Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hasmonaeanfo ne Nea Wɔde Gyawee

Hasmonaeanfo ne Nea Wɔde Gyawee

Hasmonaeanfo ne Nea Wɔde Gyawee

BERE a na Yesu wɔ asase so no, na Yudasom mu akyekyɛ ayɛ akuwakuw, a na wɔn nyinaa repere sɛ wobenya nkurɔfo no so nkɛntɛnso. Ɛno ne tebea a wɔada no adi wɔ Nsɛmpa ho kyerɛwtohɔ ne afeha a edi kan no mu Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus nhoma ahorow mu.

Ɛte sɛ nea Farisifo ne Sadukifo na na wɔn ano yɛ den wɔ saa bere yi mu, na wotumi nyaa ɔmanfo no adwene so nkɛntɛnso kosii sɛ wɔpoo Yesu sɛ Mesia. (Mateo 15:1, 2; 16:1; Yohane 11:47, 48; 12:42, 43) Nanso, wɔmmɔ saa akuw abien a wɔwɔ nkɛntɛnso yi din wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu baabiara.

Josephus dii kan kaa Sadukifo ne Farisifo ho asɛm wɔ ne nsɛm a ɛfa afeha a ɛto so abien A.Y.B. mu ho no mu. Saa bere yi mu no na Helafo adwene, a ɛkyerɛ, Helafo amammerɛ ne nyansapɛ renya Yudafo pii so nkɛntɛnso. Ntawntawdi a na ɛwɔ Helafo ne Yudafo ntam no mu yɛɛ den kɛse bere a Seleucid sodifo no guu Yerusalem asɔrefie no ho fĩ, na wohyiraa so maa Seu no. Yudani kannifo bi a na ɔyɛ nnam, Judah Maccabee, a na ofi abusua bi a wɔfrɛ wɔn Hasmonaeanfo mu, dii asraafo atuatewfo bi anim ko gyee asɔrefie no fii Helafo no nsam. *

Ade a ɛdaa nsow wɔ mfe a edii Maccabeefo no atuatew ne wɔn nkonimdi no akyi pɛɛ no ne adwene a wonyae sɛ wɔbɛtete akuw ahorow a na egyina adwenhorow a enhyia so, a na emu biara ne afoforo redi apere sɛ ebenya Yudafo pii aba wɔn afã. Nanso, dɛn nti na saa adwene yi sɔree? Dɛn nti na Yudasom mu paapaee saa? Nea ɛbɛyɛ na yɛanya mmuae no, ma yɛnhwehwɛ Hasmonaeanfo ho abakɔsɛm mu kakra.

Ahofadi ne Mpaapaemu a Enya Nkɔanim

Bere a Judah Maccabee duu ne som mu botae a ɛne sɛ ɔbɛsan de Yehowa asɔrefie som asi hɔ ho no, ɔbɛyɛɛ ɔmammuifo. Enti, Yudafo pii gyaee n’akyi di. Nanso, ɔtoaa ɔko a na ɔne Seleucid sodifo reko no so, na ɔne Roma yɛɛ apam, na ɔpɛe sɛ ɔhyehyɛ Yuda Man a wodi wɔn ho so. Bere a Judah wui wɔ ɔko mu no, ne nuabarimanom Jonathan ne Simon toaa ɔko no so. Mfitiase no, Seleucid sodifo no ko tiaa Maccabeefo no denneennen. Nanso bere bi akyi no, sodifo no penee amammui mu nsiesiei bi so maa Hasmonaean anuanom no nyaa ahofadi bi.

