Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Enti “Kristofo” Nyinaa Yɛ Kristofo Ampa?

Enti “Kristofo” Nyinaa Yɛ Kristofo Ampa?

Enti “Kristofo” Nyinaa Yɛ Kristofo Ampa?

KRISTOFO dodow ahe na wɔwɔ wiase? Kristosom ho nhoma bi (Atlas of Global Christianity) ka sɛ, afe 2010 mu no, na Kristofo bɛyɛ ɔpepepem 2 ne akyi na wɔwɔ wiase nyinaa. Nhoma no ara san ka sɛ, saa Kristofo no wɔ asɔre bɛboro 41,000 mu, na ɛsono emu biara abrabɔ ho mmara ne wɔn nkyerɛkyerɛ. Sɛnea “Kristofo” asɔre ayɛ bebree no ama nnipa binom adwene atu afra anaa wonhu papa a ɛwom no, na ntease wom sɛ aba saa. Ebia wobebisa wɔn ho sɛ, ‘Enti wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo no, wɔn nyinaa yɛ Kristofo ampa?’

Momma yensusuw asɛm yi ho wɔ ɔkwan foforo so. Sɛ ɔkwantuni du ɔman foforo hye so a, ahye so ahwɛfo no taa ma ɔkyerɛ ɔman a ofi so. Wɔma ɔde biribi te sɛ akwantu tumi krataa anaa paspɔt kyerɛ sɛ nea ɔreka no yɛ ampa. Saa ara na sɛ obi ka sɛ ɔyɛ nokware Kristoni a, ɛnyɛ n’ano nko na ɔde bɛka sɛ ogye Kristo di. Ɛsɛ sɛ onya biribi foforo de kyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoni ampa. Ade foforo no ne dɛn?

Afe 44 Y.B. akyi hɔ baabi na wofii ase frɛɛ ebinom “Kristofo.” Bible abakɔsɛm kyerɛwfo Luka kyerɛwee sɛ: “Antiokia na wodii kan frɛɛ asuafo no Kristofo wɔ Onyankopɔn akwankyerɛ ase.” (Asomafo Nnwuma 11:26) Hyɛ no nsow sɛ wɔn a wɔfrɛɛ wɔn Kristofo no, na wɔyɛ Kristo asuafo. Dɛn na ɛma obi yɛ Yesu Kristo suani? Nyamesom nhoma bi (The New International Dictionary of New Testament Theology) kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ obi yɛ Yesu suani a, ɛkyerɛ sɛ nsu mu oo, owia mu oo, ɔde ne ho nyinaa bɛma no . . . ne nkwa nna nyinaa.” Enti sɛ obi yɛ nokware Kristoni a, ɛkyerɛ sɛ owu mu oo, nkwa mu oo, odi Yesu a ɔde Kristosom bae no nkyerɛkyerɛ ne n’akwankyerɛ akyi pɛpɛɛpɛ.

Nnipa pii a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo nnɛ no, yebetumi ahu nkurɔfo a wodi Yesu akyi pɛpɛɛpɛ saa wɔ wɔn mu anaa? Dɛn na Yesu ankasa kae sɛ yɛde behu wɔn a wɔyɛ n’asuafo paa no? Yɛpɛ sɛ wohwɛ sɛnea Bible ama nsɛmmisa yi ho mmuae. Yesu kaa nsɛm anum bi a ɛda adi wɔ n’akyidifo ho ma yehu sɛ wɔyɛ Kristofo ampa. Yɛbɛka ho asɛm wɔ afã a edidi so no mu. Yɛbɛhwɛ sɛnea tete Kristofo no de nsɛm no yɛɛ adwuma. Afei yɛbɛhwɛ nnipa pii a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo nnɛ no ahwɛ sɛ yebehu wɔn a wɔredi saa nhwɛso no akyi anaa.