Akokoakoko Nyinaa Akyi No Wubetumi Anya Asomdwoe
Bere bi na Gary yɛ sogyani, na ɔka sɛ: “Bere a minnya nsuaa Bible no, na minnim nea enti a atirimɔdensɛm, ntɛnkyea, ne ɔhaw abu so wɔ wiase saa. Nanso seesei de, meda a na mada; m’asom dwo me, efisɛ minim sɛ, ɛrenkyɛ koraa Yehowa Nyankopɔn bɛma asomdwoe aba asaase yi so.”
Ɛnyɛ Gary nko ara na afa saa tebea no mu. Momma yɛnhwɛ sɛnea Bible aboa ebinom nso.
BIBLE KA SƐ: “O Yehowa, wuye, na woayɛ krado sɛ wode bɔne bɛkyɛ.”—Dwom 86:5.
SƐNEA ABOA EBINOM: “Bible mu asɛm yi ma me awerɛhyem sɛ Yehowa yɛ mmɔborɔhunufo. Enti nneɛma bɔne a meyɛɛ wɔ ɔko mu no, minim sɛ ɔde bɛkyɛ me.”—Wilma a ɔwɔ Colombia.
BIBLE KA SƐ: “Merebɔ ɔsoro foforo ne asaase foforo; na wɔrenkae kan nneɛma no bio, na ɛremma komam bio.”—Yesaia 65:17.
SƐNEA ABOA EBINOM: “Bere a meyɛ sogyani no, nneɛma bɔne a ɛkɔɔ so no, ɛwɔ hɔ a etumi begyinagyina m’ani so; agyaw me adwinnwen ne kɔdaanna. Nanso kyerɛwsɛm yi ma mihu sɛ, nneɛma a ɛreteetee me yi, ɛrenkyɛ biara Yehowa bɛma ne nyinaa agyae. Ɛremma m’adwene ne me koma mu bio. Wei yɛ anigyesɛm!”—Zafirah a ɔwɔ United States.
BIBLE KA SƐ: “Ne bere so no, ɔtreneeni bɛyɛ frɔmfrɔm, na asomdwoe pii bɛba akosi sɛ ɔsram befi hɔ.”—Dwom 72:7.
SƐNEA ABOA EBINOM: “Metaa dwinnwen saa asɛm yi ho paa. Ɛrenkyɛ koraa akokoakoko ne ɔhaw a ɛkɔfa ba nyinaa befi hɔ. Saa bere no, yɛrensuro sɛ biribi bɔne bi bɛto yɛn adɔfo.”—Oleksandra a ɔwɔ Ukraine.
SƐNEA ABOA EBINOM: “Bere a ɔko kɛse bi sii sɛ wɔde retɔre Tutsifo ase no, mehweree m’abusuafo nyinaa ara ne sa. Nanso Bible mu asɛm yi ma mihu sɛ, mɛsan ahu wɔn bio. Mehwɛ kwan sɛ daakye mehu wɔn bio na me ne wɔn abom aserew!”—Marie a ɔwɔ Rwanda.
BIBLE KA SƐ: “Aka kakraa bi na nnebɔneyɛfo nni hɔ bio . . . Ahobrɛasefo na asaase no bɛyɛ wɔn dea, na wobegye wɔn ani wɔ asomdwoe bebree mu.”—Dwom 37:10, 11.
SƐNEA ABOA EBINOM: “Seesei ɔko no aba awie, nanso nnipabɔnefo da so ara wɔ hɔ, na ntɛnkyea nso nnyaee. Ne nyinaa mu no, Bible mu asɛm yi hyɛ me den paa. Nea merefa mu biara Yehowa ani tua na ɔte m’ase. Wahyɛ bɔ sɛ ɛrenkyɛ koraa amanehunu nyinaa befi hɔ na ɛremma yɛn adwene mu bio.”—Daler a ɔwɔ Tajikistan.
Yehowa Adansefo mpempem pii na Bible aboa wɔn ama wɔanya asomdwoe, na wɔn mu kakraa bi na yɛaka wɔn anom asɛm wɔ nhoma yi mu. Seesei Bible a wɔasua nti, wɔnsa nnipa mu. (Efesofo 4:31, 32) Yehowa Adansefo nnyina obiara afã wɔ amanyɔsɛm mu, na wɔmfa wɔn ho nhyɛ aturuturasɛm mu.—Yohane 18:36.
Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa dodɔ wɔn ho, na wɔhu wɔn ho sɛ wɔyɛ anuanom. Enti sɛ ɛka baako a na aka wɔn nyinaa. (Yohane 13:35) Oleksandra a yɛadi kan aka n’anom asɛm no sei, ɔko nti ɔne ne nuabea guan kɔɔ ɔman foforo so. Ɔka sɛ: “Bere a yetwaa bɔda no, yɛtoo yɛn ani ara na yehuu Adansefo a wɔwɔ hɔ no sɛ wɔrebehyia yɛn ama yɛn akwaaba. Sɛnea wɔgyee yɛn ahɔho no, ɛmaa yɛn ani kae, na yehuu sɛnea yɛbɛtena kurow no mu.”
Yɛde anigye reto nsa afrɛ wo sɛ bɛka yɛn ho wɔ baabi a yehyiam no. Sɛ woba a wubehu sɛnea Bible mu nsɛm ma nnipa nya asomdwoe. Sɛ worepɛ baabi a ɛbɛn wo anaa wopɛ sɛ Yehowa Danseni bi ne wo bɔ Bible mu nkɔmmɔ a wuntua hwee a, yɛsrɛ wo kɔ jw.org. Nhoma a yɛne nkurɔfo sua ne Wubetumi Anya Anigye Daa!