔ hɔ ma wɔn a wɔanya adwenemhaw no.

[Ase hɔ nsɛm]

^ Ɔkwan bi so no, eyi betumi afi awo akyi adwenemhaw a mmea tumi nya ne afei ahommoaa mu nsakrae a wonya bere a wɔatwa bra no. Afei nso, esiane sɛ mmea taa kɔ ayaresabea nti na wohu sɛ wɔanya yare no.

^ Wɔasesa edin ahorow a ɛwɔ nsɛm yi mu no bi.

^ Nnuruyɛfo bɔ amanneɛ sɛ, tebea no mu biara tumi di asram pii. Nanso wɔka sɛ, ayarefo no tebea tumi sakra mpɛn pii wɔ afe biako mu. Ɛntaa mma sɛ wɔn a wɔwɔ nkate mu yare no tebea bɛsakra asɛe koraa, na prɛko pɛ asakra ayɛ yiye paa wɔ nnɔnhwerew 24 ntam.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]

“Ɛnyɛ bere nyinaa na wɔn a wɔwɔ adwenemyare a ɛma wɔyɛ nneɛma tra so no tumi de anidahɔ yɛ ade. Yɛn mu biara ani so nna hɔ.”—GLORIA

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 5]

Adwenemhaw a Ano Yɛ Den Ho Sɛnkyerɛnne *

Bere a obi taa haw ntoatoaso bɛyɛ adapɛn abien no

Bere a obi ani nnye dwumadi bi a bere bi na ɔwɔ ho anigye no

Bere a obi so atew paa anaa wayɛ kɛse dodo no

Bere a obi tumi da ma ɛboro so anaasɛ ontumi nna koraa

Bere a obi yɛ nneɛma ahopere so ma ɛboro so

Bere a obi tumi brɛ ma ɛtra so a onnim nea efi

Bere a obi bu ne ho sɛ ɔnsɛ hwee na obu ne ho fɔ bere nyinaa no

Bere a ɛtaa ba sɛ obi ntumi mfa n’adwene nsi biribi so

Bere a ɛtaa ba obi tirim sɛ onni ne ho dɔm no

Saa sɛnkyerɛnne ahorow yi mu bi betumi akyerɛ sɛ obi anya adwenemhaw a ɛkyɛ—ano nyɛ den nanso sɛ obi nya a, etumi kyɛ paa.

[Ase hɔ asɛm]

^ Yɛakyerɛw eyi na ama moahu sɛnea yare no ani so te, na ɛnyɛ sɛ mubegyina so ahu sɛ ebia moanya bi. Afei nso sɛnkyerɛnne no bi betumi ayɛ yare foforo ho sɛnkyerɛnne a ɛnyɛ adwenemhaw.