So Wopɛ sɛ Wotra Wiase a Ehu Nnim Mu?
So Wopɛ sɛ Wotra Wiase a Ehu Nnim Mu?
“Yɛwɔ ‘asetra bi a emu yɛ hu yiye paa mu a . . . bere biara yɛhwɛ kwan sɛ ɔhaw a yentumi nyɛ ho hwee . . . ne asiane a ɛmmɔ kɔkɔ betumi aba mpofirim.’”
NSƐM a woyi fii Newsweek nsɛmma nhoma a ɛbaa afe a etwaam no mu yi da sɛnea nnipa pii a wɔwɔ nnɛ wiase bɔne yi mu no te nka fa no adi. Yesu Kristo daa no adi sɛ ehu a ɛte saa bɛyɛ kɛse daakye a enni akyiri. Ɔkaa bere a amanaman ho bɛyeraw wɔn a wɔrenhu nea wɔbɛyɛ na ehu bɛma nnipa atotɔ beraw esiane nneɛma a wɔhwɛ a ɛreba wiase no nti ho asɛm. Nanso, yɛn de ɛho nhia sɛ yesuro anaa yɛte nka sɛ yenni mmoa biara, efisɛ Yesu de kaa ho sɛ: “Na nneɛma yi refi ase aba a, monhwɛ ɔsoro na momma mo ti so, efisɛ mo gye rebɛn.”—Luka 21:25-28.
Bere a Yehowa Nyankopɔn rekyerɛ sɛnea ne nkurɔfo asetra bɛyɛ wɔ asase so bere a wɔagye wɔn akyi no, ɔkae sɛ: “Me man bɛtra asomdwoe fi, ne ahotɔ trabea, ne kommyɛ homebea.” (Yesaia 32:18) Yehowa nam ne diyifo Mika so kae sɛ: ‘Wɔbɛtratra wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obi bi renyi wɔn hu, efisɛ asafo Yehowa ano na aka.’—Mika 4:4.
Ɛnte sɛ asetra a ɛwɔ hɔ nnɛ no koraa! Ɛremfa nnipa nkwa nto asiane mu. Sɛ anka yebehyia ɔhaw a yentumi nyɛ ho hwee bere nyinaa no, yebenya asomdwoe ne anigye daa.