Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MONKƆ SO NWƐN!

Wim a Ayɛ Hyehyeehyew Wɔ Wiase Baabiara No, Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?

Wim a Ayɛ Hyehyeehyew Wɔ Wiase Baabiara No, Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?

 Aman pii de abɛto gua sɛ, July 2022 mu no, sɛnea wim yɛɛ hyew wɔ wɔn man mu no, ebi nsii saa da:

  •   “China aban mpanyimfo aka akyerɛ ɔmanfo a ɛtete nkurow bɛyɛ 70 mu sɛ, wɔnna wɔn ho so, efisɛ sɛnea wim rebɛyɛ hyew no, ɛyɛ hu paa. Wei ne ne mprenu so a wɔde saa amanneɛbɔ yi ato gua wɔ saa bosome yi mu.”—July 25, 2022, CNN Wire Service.

  •   “Wim ayɛ hyew wɔ Europe ara ma wokɔ aman pii so wɔ hɔ a, ogya atotɔ kwae bebree mu ma ɛrehyew buruburuburu.”—July 17, 2022, The Guardian.

  •   “Kwasida yi, sɛnea wim yɛɛ hyew wɔ nkurow bebree mu wɔ United States ha no, yenhuu bi saa da. Wim yɛɛ hyehyeehyew wɔ nkurow a ɛwɔ ɔman no apuei fam, ne mmeae bi a ɛwɔ anaafo ne mfinimfini mantam mu.”—July 24, 2022, The New York Times.

 Dɛn na wei nyinaa kyerɛ? Wohwɛ a ebedu baabi no, nnipa rentumi ntena asaase so bio anaa? Dɛn na Bible ka?

Sɛnea wim ayɛ hyew yi, ɛyɛ Bible nkɔmhyɛ anaa?

 Aane. Bible kaa nneɛma bi a ebesisi wɔ yɛn bere yi so ho asɛm, na saa nneɛma no, biribiara di adanse sɛ wim a ayɛ hyew no ka ho bi. Ɛho nhwɛso ne sɛ, Yesu ka too hɔ sɛ yebehu “nneɛma a ɛyɛ hu” anaa “nneɛma a ɛyɛ nwonwa na etu koma.” (Luka 21:11; Good News Translation) Sɛ nnipa bebree hwɛ sɛnea wim ayɛ hyehyeehyew no a, ɛma wɔsuro sɛ anhwɛ a nnipa bɛsɛe asaase yi.

Ɛyɛ ampa sɛ ebedu baabi no, nnipa rentumi ntena asaase yi so bio anaa?

 Daabi. Onyankopɔn bɔɔ asaase maa nnipa sɛ wɔntena so afebɔɔ. (Dwom 115:16; Ɔsɛnkafo 1:4) Ɔremma kwan mma nnipa nsɛe asaase no, mmom wahyɛ bɔ sɛ ‘ɔbɛsɛe wɔn a wɔresɛe asaase no.’—Adiyisɛm 11:18.

 Nneɛma a Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ afa asaase yi ho no dɔɔso. Wo de, ma yɛnhwɛ emu mmienu pɛ a Bible ahyɛ ho nkɔm:

  •   “Asaase pradadaa ne asaase a ɛso awo ani begye, na anweatam bedi ahurusi na apae sɛ nhwiren.” (Yesaia 35:1) Onyankopɔn remma kwan mma asaase no nyɛ anwea pradadaa a nnipa tena so a ɛrenyɛ yiye, mmom mmeae a asɛesɛe wɔ asaase so no, obesiesie ne nyinaa.

  •   “Woma asaase nya nea ehia; ɛsow aba pii ma ɛyɛ frɔmfrɔm.” (Dwom 65:9) Onyankopɔn behyira asaase ama adan paradise.

 Wim tebea a ɛresɛe no ma yehu sɛ Bible nkɔmhyɛ reba mu. Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea enti a ɛte saa a, kenkan asɛm a yɛato din “Dɛn Na Bible Aka Afa Wim Tebea a Ɛresɛe No Ne Yɛn Daakye Ho?

 Bible ahyɛ bɔ sɛ asaase no bɛsan asi ne dedaw mu. Sɛ wopɛ sɛ wuhu ho nsɛm pii a, hwɛ asɛm a yɛato din “Who Will Save the Earth?” (Hena Na Ɔbɛsa Asaase Yi Yare?)