Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kasasua So Wɔ Mfaso

Kasasua So Wɔ Mfaso

Twe Bi:

  1. 1. Wubetumi akɔboa,

    Ɛmm’ro w’ahoɔden so.

    Kɔ Yehowa anim,

    Na ɔbɛkyerɛ wo kwan.

    Tɔ wo bo fa ho adwene

    Ɛbɛhyɛ wo den bebree.

    Wutumi tu anammɔn,

    Ɛbɛma w’ani agye.

    (NNYESO)

    Bɔ mmɔden tu anammɔn

    Ɛmma b’ibi’a nsiw wo kwan.

    Wutumi tu anammɔn,

    Ɛbɛma w’ani agye. oh.

    Tu anammɔn.

    Tu anammɔn. Kɔ Makedonia nnɛ.

  2. 2. Ahenni asɛmpaka no,

    Ɛma akomatɔyam.

    Wubenya nnipa bebree

    Na wobetie w’asɛm no.

    Ɛbɛma woabɛn Yehowa,

    Obehyira wo paa.

    Yehowa bɛsɔ wo nsa

    Aboa wo daa, enti mensuro koraa.

    (NNYESO)

    Bɔ mmɔden tu anammɔn

    Ɛmma b’ibi’a nsiw wo kwan.

    Wutumi tu anammɔn,

    Wubenya nhyira pii.

    Bɔ mmɔden fa ho adwen nnɛ.

    Na ebesi wo yiye. oh.

    (NNYESO)

    Bɔ mmɔden tu anammɔn

    Ɛbɛma w’ani agye. oh.

    Tu anammɔn.

    Tu anammɔn.

    Bɔ mmɔden tu anammɔn. Kɔ Makedonia nnɛ.