Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wodi Nkurɔfo Adanse Wɔ Wɔn Adwumam

Wodi Nkurɔfo Adanse Wɔ Wɔn Adwumam

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Wodi Nkurɔfo Adanse Wɔ Wɔn Adwumam

DƐN na na asomafo Mateo, Petro, Andrea, Yakobo, ne Yohane di nsɛ wom? Yesu frɛɛ wɔn mu biara fii n’adwumam. Bere a Yesu too nsa frɛɛ Petro, Andrea, Yakobo ne Yohane sɛ ‘wommedi n’akyi’ no, na wɔreyɛ wɔn mpataayi adwuma a adagyew nnim koraa. Wɔfrɛɛ Mateo sɛ ɔmmɛyɛ Yesu kyidifo no, na ɔwɔ towgyefo adwumayɛdan mu.—Mateo 4:18-21; 9:9.

Mfaso betumi afi nkurɔfo a wodi wɔn adanse wɔ wɔn adwumam no so aba. Eyi a Yehowa Adansefo a wɔwɔ Japan hui no maa wɔde wɔn ho hyɛɛ saa ɔsom adwuma fã yi mu denneennen nnansa yi. Dɛn na efii mu bae? Wɔ asram kakraa bi mu no, wotumi yɛɛ sankɔhwɛ mpempem pii, na wofii ase yɛɛ Bible adesua bɛyɛ 250. Wode susuw osuahu ahorow a edidi so yi ho hwɛ.

Bere nyinaa somfo bi a ɔwɔ Tokyo hyiaa adidibea sohwɛfo bi a na ɔne Ɔdansefo bi akasa pɛn bɛyɛ mfe 30 ni bere a na ɔkɔ sukuu no. Ɛwom sɛ adidibea sohwɛfo no ante nkɔmmɔ a wɔbɔe saa bere no ase papa de, nanso n’ani begyee Bible no ho. Enti bere a wɔsan kɔkanyan n’anigye no, wantwentwɛn ne nan ase koraa na ɔpenee so sɛ wɔne no nyɛ Bible adesua wɔ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no mu. * Bio nso, n’ankasa yɛɛ nhyehyɛe a ɔde kenkan Bible no anwummere biara ansa na wada.

Ɔkwampaefo titiriw bi kɔɔ adwuma bi mu. Ɛwom sɛ bere a ɔfrɛ fii faako a wogye ahɔho no na adwuma no mu panyin no nni hɔ de, nanso awuraa a ɔfaa telefon no bisae sɛ, “So wobɛpɛ sɛ wode w’akyi begyaw me anaa?” Bere a ɔne awuraa no twetwee nkɔmmɔ kakraa wɔ telefon so no, awuraa no fii faako a ɔwɔ no baa baabi a wogye ahɔho no na ɔkae sɛ n’ani gye ho sɛ ɔbɛkenkan Bible no. Ɔkwampaefo titiriw no yɛɛ nhyehyɛe de Bible kɔmaa no maa wofii Bible adesua ase. Ná wɔyɛ adesua no anɔpatutuutu wɔ baabi a ɛbɛn awuraa no adwumam hɔ ansa na wɔahyɛ adwuma ase.

Wɔ adwuma foforo mu nso, owura bi hui sɛ ne yɔnko dwumayɛni bi gyee Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no bi nanso bere a Ɔdansefo no kɔe ara pɛ na saa odwumayɛni no tow guu baabi. Bere a owura no kɔɔ fie no, ɔkaa nea esii no kyerɛɛ ne yere a ɔyɛ Ɔdansefo no na ɔde kaa ho sɛ sɛ ɛyɛ ɔno a, anka obetie Ɔdansefo a ɔbaa wɔn adwumam hɔ no kakra. Owura no babea a asɛm no twaa n’asom no kɔkaa nea ɔtee no kyerɛɛ Ɔdansefo bi a ɔyɛ asɛnka adwuma wɔ saa beae hɔ no. Ɔdansefo no antwentwɛn ne nan ase koraa na ɔkɔsraa owura no wɔ n’adwumam na ɔne no fii ase suaa Bible no. Ankyɛ na owura no fii ase kɔɔ asafo nhyiam a wɔyɛ no Kwasida no daa.

Mfaso foforo nso afi nkurɔfo a wodi wɔn adanse wɔ wɔn adwumam no so aba. Adansefo a wɔwɔ Japan no pii ho abɛkokwaw wɔ sɛnea wɔyɛ sankɔhwɛ wɔ sotɔɔ, adwinnan ne adwumayɛdan ahorow mu. Bio nso, wɔnam saa kwan a wɔfa di adanse yi so akohu Adansefo a na wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ayɛ basaa no, na wɔasan ne wɔn afi ase resua ade. Aba pa pii na asow. Nnansa yi, asafo bi a ɛwɔ Tokyo mfinimfini fam buu akontaa sɛ wɔyɛɛ Bible adesua 108, a na ɛboro nea wɔyɛe afe a etwaam no so mmɔho abien.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Yehowa Adansefo na wotintimii.