Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 19

Bɔ Mmɔden Ma Asɛm No Nka W’atiefo Koma

Bɔ Mmɔden Ma Asɛm No Nka W’atiefo Koma

Mmebusɛm 3:1

NSƐNTITIRIW: Boa w’atiefo ma wonnya nea wɔasua no ho anisɔ na wɔmfa nyɛ adwuma.

SƐNEA WOBƐYƐ NO:

  • Boa w’atiefo ma wɔnhwehwɛ wɔn ho mu. Bisa nsɛm a ɛbɛma w’atiefo no ahwehwɛ wɔn ho mu ahu sɛnea wɔte nka wɔ nneɛma ho.

  • Boa w’atiefo ma wonnya adwempa. Hyɛ w’atiefo no nkuran ma wɔnhwehwɛ wɔn ho mu nhwɛ nea enti a wɔyɛ nnwuma pa. Ade a eye sen biara a ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ papa ne Yehowa ho dɔ, yɛn yɔnko nnipa ho dɔ, ne yɛn ani a egye Bible nkyerɛkyerɛ ho. Enti boa w’atiefo no ma wonnya saa adwene no. Nworo nsɛm ngu w’atiefo so kɛkɛ, na mmom wo ne wɔn nsusuw nsɛm ho. Wo dwumadi no bɛkɔ n’awiei no, sɛ́ anka w’atiefo bɛte nka sɛ woahyɛ wɔn aniwu no, ɛsɛ sɛ wɔte nka sɛ woahyɛ wɔn nkuran na woakanyan wɔn sɛ wɔnyɛ nea wobetumi nyinaa.

  • Twe w’atiefo adwene kɔ Yehowa so. Kyerɛ sɛnea Bible nkyerɛkyerɛ, Bible nnyinasosɛm, ne Bible mu mmara ma yehu Onyankopɔn su ahorow ne ɔdɔ a ɔwɔ ma yɛn. Sɛnea Yehowa te nka wɔ nneɛma ho no, boa w’atiefo ma wonnya ɔpɛ sɛ wobesusuw ho na wɔayɛ nea ɛsɔ n’ani.