ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM June 2013

Nsɛmma nhoma yi bɛma yɛahu Yehowa su ahorow bi a yɛntaa nsusuw ho na yɛakyerɛ ho anisɔ.

ASETENAM NSƐM

Matie Yehowa Anya Nhyira Pii

Kenkan Elisa Piccioli asetenam nsɛm. Ɔhaw a wahyia, afɔre a wabɔ ne nneɛma a wahwere nyinaa akyi no, ɔmpaa abaw.

Yehowa Su Yɛ Fɛ—Kyerɛ Ho Anisɔ

Yɛka sɛ obi anim kɔ nyɛ den anaa ɔnyɛ animhwɛ a, dɛn na ɛkyerɛ? Sɛ yesusuw Yehowa su ahorow ho a, ɛbɛboa yɛn ma yɛanya ne su no bi.

Yehowa Su Yɛ Fɛ—Ne Yam Ye, Ɔwɔ Ntease

Yehowa ne ɔyamyefo ne obi a ɔwɔ ntease sen obiara. Sɛ yesua ne su ahorow yi a, ɛbɛboa yɛn ma yɛada ne su no bi adi.

Yehowa Su Yɛ Fɛ—Ɔyɛ Nokwafo, Ɔde Bɔne Firi

Yɔnko berɛbo yɛ nokwafo na ɔde bɔne firi. Yesuasua Yehowa a, yebetumi ada su ahorow yi adi.

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Henanom ne “nokware Nyankopɔn mma” ne “ahonhom a wɔwɔ afiase” a Bible ka wɔn ho asɛm no?

Gye Yehowa Nteɛso Tom, Ma Ɔnwene Wo

Yehowa, “yɛn Nwemfo,” anwene nkurɔfo ne aman mpo. Dɛn na yebetumi asua afi eyi mu, yɛbɛyɛ dɛn ma wanwene yɛn nnɛ anya so mfaso?

Mpanyimfo—Monnwudwo “Ɔkra a Wabrɛ”

Dɛn na mpanyimfo yɛ ansa na wɔakɔsra wɔn nuanom? Mpanyimfo betumi ama onua bi a wabrɛ anaa n’abam abu “honhom mu akyɛde” de ahyɛ no nkuran.

So Wokae?

So woatɔ wo bo ase akenkan Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi no? Hwɛ sɛ wubetumi akae bi a.