Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmabun Bisa Sɛ—Ɛdɛn Na Mede M’asetena Bɛyɛ?

Ɛsɛ sɛ ɔbabun biara a ɔyɛ Kristoni bisa ne ho sɛ, ‘Ɛdɛn na mede m’asetena bɛyɛ?’ Ná aberante bi a ne din de Andre nhu nea ɔnyɛ wɔ n’asetenam. Nneɛma mmienu na na esi n’ani so. Emu nea ɛwɔ he na na ɛbɛma n’ani agye? Ná ato no adwinnwen. Dɛn na na ɔbɛyɛ? Worehwɛ video no a, botae ahorow a w’ankasa wode asisi w’ani so no, tɔ wo bo ase susuw ho. Video afoforo ka wei ho, wɔabisabisa mmabun a wofi aman horow so nsɛm wom. Emu nsɛm no betumi aboa wo ma woanya adwene foforo koraa wɔ nea wopɛ sɛ woyɛ wɔ w’asetenam no ho.