Kɔ emu nsɛm afã hɔ

OCTOBER 17, 2018
UNITED STATES

US Abakɔsɛm Mu No, Mframa Gyampantrudu a Asɛe Nneɛma Baako Pa Ara Ne Nea Wɔfrɛ No Michael No

US Abakɔsɛm Mu No, Mframa Gyampantrudu a Asɛe Nneɛma Baako Pa Ara Ne Nea Wɔfrɛ No Michael No

October 10, 2018 no, mframa gyampantrudu bi a wɔfrɛ no Michael de n’ani kyerɛɛ Florida mpoano, na ɛbɔ faa United states anafo fam sɛee nneɛma pii. Mframa a ano yɛ den pa ara a abɔ afa United States no, emu baako ni; ɛsɛee agyapade pii. Anyɛ yiye koraa no, ama nnipa 18 ahwere wɔn nkwa.

Yehowa Adansefo a wɔwɔ asafo ahorow 94 ne amansin 13 mu na wɔn ho kae. Yɛn nuanom Yehowa Adansefo no mu biara anwu nanso mmiɛnsa pirapirae. Ahum no sɛee anuanom 528 afie ne Ahenni Asa 34. Afei nso, ɛsɛee anyinam ahoɔden a ɛwɔ Ahenni Asa 39 so.

Boayikuw a Wɔde Mmoa Ma Wɔ Atoyerɛnkyɛm Bere Mu ne amansin so ahwɛfo bɛboro 40 reboa United States Betel ma anuanom nsa aka mmoa a wohia. Wɔn nnwuma no bi ne sɛ wɔbɛhwɛ ama anuanom nsa aka nneɛma bi te sɛ nnuan, nsu ne nnuru. Wɔsan nso hwɛ ma anuanom nya baabi a wɔde wɔn ti bɛto, enti wosiesie afie a asɛesɛe; sɛ adan bi so apa nso a wɔbɔ so. Saa ara na mmeae a nnua abubu agu hɔ nso wɔyɛ hɔ kama. Wɔayɛ nhyehyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi asrasra anuanom de Kyerɛwnsɛm no akyekye wɔn werɛ ahyɛ wɔn den.

Ɔhaw ahorow a wiase bɔne yi de ba a ebi ne atoyerɛnkyɛm tumi ka yɛn nuanom nyinaa de, nanso wɔkɔ so de wɔn ho to Yehowa a onni huammɔ no so, enti wonya ahoɔden de gyina ɔhaw biara ano.—Dwom 142:5.