Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adɛn Nti Na Yehowa Adansefo Nni Ɔman Afahyɛ Biara?

Adɛn Nti Na Yehowa Adansefo Nni Ɔman Afahyɛ Biara?

 Yehowa Adansefo bu aban biara a ɛwɔ wiase. Ɔman ahyɛnsode te sɛ frankaa nso, Yehowa Adansefo mmu no animtiaa. Afei nso, sɛ obi to ɔman nnwom, ɔka plɛɛgye, anaa okyia frankaa a, yɛnkasa ntia no.

 Nanso nneɛma a ɛtete saa no, Yehowa Adansefo nyɛ bi. Nea enti a yɛnyɛ bi ne sɛ, yɛn gyidi ne sɛ, saa nneɛma no ne Bible nkyerɛkyerɛ nhyia. Sɛnea yɛnkasa ntia wɔn a wɔyɛ saa nneɛma yi bi no, yɛn nso yɛhwɛ kwan sɛ wɔn nso renkasa ntia yɛn gyidi.

Nea yɛrebɛka ho asɛm

 Dɛn na Bible ka fa saa asɛm yi ho?

 Bible nkyerɛkyerɛ mmienu a edidi so yi nti na yɛnyɛ saa nneɛma no bi no:

  •   Onyankopɔn nko ara na ɛsɛ sɛ yɛsom no. Bible ka sɛ: “Yehowa wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wokotow no, na ɔno nko ara na ɛsɛ sɛ wosom no.” (Luka 4:8) Plɛɛgye a nkurɔfo ka, ne ɔman nnwom a wɔto no, sɛnea emu nsɛm no bi te no, sɛ obi ka bi a, na ɔrehyɛ bɔ sɛ ɔbɛma ne man ho ahia no asen biribi foforo biara. Enti Yehowa Adansefo hu no sɛ ɛnyɛ papa sɛ wɔbɛyɛ nneɛma a ɛtete saa.

     Ɛba frankaakyia nso a, Yehowa Adansefo hu no sɛ ɛyɛ abosonsom; kyerɛ sɛ, obi kyia frankaa a, ɛte sɛ nea ɔresom frankaa no. Ɛno nso, Bible kasa tia. (1 Korintofo 10:14) Wiase animdefo bi ka sɛ, sɛ obi kyia frankaa a, nea ɛkyerɛ ara ne sɛ ɔresom frankaa no. Ɛte sɛ bosom. Ɔbenfo Carlton J. H. Hayes a kyerɛɛ mu sɛ, “Ɔman ho dɔ yɛ ɔsom, na ne nyame ne frankaa no. Enti sɛ obi kyia frankaa a, ɛkyerɛ sɛ ɔdɔ ne man, na ɔwɔ ne man mu gyidi paa.” Ɔbenfo Daniel P. Mannix nso kyerɛw tete Kristofo no ho asɛm bi. Ɔkaa sɛ: ‘Ná nkurɔfo yɛ nneɛma bi de som Roma amrado no. Nneɛma a na wɔyɛ no, ɛte sɛ nea nnɛ, obi rekyia frankaa. Nanso tete Kristofo no anyɛ bi.’ b

    Ɛwom, Yehowa Adansefo nkyia frankaa, nanso yɛntetew frankaa mu, yɛnhyew no, na yɛmfa kwan foforo biara so nsɛe no. Saa ara na ɔman ahyɛnsode foforo biara nso, yɛnyɛ biribiara mfa nkyerɛ sɛ yɛrebu no animtiaa.

  •   Onyankopɔn anim no, nnipa nyinaa yɛ pɛ. (Asomafo Nnwuma 10:34, 35) Bible ka sɛ Onyankopɔn maa “aman nyinaa mu nnipa fii onipa baako mu.” (Asomafo Nnwuma 17:26) Wei nti, Yehowa Adansefo hu no sɛ, ɛnyɛ papa sɛ wɔbɛyɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ wɔbu ɔman bi sɛ edi mu kyɛn ɔman bi; anaa nnipa binom di mu kyɛn ebinom. Baabi a obiara fi ne baabi a ɔte biara, yedi no ni.—1 Petro 2:17.

 Sɛ aban ahyɛ mmara sɛ obiara nyɛ saa nneɛma no bi nso ɛ?

 Yehowa Adansefo nsɔre ntia aban. Yegye di sɛ aban biara a ɛwɔ hɔ no ka “Onyankopɔn nhyehyɛe” ho, kyerɛ sɛ Onyankopɔn na ama kwan sɛ ɛnwɔ hɔ. (Romafo 13:1-7) Yegye di nso sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo de obu ma wiase atumfoɔ.—Luka 20:25.

 Na sɛ ɛkɔba sɛ aban mpanyimfo hyɛ mmara bi na etia Onyankopɔn mmara a, yɛbɛyɛ no dɛn? Ɛtɔ da a, yetumi kyerɛw krataa kɔma aban de srɛ sɛ wɔnyɛ ho biribi mma yɛn. c Sɛ aban ka sɛ ɛrenyɛ yiye a, Yehowa Adansefo tie ‘Onyankopɔn sɛ sodifo, na ɛnyɛ nnipa.’ Nanso yɛyɛ no nidi mu.—Asomafo Nnwuma 5:29.

 Yehowa Adansefo pɛ sɛ nkurɔfo hu baabi a wɔgyina wɔ amanyɔsɛm ne wiase nsɛmnsɛm mu anaa?

 Daabi. Ɛnyɛ Yehowa Adansefo adwene ne sɛ wɔpɛ sɛ nkurɔfo hu baabi a wɔgyina wɔ amanyɔsɛm ne wiase nsɛmnsɛm mu. Enti sɛ yɛnka plɛɛgye, yenkyia frankaa, anaa yɛnto ɔman nnwom a, ɛnyɛ sɛ yɛresɔre atia aban anaa yɛpɛ sɛ yɛkyerɛ sɛ yegyina obi akyi wɔ wiase nsɛmnsɛm mu. Mmom nea Bible ka fa saa nneɛma no ho ara na yɛpɛ sɛ yedi so.

a Essays on Nationalism, kratafa 107-108.

b The Way of the Gladiator, kratafa 212.