Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asomdwoe Ho Asɛmpa no Adu Chiapas Mmepɔw no So

Asomdwoe Ho Asɛmpa no Adu Chiapas Mmepɔw no So

Asomdwoe Ho Asɛmpa no Adu Chiapas Mmepɔw no So

“Nnipakuw bi a wokurakura akode . . . kunkum akuafo 45 a wonni ahobammɔ, a na nkokoaa 13 ka ho wɔ okunkɛse a ɛsen biara wɔ Chiapas mantam no abakɔsɛm mu.” Saa na atesɛm krataa “El Universal” bɔɔ nea esii wɔ Acteal, Chiapas Mantam mu, wɔ December 22, 1997 no ho amanneɛ.

CHIAPAS yɛ Mexico mantam a ɛwɔ anaafo paa wɔ wɔne Guatemala hye so. Bere a wɔadi hia bere tenteenten na wɔnyɛ mpɔntu dwuma biara wɔ hɔ no, nnipakuw bi a wɔyɛ Maya Indiafo faa akode sɔre gyinae wɔ January 1994 mu, faa edin Ejército Zapatista de Liberación Nacional (EZLN, Zapatista Ɔman Ahofadi Asraafo) too wɔn ho so. Nhyehyɛe ahorow a wɔyɛ sɛ wɔnam so besiesie asɛm no asomdwoe mu atwentwɛn ase. Ɔfow ne ntua a atuatewfo no ne aban asraafo no nyinaa de wɔn ho ahyɛ mu no ama wɔahwie mogya pii agu akunkum nnipa. Basabasayɛ no maa akuafo no pii guan fii saa beae hɔ kɔhwehwɛɛ ahobammɔ.

Nnipakuw biako pɛ a wɔpɛ asomdwoe na wɔmfaa wɔn ho nhyɛɛ amammuisɛm mu akodi yi mu wɔ tebea horow a asomdwoe nnim yi mu. Wɔde nsiyɛ twe adwene si Onyankopɔn Ahenni no so sɛ ɛne ɛhaw ahorow a nnipa hyia wɔ wɔn mpɔtam hɔ ne wiase nyinaa no ano aduru koro pɛ. (Daniel 2:44) Wɔne henanom? Yehowa Adansefo. Esiane sɛ wɔyɛ osetie ma Yesu ahyɛde no nti, wɔrebɔ mmɔden de Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no akɔ Chiapas mmepɔw no afã a atew ne ho koraa no. (Mateo 24:14) Tebea horow a ɛte saa a wɔka asɛm wom no te dɛn, na dɛn na efii mu bae?

“Meyɛ Yehowa Dansefo”

Ná Adolfo, aberante bi a na ɔbɛyɛɛ Ahenni dawurubɔfo nkyɛe, reyɛ adwuma wɔ radio adwumayɛbea bi wɔ Ocosingo. Mpofirim ara, nea ɔbɛte ara ne sɛ wɔrebɔ pon no mu denneennen. Mmarima kuw bi a wɔhyehyɛ nkataanim bɔ wuraa mu de wɔn atuo kyerɛɛ ne ti. Wɔkɔɔ ɔdan a radio ho mfiri wom no mu, kokyinkyim mfiri no, na wɔnam radio no so bɔɔ ɔmanfo amanneɛ sɛ wɔne aban no rebedi ako.

Bere a mmarima a wokurakura akode no dan kɔɔ Adolfo so no, wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmmɛka wɔn kuw no ho. Ɛwom mpo sɛ na Adolfo nnya mmɔɔ asu de, nanso obuae sɛ: “Meyɛ Yehowa Dansefo.” Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ asomdwoe ho anidaso biako pɛ a ɛwɔ hɔ ne Onyankopɔn Ahenni no, na osii ne bo poo atade ne tuo a wɔde maa no no. Bere a wɔn kannifo no hui sɛ wasi ne bo pintinn no, wɔmaa no kɔe. Bere a Adolfo reka ho asɛm no, ɔka sɛ: “Saa asɛm no hyɛɛ me gyidi den yiye.”

