Yɛreto Nsa Afrɛ Wo

Yɛbɛkae Yesu Wu No

Yawda, April 2, 2026

Yɛrebɛyɛ dwumadi mmienu bi, na yɛpɛ sɛ woba bi. Woba a yɛrennye wo sika. Dwumadi no ni

Ɔkasa Titiriw a Egyina Bible So

“Hena Na Obesiesie Yɛn Asaase a Ɛresɛe Yi?”

Betie ɔkasa yi bi, na wubehu daakye papa bi a ɛwɔ hɔ ma asaase yi ne nnipa.

Hwehwɛ Baabi a Wubetumi Akotie Ɔkasa Titiriw No Bi

Yɛbɛkae Yesu Wu No

Dwumadi titiriw yi, Yehowa Adansefo a ɛwɔ wiase nyinaa yɛ de kae Yesu wu no. Nea enti a wɔyɛ saa ne sɛ, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔnyɛ mfa nkae no.—Luka 22:19.

Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa

Hena na obetumi aba bi?

Obiara tumi ba bi. Wubetumi de w’abusuafo aba.

Bere tenten sɛn na mode bɛyɛ emu biara?

Ɔkasa titiriw a egyina Bible so no, ebedi simma 30. Yɛma ɔkasa no wie a, yɛde Bible mu asɛm bi besi hɔ, na yɛde dɔnhwerew baako abɔ ho nkɔmmɔ. Obiara a ɔwɔ hɔ betumi aka bi.

Dwumadi a yɛde bɛkae Yesu wu no, ebedi bɛyɛ dɔnhwerew baako.

Mobɛyɛ no wɔ he?

Wopɛ sɛ wuhu baabi a wubetumi akɔ bi a, hwɛ soro ha. Wubehu sɛ yɛakyerɛw “Hwehwɛ Baabi a Wubetumi Akɔ Nkaedi No Bi” ne “Hwehwɛ Baabi a Wubetumi Akotie Ɔkasa Titiriw No Bi.” Nea wopɛ no, klike so.

Meba bi a, mobɛka sɛ kyenkyen ara memmra mo adesua no bi daa anaa me ne mo nsua Bible anaa?

Daabi.

Mubegyigye kɔlɛhyen anaa?

Daabi. Yehowa Adansefo de, yɛn nhyiam biara nni hɔ a yegyigye kɔlɛhyen wɔ ase.​—Mateo 10:⁠8.

Ataade pɔtee bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ obiara hyɛ ba dwumadi no ase anaa?

Daabi. Nanso Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ ntaade a ɛfata na nidi wom.

Sɛ morekae Yesu wu no a, mobɛyɛ no sɛn?

Sɛ yɛrebefi ase a, yɛbɛto dwom. Yɛto dwom no wie a, na Yehowa Adansefo mpanyimfo no baako abɔ mpae. Afei yebetie ɔkasa a ɛbɛma yɛahu nea enti a na ehia sɛ Yesu wu ma yɛn. Ɛbɛsan ama yɛahu nea yɛyɛ a ɛbɛma yɛanya nea Onyankopɔn ne Kristo ayɛ ama yɛn no so mfaso. Yewie a, yɛbɛsan ato dwom ama Yehowa Adansefo mpanyimfo no baako abɔ mpae de apɔn yɛn.

Sɛ worepɛ ɛho nsɛm pii a, kenkan asɛm a yɛato din, “Sɛnea Yehowa Adansefo Hyɛ Awurade Anwummere Aduan No Ho Fã No Ne Asɔre a Aka No De Nyɛ Pɛ. Adɛn Ntia?

Mfe kakra a edi yɛn anim yi, bere bɛn na yɛbɛkae Yesu wu no?

Afe 2026: Yawda, April 2

Afe 2027: Dwoda, March 22

Afe 2028: Kwasida, April 9

Wopɛ sɛ wusua pii ka ho a, hwɛ video a edidi so yi.

Kae Yesu Wu No

Wohwɛ video yi a, wubehu ɔkwan a yɛbɛfa so akae Yesu wu no. Wobɛsan ahu daakye papa a Yesu wu no nti yebetumi anya.

Adɛn Nti Na Yesu Wui?

Ebia woate sɛ yɛn bɔne nti na Yesu wui. Nanso ɛyɛ dɛn na ɔbaakofo wu tumi boa nnipa ɔpepem bebree?

Ɛdeɛn na Yɛyɛ wɔ Ahennie Asa So?

Hwɛ video yi, na wubehu.

Twe krataa a yɛde to nsa frɛ nkurɔfo no bi.