Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ Nea Ɛteɛ?

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ Nea Ɛteɛ?

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ Nea Ɛteɛ?

ƆBARIMA nhomanimfo bi kae bere bi sɛ: “Ɔpɛ no de ɛwɔ hɔ, nanso tumi a mede bɛyɛ papa no nni hɔ. Na papa a mepɛ no, menyɛ, na bɔne a mempɛ no, ɛno mmom na meyɛ.” Dɛn nti na na ɛyɛ den ma ɔbarima yi sɛ ɔbɛyɛ nea ɛteɛ? Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Enti mihu mmara yi wɔ me ho: sɛ bere a mepɛ sɛ meyɛ nea ɛteɛ no, bɔne na ɛwɔ me ho. Na me mu de, m’ani gye Nyankopɔn mmara ho yiye, nanso mihu mmara foforo bi wɔ m’akwaa mu a ɛne m’adwene mu mmara ko na ɛfa me dommum ma bɔne mmara a ɛwɔ m’akwaa mu no.”—Romafo 7:18, 19, 21-23.

Ɔsomafo Paulo nsɛm yi a ɔkyerɛw no bɛyɛ mfe 2000 a atwam ni no ma yehu nea enti a ɛyɛ den ma nnipa a wɔnyɛ pɛ sɛ wɔbɛyɛ nea ɛteɛ no! Egye animia ankasa na obi atumi ayɛ nea ɛteɛ bere a ɔwɔ ahokyere mu no. Enti ɛfata sɛ yebisa sɛ, Dɛn paa nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea ɛteɛ?

Susuw nea Kyerɛwnsɛm no ka fa obi a ɔbɔ bra pa no daakye ho hwɛ. Yɛkenkan wɔ Dwom 37:37, 38 sɛ: “Kari onipa a ɔyɛ pɛ, na hwɛ nea ɔteɛ: sɛ saa onipa no awiei yɛ asomdwoe. Na mmaratofo de, wɔbɛsɛe wɔn nyinaa prɛko, abɔnefo ase de, wobegu.” Mmebusɛm 2:21, 22 nso ka sɛ: “Tẽefo na ɛbɛtra asase no so, na wɔn a wɔyɛ pɛ no na ɛbɛtra mu; na wobegu abɔnefo ase afi asase so na wɔatu nkontompofo afi so.”

Ɛwom sɛ bɔhyɛ ahorow yi ne afoforo a ɛwɔ Bible mu no hyɛ yɛn nkuran ma yɛkɔ so yɛ nea ɛteɛ wɔ Onyankopɔn ani so de, nanso ɛnyɛ eyinom titiriw nti na yɛyɛ adetrenee. Nea enti a ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea ɛteɛ no yɛ asɛm bi a ɛfa abɔde a wɔwɔ nyansa nyinaa ho ankasa. Asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛkyerɛ asɛm ko ne sɛnea ɛfa yɛn ho no mu.