ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM March 2014

Ɔwɛn-Aban yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea yɛbɛpa yɛn ho akyi na yɛn ani agye Yehowa som mu. Yɛbɛyɛ dɛn ahwɛ anuanom ne abusuafo a wɔanyinyin?

Abusuafo a Wonnye Nni—Wobɛyɛ Dɛn Aka Wɔn Koma?

Yɛhwɛ sɛnea Yesu ne n’abusuafo dii a, dɛn na yesua fi mu? Sɛ yɛwɔ abusuafo a wɔn som nko anaa wonni ɔsom biara mu a, yɛbɛyɛ dɛn aka asɛm no akyerɛ wɔn?

‘Pa Wo Ho Akyi’

Ɔtamfo nitefo bi wɔ hɔ a odidi yɛn ase na ɔmpɛ sɛ yɛpa yɛn ho akyi. Adesua asɛm yi bɛma yɛahu ɔtamfo no. Bio, ɛbɛboa yɛn ma yɛahu sɛnea yɛde Bible mu nsɛm bɛko atia no.

Yɛbɛyɛ Dɛn De Anigye Asom Yehowa?

Adɛn nti na ɛyɛ den ma ebinom sɛ wobehu wɔn ho sɛnea Yehowa hu wɔn? Adesua yi bɛma yɛahu sɛnea Bible betumi aboa yɛn ma yɛde anigye asom Yehowa.

Abusua Som—Wobɛyɛ Dɛn Ama Ayɛ Anika?

Hwɛ sɛnea ebinom yɛ no wɔ aman foforo so na wubenya nyansahyɛ pii a ɛbɛboa wo.

Di Nkwakoraa ne Mmerewa Ni

Hwɛ adwene a Onyankopɔn wɔ wɔ nkwakoraa ne mmerewa ho. Dɛn na mma betumi ayɛ ama wɔn awofo a wɔabɔ nkwakoraa ne mmerewa? Dɛn na asafo no betumi ayɛ de akyerɛ sɛ wodi anuanom nkwakoraa ne mmerewa ni?

Nea Yɛbɛyɛ De Ahwɛ Nkwakoraa ne Mmerewa

Awofo ne wɔn mma betumi asusuw ho ahwɛ nea wobetumi ayɛ ansa na “nna bɔne no” aba. Dɛn na abusua no betumi ayɛ de agyina emu nsɛnnennen ano?

W’anom Asɛm—‘Ɛyɛ Yiw San Yɛ Dabi’?

Ɛsɛ sɛ nokware Kristofo di wɔn asɛm so, na ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn ‘yiw dan dabi.’ Sɛ ɛho behia sɛ wutwa nhyehyɛe bi mu a, dɛn na wobɛyɛ? Hwɛ nea ɔsomafo Paulo yɛe na sua biribi fi mu.