Ɛwom sɛ na Hasmonaeanfo no fi asɔfo abusua mu de, nanso na wɔn mu biara nyɛɛ ɔsɔfopanyin da. Ná Yudafo pii te nka sɛ asɔfo a wofi Sadok, a Salomo paw no sɛ ɔsɔfopanyin no abusua mu na na ɛsɛ sɛ wonya dibea yi. (1 Ahene 2:35; Hesekiel 43:19) Jonathan nam akodi ne amansɛm so dan Seleucidfo no ti ma wɔpaw no sɛ ɔsɔfopanyin. Nanso, Jonathan wu akyi no, ne nuabarima Simon tumi yɛɛ nea ɛsen saa. Wɔ September 140 A.Y.B. mu no, wɔhyɛɛ mmara titiriw bi wɔ Yerusalem, kyerɛw no Helafo nsa ano guu kɔbere mfrafrae apon no so sɛ: “Ɔhene Demetrius [Hela Seleucid sodifo] asi [Simon] ɔsɔfopanyin, na ɔde no aka ne Nnamfo ho, adi no ni kɛse. . . . Na Yudafo ne wɔn asɔfo no asi gyinae sɛ ɛsɛ sɛ Simon yɛ wɔn kannifo ne wɔn sɔfopanyin daa, kosi sɛ odiyifo bi a odi mũ bɛsɔre.”—1 Maccabees 14:38-41 (abakɔsɛm nhoma bi a ɛwɔ Apocrypha mu).

Ɛnyɛ Seleucid atumfoɔ ananafo no nko na wogyee Simon dibea sɛ sodifo ne ɔsɔfopanyin—ɔne n’asefo—no toom na mmom n’ankasa nkurɔfo “Bagua Kɛse” no nso. Eyi yɛɛ nsakrae bere titiriw. Sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo Emil Schürer kae no, bere a Hasmonaeanfo de amammui kwan so ahene abusua no sii hɔ no, “anyɛ wɔn ahiade titiriw sɛ wobedi Torah [Yudafo Mmara] no ho dwuma bio na mmom sɛ wɔbɛkora wɔn amammui tumi no so na wɔatrɛw mu.” Nanso, nea ɛbɛyɛ na ɔrenyɛ biribi mma ɛnhaw Yudafo no adwene nti, Simon faa abodin “ɔman kannifo” mmom too ne ho so sen sɛ ɔbɛfa “ɔhene.”

Ɛnyɛ obiara na n’ani gyee nyamesom ne amammui tumi a Hasmonaeanfo no de anuɔden fae no ho. Sɛnea nhomanimfo pii kyerɛ no, ɛyɛ saa bere yi na wɔhyehyɛɛ Qumran kuw no. Ɔsɔfo bi a ofi Sadok, a wogye di sɛ ɔne onii a wɔfrɛɛ no Qumran nhoma mu sɛ “Trenee Kyerɛkyerɛfo,” abusua mu no fii Yerusalem kodii asɔretiafo kuw bi anim faa Po a Awu so kɔɔ Yuda Anhweatam so. Po a Awu Nhoma Mmobɔwee no biako, Habakuk nhoma no ho nsɛm, kasa tia “Ɔsɔfo Bɔne a mfiase no na wɔfrɛ no nokware, nanso bere a odii Israel so no ne koma homanee no.” Nhomanimfo pii gye di sɛ kuw no nkyerɛkyerɛmu a ɛfa “Ɔsɔfo Bɔne” a ɔredi tumi ho no betumi ayɛ Jonathan anaa Simon.

Simon toaa ɔsatu no so de trɛw nsasesin a odi so no mu. Nanso, ne nniso no baa awiei mpofirim bere a n’asebarima, Ptolemy, kum ɔne ne mmabarima baanu bere a na wɔwɔ apontow ase wɔ Yeriko no. Mmɔden a Ptolemy bɔe sɛ obedi tumi no anyɛ yiye. Wɔbɔɔ John Hyrcanus, Simon babarima a na waka no kɔkɔ sɛ wɔrebekum no. Ɔkyeree wɔn a na wɔpɛ sɛ wokum no no nyinaa, na ɔfaa akanni ne sɔfopanyin dibea no dii n’agya ade.

