Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Ade Foforo a Yɛde Befi Nkɔmmɔbɔ Ase

Ade Foforo a Yɛde Befi Nkɔmmɔbɔ Ase

Efi January 2016 no, wɔde asɛm a ɛne “Dɛn na Bible Aka?” ba Ɔwɛn-Aban a ɛyɛ ɔmanfo de no akyi. Saa asɛm foforo yi bɛboa yɛn ma yɛde Bible no afi nkɔmmɔbɔ ase. Wɔayɛ no te sɛ yɛn nkratawa no ara pɛ. Wubehu asɛmmisa a ɛma obi kyerɛ n’adwene, mmuae a Kyerɛwnsɛm no de ma, ne nsɛm foforo a mubetumi asusuw ho.

Kyerɛwnsɛm mu nsɛm a ɛka koma a yɛne obi bɛbɔ ho nkɔmmɔ no ma yetumi fi Bible adesua ase. Fa ade foforo yi boa nnipa bebree na ama wɔatumi amee wɔ honhom mu.Mt 5:6.

SƐNEA WODE BEDI DWUMA:

  1. Ma ofiewura no nkyerɛ n’adwene wɔ nsɛmmisa no baako ho

  2. Tie mmuae no na kamfo no wɔ ho

  3. Kenkan kyerɛwsɛm a ɛwɔ “Nea Bible no Ka” no afã hɔ, na ma ɔnkyerɛ n’adwene wɔ ho. Sɛ ɔwɔ bere a, mubetumi de asɛm bi a ɛwɔ “Dɛn Bio na Bible no Ka?” afã hɔ atoa nkɔmmɔbɔ no so

  4. Fa nsɛmma nhoma no ma no

  5. Yɛ nhyehyɛe san kɔsra no na munsusuw asɛmmisa a ɛto so mmienu no ho