ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM March 2013

Nsɛmma nhoma yi bɛma Kristofo nyinaa ahu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ na wɔakɔ so atu nkwa mmirika no. Ɛbɛboa yɛn ma yɛahu nea ɛwɔ yɛn komam ne sɛnea yebehu yɛn Nyankopɔn Yehowa yiye.

Wɔn a Wɔdɔ Yehowa De, “Biribiara Nto Wɔn Hintidua”

Dɛn nti na yebetumi aka sɛ wɔn a wɔdɔ Yehowa mmara de, biribiara nto wɔn hintidua? Hwɛ nea ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so atu nkwa ho mmirika no.

Wowɔ ‘Koma a Wode Behu’ Yehowa?

Odiyifo Yeremia asɛm no betumi aboa yɛn ma yɛanya koma a ɛte apɔw na yɛahwɛ so.

Afei a “Moabehu Onyankopɔn” Yi—Dɛn Bio?

Hwɛ nea enti a ɛsɛ sɛ daa wopɛɛpɛe wo gyidi ne ɔsom a wode ma Yehowa Nyankopɔn mu.

Hyɛ Wo Ho Den na Hyɛ Afoforo Den

Yare bɔ yɛn nyinaa; ebinom de mu yɛ den paa. Sɛ yɛkɔ ahohia a ɛte saa mu a, yɛbɛyɛ dɛn agyina ano?

Yehowa Ne Yɛn Tenabea

Yɛte wiase bɔne mu, nanso dɛn nti na yɛwɔ ahotoso sɛ Yehowa bɛbɔ ne nkoa ho ban?

Hyɛ Yehowa Din Kɛse no Anuonyam

Wubu hokwan a woanya de Yehowa din redi dwuma no dɛn? Dɛn na ɛkyerɛ sɛ yenim Onyankopɔn din na yɛrenantew din no mu?

Josephus Ankasa na Ɔkyerɛwee?

Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Flavius Josephus ankasa na ɔkyerɛw asɛm a wɔato din Testimonium Flavianum no?

Mpa abaw!

Sɛ wo ne obi resua ade na ogyae a, mpa abaw; daakye obetumi abegye nokware no. Hwɛ sɛnea saafo no bi begyee nokware no ne nea enti a wɔyɛɛ saa.