Ntrɛwmu ne Nhyɛso Foforo

Nea edi kan no, John Hyrcanus hyiaa Siria asraafo ahunahuna, nanso wɔ afe 129 A.Y.B. mu no, Seleucid ahene abusua no dii nkogu wɔ ɔko titiriw bi a wɔne Partifo koe no mu. Ɛdefa nkɛntɛnso a saa ko yi nyae wɔ Seleucidfo so ho no, Yudani nhomanimfo Menahem Stern kyerɛwee sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ ahemman no nyinaa gui.” Enti Hyrcanus “tumi nyaa amammui mu ahofadi maa Yudea, na ofii ase trɛw mu kɔɔ afã horow nyinaa.” Na ɔtrɛw mu ankasa.

Saa bere yi a na Siriafo ahunahuna biara nni hɔ no, Hyrcanus fii ase tuu nsasesin a ɛwɔ Yudea akyi no so sa de wɔn bɛhyɛɛ ne tumidi ase. Ná ɛsɛ sɛ nkurow no mufo no sakra wɔn som ba Yudasom mu anyɛ saa a, wobedwiriw wɔn nkurow no agu. Wɔn a wotuu wɔn so sa no mu bi ne Idumeafo (Edomfo) no. Eyi ho no, Stern kae sɛ: “Idumeafo som a wɔsakrae saa no yɛ nea na ebi nsii da, efisɛ ɛnyɛ wɔn mu nnipa kakraa bi pɛ na wɔsakraa wɔn som na mmom abusuakuw no nyinaa.” Mmeae foforo a Hyrcanus dii so no bi ne Samaria, baabi a odwiriw Samariafo asɔrefie a na esi Bepɔw Gerisim so no gui no. Bere a abakɔsɛm kyerɛwfo Solomon Grayzel reka sɛnea na Hasmonaean ahene abusua no hyɛ nkurɔfo ma wɔsakra wɔn som ma ɛyɛ nwonwa ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Matatia [Judah Maccabee agya] banana na na ɔrebu mmara—nyamesom mu ahofadi—ankasa a na awo ntoatoaso a atwam no agyina akyi denneennen no so.”

Farisifo ne Sadukifo Pue

Ɛyɛ bere a Josephus rekyerɛw Hyrcanus nniso ho asɛm no na odii kan kaa Farisifo ne Sadukifo nkɛntɛnso a na ɛrenya nkɔanim no ho asɛm. (Ná Josephus aka Farisifo a wɔtraa ase wɔ Jonathan nniso no mu ho asɛm dedaw.) Ɔnka baabi a wofi ho asɛm. Nhomanimfo bi bu wɔn sɛ kuw a wofii Hasidimfo, nyamesom kuw bi a na wɔyɛ nnam a wɔboaa Judah Maccabee wɔ ne nyamesom botae ahorow ho nanso wogyaee n’akyi di bere a n’anuonyampɛ bɛdan amammuisɛm, kuw no mu.

Edin Farisifo no fa Hebri ntease a ɛkyerɛ “matew-me-hofo” ho, ɛwom sɛ ebinom de asɛmfua no toto asɛmfua “asekyerɛfo” ho de. Na Farisifo no yɛ nhomanimfo a wofi mpapahwekwa, a na womfi abusua pɔtee biara mu no mu. Wɔtew wɔn ho fii amanne a ɛho ntew ho denam ahotew soronko bi a wɔnam nyansapɛ so hyehyɛe so, na wɔde asɔrefie mmara horow a ɛfa asɔfo kronkronyɛ ho dii dwuma wɔ da biara da asetram nneyɛe ahorow mu. Farisifo no hyehyɛɛ ɔkwan foforo a wɔnam so kyerɛɛ Kyerɛwnsɛm no ase ne nkyerɛkyerɛ bi a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no mmara a wɔde ano ka kyerɛ no. Wɔ Simon nniso no mu no, wonyaa nkɛntɛnso bere a wɔpaw wɔn mu bi ma wɔkɔkaa Gerousia (mpanyimfo bagua), a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Sanhedrin no ho no.

