Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn na Ɛma W’asetra Di Mũ?

Dɛn na Ɛma W’asetra Di Mũ?

Dɛn na Ɛma W’asetra Di Mũ?

NÁ Kenny ne adwumakuw bi a sika wom na ɛyɛ adwuma. Ná ɔwɔ kar a ne bo yɛ den ne n’ankasa fie wɔ asikafo atrae wɔ kurow kɛse bi mu. Sɛ́ obi a onim sɛnea wohuruw fi wimhyɛn mu besi fam yiye no, na baabi a ɛwɔ sorosoro saa a obefi ahuruw asi fam no ma n’ani gye. So eyi ma onyaa akomatɔyam? Nsɛmma nhoma bi kyerɛ sɛ, ɔkae sɛ: “Madi mfe 45, na minnim nea m’asetra rekowie . . . M’asetra nni mũ.”—The Wall Street Journal.

Elyn bɔɔ ne ho mmɔden bɛyɛɛ obi a onim nsukyenee so agodie yiye. Awiei koraa no, eyi ma obegyee din. Elyn nyaa anuonyam a na ɔhwehwɛ no. Nanso ɔbɔɔ abubuw sɛ, “Mannya anigye a na misusuw sɛ menya no. Metee nka sɛ mayɛ ankonam ankasa. Ɛdan sɛ ɔbo a, mɛbɔ aberewa, na ɛmfa ho sɛ mewɔ sika no, sɛ nea mehwehwɛ wɔ asetra mu ara ni a, ɛnde na mabrɛ agu.”

Hideo yɛ obi a na n’ani so ade yɛ fɛ, enti ɔde ne bere nyinaa yɛɛ mfonini ahorow. Wantɔn ne mfonini a ɔyɛe no mu biara efisɛ na osusuw sɛ ɔtɔn a, ɛbɛtew sɛnea ɛsom bo no so. Bere a odii mfe 98 a na ne nkwa rekɔ awiei no, ɔde ne mfonini a ɔyɛe no mu dodow no ara mae sɛ wɔmfa ngu tete nneɛma akorae. Ɔde ne bere nyinaa yɛɛ mfonini. Nanso wannya akomatɔyam, efisɛ na osusuw sɛ sɛ ɔyɛ dɛn ara a, ɔrentumi nyɛ mfonini a edi mu sɛnea ɔpɛ.

Nnipa binom nso bɔ mmɔden de wɔn bere ne wɔn ahode boa afoforo paa. Sɛ nhwɛso no, susuw obi a na ɔyɛ panyin wɔ baabi a wɔyɛ sini wɔ Hollywood no ho hwɛ. Sɛ́ nnwumakuw akɛse a wɔyɛ sini wɔ Amerika no mu biako titirani abadiakyiri no, ɔne wɔn a wɔagye din wɔ sini mu na ɛbɔe, na na ɔte asikafo atrae. Bere bi a ɔkɔɔ Cambodia nsrahwɛ na ɔte adidibea bi a ɛwɔ Phnom Penh redidi no, abeawa bi bɛsrɛɛ no sika. Ɔmaa no dɔla biako ne nsã dɔkɔdɔkɔ. Abeawa no ani gyei. Nanso da a edi hɔ anadwo no, abeawa no san bae bɛsrɛɛ sika. Ohui sɛ abeawa no hia mmoa kɛse sen sika kɛkɛ a ɔde bɛma no.

Afe akyi no, adwumam panyin yi yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛsesa n’adwuma. Ɔyɛe sɛ obegyae adwumakuw a wɔyɛ sini a ɔne wɔn yɛ adwuma no na wakɔboa ahiafo a wɔwɔ Cambodia. Ɔtew sukuu a na ɛma sukuufo no nya baabi da, nya aduan di, na wosua nhoma. Ne nyinaa akyi no, ɛnyɛ bere nyinaa na na n’ani gye. Ɛtɔ da bi a, na onya anigye ne akomatɔyam esiane nea ɔreyɛ de aboa ahiafo nti, nanso bere koro no ara na nsɛnnennen a ɔkɔ so hyia a na ɛsɛ sɛ odi ho dwuma no ma n’abam bu na ne werɛ how.

Nnipa baanan a yɛaka wɔn ho asɛm yi nyinaa susuwii sɛ wonim nea na wɔrehwehwɛ wɔ asetra mu. Nanso ɛmfa ho sɛ wɔyɛɛ adwumaden na awiei koraa wonyaa nea na wɔrehwehwɛ no, wɔn asetra anni mũ. Dɛn na worehwehwɛ wɔ asetra mu? Dɛn na ɛho hia wo paa wɔ asetra mu? Wugye di sɛ akyiri yi worennu wo ho wɔ sɛnea wobɔ wo bra no ho?