Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Akyɛde Yi Fi Me Komam

Akyɛde Yi Fi Me Komam

Twe Bi:

  1. 1. Hwɛ anigyesɛm,

    yɛanya ɔbarima wɔ fie.

    Yɛakyerɛkyerɛ no,

    wabɔ bra pa.

    Adwuma pa,

    na wafa yi.

    Nea yɛayɛ no asow aba.

    (NNYESO)

    Obegyaw me hɔ,

    m’ani begyina no.

    Fa no yɛ nea wopɛ biara.

    Mahyira ne so ama wo

    akosi daa nyinaa.

    Mewɔ anigye sɛ wabɛhyɛ wo ntaban ase.

    Akyɛde yi, ɛfata wo;

    Akyɛde yi fi me komam.

  2. 2. Yɛda w’ase daa;

    woama yɛn ɔbabaa wɔ fie.

    Yɛahwɛ no yie,

    ɔsom bo paa.

    Yɛn dɔba no,

    afei wanyin;

    wafa Nyankopɔn adwuma.

    (NNYESO)

    Obegyaw me hɔ,

    m’ani begyina no.

    Fa no yɛ nea wopɛ biara.

    Mahyira ne so ama wo

    akosi daa nyinaa.

    Mewɔ anigye sɛ wabɛhyɛ wo ntaban ase.

    Akyɛde yi, ɛfata wo;

    Akyɛde yi fi me komam.