Josephus ka sɛ mfiase no na John Hyrcanus yɛ Farisifo no suani ne kyitaafo. Nanso, eduu baabi no, Farisifo no kaa n’anim sɛ wannyae sɔfopanyin no di. Eyi maa wɔtetew wɔn ntam wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so. Hyrcanus baraa Farisifo nyamesom mmara ahorow no. Sɛ́ asotwe foforo no, ɔkɔɔ Sadukifo, Farisifo ɔsom mu asidifo no afã.

Ɛda adi sɛ edin Sadukifo no fa Ɔsɔfopanyin Sadok, a na n’asefo adi sɔfo fi Salomo bere so no ho. Nanso, ɛnyɛ Sadukifo nyinaa na na wofi abusua yi mu. Sɛnea Josephus kyerɛ no, na Sadukifo yɛ ɔman no mu nnipa atitiriw a wɔyɛ adefo, na na nnipadɔm no nni wɔn afã. Ɔbenfo Schiffman ka sɛ: “Ɛda adi sɛ na wɔn mu dodow no ara . . . yɛ asɔfo anaasɛ wɔn a na wɔne asɔfo mpanyin no fiefo adi ayeware.” Enti na wɔnam saayɛ so ne wɔn a wɔwɔ tumi no abɔ abusua fi bere tenten. Enti, Sadukifo no buu dwuma a na Farisifo no rekɔ so di wɔ ɔmanfo no mu ne Farisifo nkyerɛkyerɛ a na ɛfa asɔfo ahotew ho a na wɔretrɛw mu no sɛ ade a na ebetumi asɛe wɔn tumidi. Afei, wɔ mfe a na Hyrcanus nniso no reba n’awiei mu no, Sadukifo no san nyaa wɔn tumi.

Amammuisɛm Pii, Nyamesom Kakraa Bi

Hyrcanus babarima panyin, Aristobulus, dii ade afe biako pɛ ansa ba ɔrewu. Ɔtoaa so de mmara a ɛhyɛɛ nkurɔfo ma wɔsakraa wɔn som no maa Itureanfo yɛɛ saa, na ɔde Galilea atifi fam bɛhyɛɛ Hasmonaeanfo tumidi ase. Nanso, ne nuabarima Alexander Jannaeus, a odii ade fi afe 103-76 A.Y.B. mu nniso mu na Hasmonaeanfo ahene abusua no tumidi duu ne mpɔmpɔn so.

Alexander Jannaeus poo mmara a na ɛwɔ hɔ no yɛɛ ne ho sɔfopanyin ne ɔhene wɔ baguam. Hasmonaeanfo no ne Farisifo no ntam ntawntawdi no mu yɛɛ den, na ekowiee ɔmanko a Yudafo 50,000 hweree wɔn nkwa mu. Bere a wodii atuatew no so no, Jannaeus yɛɛ abosonsomfo ahemfo ade bi ma wɔbɔɔ atuatewfo no 800 asɛndua mu. Bere a wɔrewu no, wokunkum wɔn yerenom ne wɔn mma wɔ wɔn anim, bere a na Jannaeus ne ne yefamnom atow pon wɔ petee mu no. *

Ɛmfa ho sɛ na Jannaeus tan Farisifo no, na ɔyɛ ɔmanyɛfo mmɔdenbɔfo. Ohui sɛ na Farisifo no wɔ akyitaafo pii. Akwankyerɛ a ɔde maa ne yere, Salome Alexandria, wɔ ne wupa so ne sɛ ɔne wɔn mmom nni tumi. Na Jannaeus apaw ne yere no sɛ ɔnyɛ ɔdedifo wɔ ahemman no mu, na ɛnyɛ ne mmabarimanom no. Ne yere no daa ne ho adi sɛ ɔyɛ sodifo a ɔfata, na ɔmaa ɔman no nyaa Hasmonaeanfo nniso mmere a asomdwoe pii wom no mu biako (76-67 A.Y.B.). Wɔsan de Farisifo sisii wɔn dibea so, na wotwaa mmara ahorow a wɔyɛ tiaa wɔn nyamesom mmara ahorow no mu.

