Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bɔne Abunkam Papa So

Bɔne Abunkam Papa So

Bɔne Abunkam Papa So

WƆ NNƐ wiase no, ɛreyɛ ayɛ sɛ nea nnipa kakraa bi pɛ na wɔpɛ sɛ wɔboa afoforo. Nanso, ebinom da so wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ biribi de aboa afoforo. Afe biara, nnipa pii yi dɔla ɔpepepem pii de yɛ afoforo adɔe. Sɛ nhwɛso no, sika a ebinom yi de yɛɛ adɔe wɔ Britain wɔ afe 2002 mu no si Amerika dɔla ɔpepepem 13. Ɛdɔɔso sen sika a nkurɔfo ayi de aboa wɔ mfe a abɛsen kɔ mu biara. Efi afe 1999 no, adɔeyɛfo du na wɔayi anaasɛ wɔahyɛ bɔ sɛ wobeyi sika bɛboro Amerika dɔla ɔpepepem 38 aboa ahiafo.

Nnwuma pa a adɔeyɛfo ayɛ no bi ne sɛ, wɔfa mmusua a wonni sika a wɔde betua wɔn ayaresa ho ka, wɔkyerɛkyerɛ mmofra a ɔwofo biako pɛ na ɔhwɛ wɔn, wɔfa nnuru a wɔde siw yare ano wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii mu ho ka, wɔkyekyɛ nhoma ma ahiafo mma a wonni bi, wɔkyekyɛ ayɛmmoa ma akuafo a wɔwɔ aman a wodi hia mu, na wɔde nneɛma kɔboa wɔn a atoyerɛnkyɛm ama wɔn ho akã nso.

Nea yɛaka ho asɛm yi ma yehu sɛ nnipa betumi aboa afoforo. Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa bi nso wɔ hɔ a wɔyɛ nneɛma a ɛyɛ abofono ankasa.

Bɔne Redɔɔso

Efi bere a Wiase Ko II baa awiei no, wɔatɔre mmusuakuw ase, na esiane amanyɔsɛm nti wɔakunkum nnipa pii nso; bɛyɛ 50 na asisi a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ. American Political Science Review (Amerika Amanyɔsɛm Ho Nsɛm) nsɛmma nhoma ka sɛ, ‘Saa awudisɛm a asisi yi ama nnipa bɛyɛ ɔpepem 34 ahwere wɔn nkwa, nnipa dodow a wɔahwere wɔn nkwa no dɔɔso sen wɔn a wɔahwere wɔn nkwa wɔ ɔmanko ne amanaman ntam akodi mu fi afe 1945.’

Efi afe 1950 besi afe 2000 mu no, wɔakunkum nnipa ɔpepem 2.2 wɔ Cambodia esiane amanyɔsɛm nti. Nitan a ɛwɔ mmusua ntam wɔ Rwanda maa mmarima, mmea, ne mmofra bɛboro 800,000 hweree wɔn nkwa. Akodi a ɛkɔɔ so wɔ Bosnia a na nyamesomfo ne amanyɔfo hyɛ akyi no maa wokunkum nnipa bɛboro 200,000.

Wɔ afe 2004 mu no, Amanaman Nkabom kyerɛwfo panyin no daa nneɛma bɔne a ɛrekɔ so nnansa yi adi. Ɔkae sɛ: “Wɔahyɛ da akunkum ɔmanfo yayaayaw wɔ Iraq, na wɔakyere adwumayɛfo a wɔboa wɔn a wɔakɔ ahokyere mu, nsɛnkyerɛwfo ne ɔmanfo afoforo asie na wɔakunkum wɔn atirimɔden so ankasa. Bere koro no ara nso, wɔayɛ Iraq nneduafo ayayade a ɛyɛ aniwu. Wɔ Darfur nso, wɔama nnipadɔm abɔ asesa, na wɔasɛe wɔn afie, na bere koro no ara nso wɔhyɛ da to nkurɔfo mmonnaa. Wɔ Uganda atifi fam nso, wɔadi mmofra dɛm, na wɔahyɛ wɔn ma wɔde wɔn ho ahyɛ atirimɔdensɛm a enni ano mu. Wɔafa mmofra nnommum wɔ Beslan, na wɔakunkum wɔn yayaayaw.”

Wɔ aman a wɔn na wose wodi yiye mpo mu no, mmusua ntam nitan rekɔ so denneennen. Sɛ nhwɛso no, Independent News bɔɔ amanneɛ wɔ afe 2004 mu sɛ, “nnipa a wɔsɔre tiaa wɔn anaa wɔyɛɛ wɔn ayayade esiane sɛ wofi ɔman foforo so no bu bɔɔ ho mpɛn dubiako wɔ mfe du a abɛsen kɔ mu” wɔ Britain.

Adɛn nti na nnipa a wobetumi ayɛ ade pa pii yɛ nneɛma bɔne saa? So bɔne befi hɔ da bi? Sɛnea asɛm a ɛtoa so no kyerɛkyerɛ mu no, Bible no wɔ nsɛmmisa a ɛkyere adwene yi ho mmuae a ɛma akomatɔyam.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]

COVER: Mark Edwards/Still Pictures/Peter Arnold, Inc.