Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Nneɛma a Ɔyɛe no Di N’akyi’

‘Nneɛma a Ɔyɛe no Di N’akyi’

‘Nneɛma a Ɔyɛe no Di N’akyi’

THEODORE JARACZ a ɔyɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni no wiee ne som adwuma wɔ asase so Wukuda, June 9, 2010, anɔpa. Odii mfe 84, na ogyaw ne yere Melita a ɔne no aware mfe 53 no wɔ akyi. Afoforo nso a ogyaw wɔn wɔ akyi ne ne nuabea biako ne ne wɔfasenom baasa, ɔbarima biako ne mmea baanu.

Wɔwoo Onua Jaracz September 28, 1925, wɔ Pike County a ɛwɔ Kentucky, U.S.A., na ɔde nsu mu asubɔ yɛɛ ne ho so a ohyira maa Yehowa no ho sɛnkyerɛnne bere a na wadi mfe 15 wɔ August 10, 1941. Mfe abien akyi, bere a na wadi mfe 17 no, ofii daa akwampae adwuma ase, na saa na ofii bere nyinaa som adwuma a ɔde bɛyɛ mfe 67 yɛe no ase.

Onua Jaracz kɔɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu adesuakuw a ɛto so ason no bi wɔ afe 1946 mu bere a na wadi mfe 20. Bere a Onua Jaracz wiee sukuu no, wɔma ɔkɔyɛɛ ɔhwɛfo kwantufo wɔ Cleveland a ɛwɔ Ohio, United States, no mpɔtam. Wɔ afe 1951 mu no, wɔma ɔkɔhwɛɛ Australia baa dwumadibea no dwumadi so. Afe 1983 Yearbook of Jehovah’s Witnesses bɔɔ amanneɛ sɛ Onua Jaracz “nam nsi a ɔde hwɛ maa teokrase nhyehyɛe kɔɔ so pɛpɛɛpɛ ne asɛnka adwuma a odii anim yiye no so hyɛɛ anuanom a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa nkuran.”

Bere a Onua Jaracz san kɔɔ United States no, ɔwaree Melita Lasko wɔ December 10, 1956. Wɔde akwantu adwuma no na efii wɔn aware ase, na wɔde nsi som amansin ne amantam a ɛwɔ United States fã kɛse no ara. Wɔ afe 1974 awiei no, wɔtoo nsa frɛɛ Onua Jaracz ma ɔbɛyɛɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni.

Yɛbɛkɔ so akae Onua Jaracz sɛ Yehowa somfo a ɔyɛ nsi a odi nokware na ɔde ne koma nyinaa sii Onyankopɔn som adwuma no so. Ná ɔyɛ okunu a ɔwɔ ɔdɔ ne tema, na na ɔyɛ ɔbarima a Onyankopɔn honhom kyerɛ no kwan a ɔde afoforo ahiade di n’ankasa de anim. (1 Kor. 13:4, 5) Nea ɛma yehu sɛ na ɔde afoforo ahiade di n’ankasa de anim ne sɛnea na n’ani gye ho paa sɛ yɛne nnipa nyinaa bedi no yiye na yɛahu wɔn mmɔbɔ no. Afei nso, nsi a na ɔde yɛ asɛnka adwuma no na ɛma yehu ɔdɔ kɛse a na ɔwɔ ma nkurɔfo ne sɛnea na afoforo ho hia no no.

Ɛwom sɛ Onua Jaracz a ɔyɛ Betel abusua no muni a ɔyɛ nsi a yɛdɔ no na ɔka anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa ho a yɛahwere no no ama yɛn werɛ ahow paa de, nanso yɛn ani agye sɛ ɔde nokwaredi asom Yehowa mfe pii. Yɛwɔ ahotoso sɛ ‘odii nokware kosii owu mu, na wanya nkwa abotiri’ no. (Adi. 2:10) Yegye di nso sɛ ‘nneɛma a ɔyɛe no di n’akyi.’—Adi. 14:13.