NSƐM A ABA FOFORO
Russia De Ato Gua Sɛ Bible “Sɛe Nkurɔfo Adwene”
Vyborg City Asɛnnibea no kaa sɛ Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase a ɛwɔ Russia kasa mu no yɛ Bible a “ɛsɛe nkurɔfo adwene.” Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase no yɛ Bible a Yehowa Adansefo tintim wɔ kasa pii mu.

