ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM May 2014

Ɔwɛn-Aban yi kyerɛ akwan mmiɛnsa a yebetumi afa so abua nsɛm a nkurɔfo bisa wɔ asɛnka mu ma atɔ asom. Adɛn nti na ɛho hia sɛ yɛkɔ so de yɛn ho fam Onyankopɔn ahyehyɛde no ho?

‘M’aduan Ne sɛ Mɛyɛ Onyankopɔn Apɛde’

Ná Ɔhene Dawid, ɔsomafo Paulo, ne Yesu Kristo ani gye ho sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde. Sɛ yɛn asasesin mu adwuma yɛ den a, yɛbɛyɛ dɛn akanyan ahokeka a yɛde yɛ asɛnka adwuma no?

Sɛn na ‘Ɛsɛ sɛ Yebua Obiara’?

Sɛ nkurɔfo bisa nsɛm wɔ asɛnka mu a, yɛbɛyɛ dɛn ne wɔn asusuw Kyerɛwnsɛm no ho ma atɔ asom? Hwɛ akwan mmiɛnsa a yebetumi afa so ama mmuae a ɛtɔ asom.

Momma Yennya Tema Mma Yɛn Atiefo

Sɛn na ɛsɛ sɛ yɛne obiara a yehyia no wɔ asɛnka mu di? Ɔkwan bɛn so na Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 7:12 ka yɛn asɛnka adwuma no?

ASETENAM NSƐM

Yehowa Aboa Me Paa

Kenneth Little ka sɛnea Yehowa Nyankopɔn aboa no ma wadi fɛre so na wanya akokoduru. Hwɛ sɛnea Onyankopɔn ahyira no wɔ n’asetenam.

Yehowa wɔ Nhyehyɛe wɔ Biribiara Ho

Sɛ yɛhwɛ tete Israelfo ne Kristofo a wodi kan no abakɔsɛm a, dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa ahyehyɛ n’asomfo a wɔwɔ asase so nnɛ?

Yehowa Ahyehyɛde no Rekɔ N’anim—Wo ne no Rebɔ Anan?

Ɛrenkyɛ Harmagedon bɛsɛe Satan wiase bɔne no. Adɛn nti na ehia paa sɛ yɛkɔ so de yɛn ho fam Onyankopɔn ahyehyɛde no ho?

TETE WƆ BI KA

“Otwa Adwuma no Nsae Koraa”

Yehowa Adansefo bɛboro 760,000 reka asɛmpa no wɔ Brazil. Ɛyɛɛ dɛn na Bible asuafo no fii otwa adwuma no ase wɔ South America?