Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn na Bible Aka?

Dɛn na Bible Aka?

Atɛntrenee mapa bɛba asase so da bi?

Wubebua sɛn?

  • Aane

  • Dabi

  • Ebia

Nea Bible aka

“Me de, minim sɛ Yehowa bedi mmɔborɔni asɛm ama no na wabu atɛn ama ohiani.” (Dwom 140:12) Onyankopɔn Ahenni bɛma atɛntrenee mapa aba asase so.

Dɛn bio na Bible aka?

  • Atɛnkyea a seesei ɛrekɔ so wɔ wiase no, Onyankopɔn ani tua, na ɔbɛyɛ ho biribi.—Ɔsɛnkafo 5:8.

  • Onyankopɔn de atɛntrenee bɛyɛ adwuma, na ama asomdwoe ne ahotɔ aba asase so.—Yesaia 32:16-18.

Onyankopɔn dɔ nnipa bi sen bi?

Ebinom gye di sɛ Onyankopɔn ahyira nnipa pɔtee bi, ɛnna wadome ebinom. Nnipa foforo nso gye di sɛ Onyankopɔn hwɛ nnipa nyinaa pɛ. Wudwen ho sɛn?

Nea Bible aka

“Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim, na mmom ɔman biara mu no, onipa a osuro no na ɔyɛ adetrenee no, ogye no tom.” (Asomafo Nnwuma 10:34, 35) Onyankopɔn ani so deɛ, nnipa nyinaa yɛ pɛ.

Dɛn bio na Bible aka?

  • Bible wɔ “asɛmpa” bi ma “aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa.”—Adiyisɛm 14:6.