Bere a Salome wui no, ne mmabarima Hyrcanus II, a na wasom sɛ ɔsɔfopanyin no, ne Aristobulus II dii tumidi ho apere. Na wɔn baanu nyinaa nni amammui ne asraadi mu nhumu a na wɔn agyanom wɔ no bi, na ɛte sɛ nea na wɔn mu biara nte nea na Romafo ani a na aba mpɔtam hɔ so kɛse fi bere a Seleucid ahemman no hwee ase no kyerɛ no ase yiye. Wɔ 63 A.Y.B. mu no, anuanom baanu yi nyinaa dan kɔɔ Roma sodifo Pompey nkyɛn bere a na ɔwɔ Damasko no kɔsrɛɛ no sɛ ommesiesie wɔn ntam. Saa afe no ara, Pompey ne n’asraafo tuu Yerusalem so sa dii so. Ɛno na ɛyɛɛ Hasmonaeanfo ahemman no asehwe mfiase. Wɔ afe 37 A.Y.B. mu no, Idumea hene Herode Ɔkɛseɛ, a na Roma Mmarahyɛ Bagua apaw no sɛ “Yudea Hene,” “Romafo apamfo ne wɔn adamfo” no, dii Yerusalem so. Hasmonaeanfo ahemman no gui.

Nea Hasmonaeanfo De Gyawee

Hasmonaeanfo bere a efi Judah Maccabee so besi Aristobulus II so no mu na wɔtoo ɔsom mu mpaapaemu a na ɛwɔ hɔ bere a Yesu baa asase so no fapem. Hasmonaeanfo no de Onyankopɔn som ho nsi na efii ase, nanso ɛsɛee koduu pɛsɛmenkominya a enye koraa mu. Wɔn asɔfo, a wonyaa hokwan sɛ wɔbɛma nkurɔfo no ayɛ biako adi Onyankopɔn Mmara so no de ɔman no kɔɔ amammuisɛm mu ntawntawdi a emu yɛ den mu. Wɔ saa tebea yi mu no, nyamesom mu adwenhorow a ɛde mpaapaemu ba begyee ntini. Ɛwom sɛ na Hasmonaeanfo no nni hɔ bio de, nanso nyamesom mu tumidi ho ntawntawdi a na ɛwɔ Sadukifo, Farisifo, ne afoforo mu no kɔɔ so wɔ ɔman a saa bere yi na ɛwɔ Herode ne Roma nniso ase no mu.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 4 Hwɛ asɛm “Ná Henanom ne Maccabeefo No?” a ɛwɔ November 15, 1998, Ɔwɛn-Aban mu no.

^ nky. 22 Po a Awu Nhoma Mmobɔwee no mu “Nahum Ho Nsɛm” ka “Gyata Bobɔne” a “ɔsɛn nnipa anikan,” a ebetumi afa asɛm a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no ho.

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 30]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Hasmonaeanfo Ahene Abusua

Judah Maccabee Jonathan Maccabee Simon Maccabee

John Hyrcanus

↓ ↓

Salome Alexandra — waree — Alexander Jannaeus

Aristobulus

↓ ↓

Hyrcanus II Aristobulus II

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Judah Maccabee pɛe sɛ Yudafo bedi wɔn ho so

[Asɛm Fibea]

The Doré Bible Illustrations/Dover Publications, Inc.

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Sɛnea Hasmonaeanfo koe de trɛw wɔn tumidi mu kɔɔ nkurow a ɛnyɛ Yudafo de mu

[Asɛm Fibea]

The Doré Bible Illustrations/Dover Publications, Inc.