Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Russia

 

2018-07-24

RUSSIA

Atumfoɔ a Wɔwɔ Russia Abɔ Awura Yehowa Adansefo Afie Mu Akyere Ebinom Agu Afiase

Russia aban mpanyimfo amia ɔtaa a wɔde aba Yehowa Adansefo so no mu; wɔrekyekyere wɔn gu afiase esiane wɔn som nti.

2018-06-11

RUSSIA

Yehowa Adansefo Adwumakuw a Ɛwɔ US No Wɔ Dan Bi Wɔ Russia, Na Russia Atumfoɔ Pɛ Sɛ Wogye

Appeal no bɛkɔ so wɔ Saint Petersburg Kuropɔn Kɔɔto hɔ. Wobedi asɛm no ahwɛ sɛ wobegye Yehowa Adansefo kan adwumayɛbea ti a ɛwɔ Russia no anaa.

2018-06-13

RUSSIA

Atumfoɔ a Wɔwɔ Russia Agye Yehowa Adansefo Nhyiam Asa

Adansefo no wɔ dan bi a ɛbɛn St. Petersburg, na ɛhɔ na ɛyɛ wɔn adwumayɛbea ti. Atumfoɔ no de ho asɛm kɔɔ kɔɔto sɛ wobegye saa dan no afi wɔn nsam. Bere a kɔɔto dii asɛm no, wɔde too gua sɛ wobegye ɔdan no. Ɛno akyi nnawɔtwe baako pɛpɛɛpɛ na wogyee nhyiam asa no.

2018-06-13

RUSSIA

Russia De Ato Gua Sɛ Bible “Sɛe Nkurɔfo Adwene”

Vyborg City Asɛnnibea no kaa sɛ Kyerɛw Kronkron​—Wiase Foforo Nkyerɛase a ɛwɔ Russia kasa mu no yɛ Bible a “ɛsɛe nkurɔfo adwene.” Kyerɛw Kronkron​—Wiase Foforo Nkyerɛase no yɛ Bible a Yehowa Adansefo tintim wɔ kasa pii mu.