ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM June 2015

Adesua nsɛm a yɛbɛsua fi July 27 kɔsi August 30, 2015 wɔ nsɛmma nhoma yi mu.

Kristo—Onyankopɔn Tumi

Ɛnyɛ tete Israelfo no nko ara na wɔnyaa anwonwade a Yesu yɛe no so mfaso, na mmom ɛma yɛhu nea ɔbɛyɛ ama adesamma nnansa yi ara nso.

Ná Yesu Dɔ Nnipa

Dɛn na ɔkwan a Yesu faa so yɛɛ anwonwade ahorow no ma yɛhu fa sɛnea ɔte nka ho?

Yɛbɛtumi Akura Yɛn Ahotew Mu

Bible ma yɛhu nneɛma mmiɛnsa a ɛbɛtumi aboa yɛn ma yɛako atia akɔnnɔ bɔne.

“Mohia Boasetɔ”

Yehowa ama yɛn nneɛma nnan bi a ɛbɛtumi aboa wo ma woagyina sɔhwɛ anaa nsɛnnennen ano.

Fa Mpae a Yesu Kyerɛe no Mu Nsɛm Bɔ Wo Bra—Ɔfã 1

Adɛn nti na Yesu de “Yɛn Agya” fii mpaebɔ yi ase na wanka sɛ “M’Agya”?

Fa Mpae a Yesu Kyerɛe no Mu Nsɛm Bɔ Wo Bra—Ɔfã 2

Sɛ yɛsrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma yɛn ɛnnɛ aduane a, na ɛnyɛ nea yɛresrɛ ne sɛ ɔmma yɛn nkutoo aduane.