Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wubetumi Agye Adi sɛ Paradise Asase Bi Bɛba?

So Wubetumi Agye Adi sɛ Paradise Asase Bi Bɛba?

So Wubetumi Agye Adi sɛ Paradise Asase Bi Bɛba?

NNIPA kakraa bi na wogye di sɛ bere bi bɛba a asase bɛdan paradise. Nnipa pii susuw sɛ asase no nkɔ so ntra hɔ koraa bio. Sɛnea The Sacred Earth nhoma a Brian Leigh Molyneaux kyerɛwee kyerɛ no, ‘amansan kɛse bi a ɛpaee’ mfirihyia ɔpepem pii a atwam ni na ɛmaa asase yi bae. Na nnipa pii ka sɛ, sɛ onipa ankasa ansɛe asase no a, bere bi akyi no, yɛn asase yi ne amansan no nyinaa “ankasa bɛmoa ayɛ sɛ bɔɔl a ɛrehyew.”

Afeha a ɛto so 17 mu Engiresini anwensɛm kyerɛwfo John Milton annya nsusuwii hunu a ɛte saa. Wɔ n’anwensɛm nhoma a ɛka tete abakɔsɛm, Paradise Lost mu no, ɔkyerɛwee sɛ Onyankopɔn bɔɔ asase sɛ paradise fie maa adesamma abusua no. Mfitiase Paradise no yerae. Nanso, na Milton gye di sɛ wɔbɛsan de aba—sɛ́ da bi bɛba a ogyefo a ɔne Yesu Kristo “betua n’anokwafo ka na ɔde wɔn akɔ paradise . . . wɔ Soro anaa Asase so.” Milton de ahotoso kae sɛ: “Saa bere no na Asase nyinaa bɛdan Paradise.”

Paradise—Ɛwɔ Soro Anaa Asase So?

Nyamesomfo pii ne Milton yɛ adwene sɛ awiei koraa no, wobenya akatua bi wɔ ahude ne yaw a wɔafa mu wɔ asase so ha no ho. Nanso ɛhefa na wobenya saa akatua no? So ɛbɛyɛ “Soro anaa Asase so”? Wɔ ebinom fam no, asase so asetra ho nni asɛm no mu. Wɔka sɛ nnipa benya “paradise asetra” bere a wofi asase so kɔ honhom atrae wɔ soro no.

Nhoma akyerɛwfo C. McDannell ne B. Lang ka wɔ Heaven—A History nhoma no mu sɛ afeha a ɛto so abien mu nyamekyerɛfo Irenaeus gye dii sɛ paradise a wɔasan de asi hɔ mu asetra no “renkɔ so wɔ soro atrae a ɛwɔ akyirikyiri, na mmom asase so.” Sɛnea saa nhoma no kyerɛ no, ɛwom sɛ na nyamesom akannifo te sɛ John Calvin ne Martin Luther wɔ anidaso sɛ wɔbɛkɔ soro de, nanso na wogye di nso sɛ “Onyankopɔn besiesie asase no.” Ɔsom afoforo mufo nso kura gyidi a ɛte saa ara. McDannell ne Lang san ka sɛ na Yudafo binom gye di sɛ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu no, adesamma haw nyinaa “befi hɔ na wobenya asetra a abotɔyam wom wɔ asase so.” The Encyclopaedia of Middle Eastern Mythology and Religion ka sɛ tete Persiafo gyidi bi kyerɛ sɛ “wɔbɛsan de asase no akɔ ne kan tebea mu, na nnipa bɛtra ase asomdwoe mu bio.”

Dɛn na ɛbaa paradise ho anidaso no so? So na yɛn asase so asetra yɛ bere tiaa bi pɛ? Sɛnea afeha a edi kan mu Yudani nyansapɛfo Philo kae no, so ɛsɛ sɛ ɛyɛ “bere tiaa” mu akwantu a “mpɛn pii no ɔhaw ahyɛ mu ma” a wɔde kɔ ahonhom atrae? Anaasɛ na biribi foforo wɔ Onyankopɔn adwenem bere a ɔbɔɔ asase na ɔde nnipa guu so wɔ paradise tebea mu no? So adesamma betumi anya honhom fam abotɔyam a edi mu ne paradise asetra wɔ asase yi ara so? Dɛn nti na wonyɛ nhwehwɛmu nhu nea Bible ka fa asɛm yi ho? Te sɛ nea nnipa ɔpepem pii aka dedaw no, ebia wo nso wobɛka sɛ anidaso a wubenya sɛ wɔbɛsan de asase so paradise bi asi hɔ no yɛ biribi a ntease wom ankasa.

[Mfonini wɔ kratafa 3]

Na anwensɛm kyerɛwfo John Milton gye di sɛ wɔbɛsan de Paradise asi hɔ

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]

COVER: Earth: U.S. Fish & Wildlife Service, Washington, D.C./NASA

[Mfonini Ahorow Fibea wɔ kratafa 3]

Earth: U.S. Fish & Wildlife Service, Washington, D.C./NASA; John Milton: Leslie’s