Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kolomyazhskiy Nhyiam Asa a Ɛwɔ St. Petersburg

DECEMBER 25, 2017
RUSSIA

Atumfoɔ a Wɔwɔ Russia Agye Yehowa Adansefo Nhyiam Asa

Atumfoɔ a Wɔwɔ Russia Agye Yehowa Adansefo Nhyiam Asa

December 14, 2017 no, Nhyiam Asa a ɛwɔ Kolomyazhskiy a ɛwɔ St. Petersburg no, atumfoɔ a wɔwɔ Russia buu ani bɔ wuraa mu. Afei wotwaa ho hyiae gye fii yɛn nsam. Nea ɛkɔɔ so wɔ hɔ no, Yehowa Adansefo a na wɔwɔ hɔ saa bere no, wɔn mu biara ampira. Ɔdan no nso, ɛda adi sɛ wɔnsɛee no.

Mfoni a camera a ɛbɔ Nhyiam Asa no so twae bere a Russia apolisifo bɔ wuraa hɔ no

July 17, 2017 no, Russia Asɛnnibea Kunini no Bagua a Ɛhwehwɛ Asɛm Mu (Appellate Chamber) no hyɛe sɛ wɔntɔn Adansefo no adwumayɛbea ahorow a ɛwɔ Russia no nyinaa na wontwa wɔn som no mu. Efi saa bere no, Nhyiam Asa no ne agyapade a ɛso pa ara a Russia atumfoɔ no agye afi wɔn nsam.

Apolisifo gyinagyina Nhyiam Asa no so

Nhyiam Asa a wɔagye no tumi fa nnipa 1,500. Efi afe 2002 a wosiesiee nhyiam asa no, Adansefo no ayɛ nhyiam akɛse wɔ hɔ, na na wɔn asafo ahorow no bi nso hyiam wɔ hɔ. Mmaranimfo a wogyina Adansefo no afã no ahu sɛ atumfoɔ no ayi wɔn din afi Nhyiam Asa no so na wɔde ahyɛ mmara ase wɔ Russia Man no din mu. Yɛrekasa yi wɔde Asa no ama ayaresabea bi a ɛbɛn hɔ, na wɔn nso de ahyɛnsode foforo a ɛbɛkyerɛ nkurɔfo kwan abɔ gate no ho dedaw.

Adansefo no wɔ dan bi a ɛbɛn St. Petersburg, na ɛhɔ na ɛyɛ wɔn adwumayɛbea ti. Atumfoɔ no de ho asɛm kɔɔ kɔɔto sɛ wobegye saa dan no afi wɔn nsam. Bere a kɔɔto dii asɛm no, wɔde too gua sɛ wobegye ɔdan no. Ɛno akyi nnawɔtwe baako pɛpɛɛpɛ na wogyee nhyiam asa no. Asɛm a kɔɔto no dii nti, nhyehyɛe a na Adansefo no adwumayɛbea ti a ɛwɔ Russia ne Watchtower Bible and Tract Society of Pennsylvania adwumakuw no ayɛ bɛyɛ mfe 17 no, wotwaa mu. Adansefo no ayɛ sɛ wɔbɛsan de asɛm no akɔdan kɔɔto. Nanso sɛ kɔɔto no san di tia wɔn a, Russia atumfoɔ no benya kwan agye wɔn adwumayɛbea ti no afi wɔn nsam. Afei nso Adansefo no adan ahorow a aman foforo asisi wɔ Russia nyinaa nso, wobegye.

Nea Russia aban no ayɛ no, Yehowa Adansefo bu no sɛ wonni wɔn ho adwempa koraa. Ɛnyɛ ɔsom mu ahofadi a wɔwɔ no nko ara na Russia aban no atiatia so na mmom wɔagye wɔn agyapade nso afi wɔn nsam. Agyapade no mu fã kɛse no ara, Russia man mma a biribi nhyɛ da nni wɔn nsam na wɔtɔe na wosiesiei. Atemmu a aban no de ato gua no, Adansefo no reyɛ nea wobetumi biara de asɛm a wɔadi atia wɔn no akɔdan kɔɔto foforo. Wɔde asɛm no bɛkɔ European Court of Human Rights (Europa Asɛnnibea a Ɛhwɛ Nnipa Ahofadi Ho Nsɛm So) ne UN Human Rights Committee (Amanaman Nkabom Bagua a Ɛhwɛ Nnipa Ahofadi Ho Nsɛm So) no.