Awiei koraa no, basabasayɛ no brɛɛ ase, nanso na asraafo da so ara rewɛn mpɔtam hɔ. Ne nyinaa akyi no, Adolfo de anigye gyee nsa a ɛhɔnom asafo mu mpanyimfo to frɛɛ no sɛ ɔne Kristofo kuw bi a wɔatew wɔn ho nkɔyɛ adwuma no so. Wɔ mmeae a asraafo hwehwɛɛ nkurɔfo nneɛma mu a ɔfae nyinaa no, wɔkyerɛɛ obu maa no bere a ɔdaa ne ho adi sɛ ɔyɛ Yehowa Dansefo no. Wɔbɔɔ no asu akyiri yi na onyaa abotɔyam sɛ waboa kuw a atew ne ho no ma wɔabɛyɛ Yehowa Adansefo asafo. Adolfo kae sɛ: “Afei a mabɔ asu yi, metumi de ahotoso koraa aka sɛ meyɛ Yehowa Dansefo!”

“Yehowa Hyɛɛ Yɛn Den”

Bere a EZLN no nam radio so kae sɛ wɔne aban no rebedi ako no, ankyɛ na kurow no mufo guanee. Francisco, bere nyinaa somfo, anaa ɔkwampaefo no, kyerɛkyerɛɛ sɛnea Yehowa hyɛɛ ɔne ne yere den wɔ nneɛma a wɔfaa mu no mu.

“Yɛyɛɛ sɛ yɛbɛkɔ akɔpɛ guankɔbea wɔ beae bi a yɛde nnɔnhwerew abiɛsa na ɛnantew kɔ hɔ. Na asafo bi wɔ hɔ, enti na yɛne anuanom bɛtra. Ankyɛ na bere dui sɛ yɛyɛ yɛn mansin nhyiam wɔ Palenque. Na me ne me yere mpɛ sɛ akwampaefo nhyiam titiriw no pa yɛn ti so, nanso yɛtee sɛ na EZLN no asiw kwan a yɛbɛfa so akɔ ɔmansin nhyiam no. Yɛyɛe sɛ yɛbɛfa kwae mu, na egyee yɛn nnɔnhwerew akron. Yeduu hɔ bere ano kɔɔ akwampaefo nhyiam no, ne ɔmansin nhyiam dwumadi no nyinaa bi na yɛn ani gyee ho yiye.

“Bere a yɛsan bae no, yebehui sɛ wɔahyew yɛn fie awia yɛn nyɛmmoa. Nea na aka ara ne bag ketewa bi a ntade wom. Nneɛma a yɛhweree no maa yɛn werɛ howee, nanso anuanom a wɔwɔ Ocosingo no fii ayamye mu faa yɛn kɔɔ wɔn afie. Wɔkyerɛɛ yɛn nneɛma bi a, sɛ akuafo no na yɛnyɛɛ bi da. Onua biako kyerɛɛ me mfoninitwa, na ɔfoforo nso kyerɛɛ me sɛnea wosiesie mpaboa. Ɛno na aboa me ne me yere ma yɛatumi ahwɛ yɛn ho de abesi nnɛ a yennyaee akwampae adwuma no. Sɛ yesusuw nneɛma a asisi no ho a, yetumi hu sɛ bere a na ɛyɛ den ma yɛn sɛ yebegyina ano no, Yehowa hyɛɛ yɛn den.”

Aba a Asɛnka Adwuma no Sow

Adansefo a wɔwɔ Chiapas Mantam mu no amma ahokyere ne asiane ansiw wɔn kwan sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ mmɔden soronko a wɔbɔe sɛ wɔde asɛmpa no bɛkɔ nkurɔfo a wɔwɔ saa beae no nkyɛn no mu. Sɛ nhwɛso no, wɔ April ne May 1995 mu no, wɔne wɔn mfɛfo Kristofo a wɔwɔ wiase nyinaa de wɔn ho hyɛɛ Ahenni Asɛm a Ɛto so 34 a na n’asɛmti fata sen biara Dɛn Nti na Ɔhaw Ahyɛ Asetra Mu Ma Saa? ho ɔsatu no mu.

Wɔ ɔsatu no mu no—wɔ beae bi a wɔfrɛ no Pueblo Nuevo no—Ciro, a ɔyɛ daa kwampaefo no nyaa abusua bi a wɔkyerɛɛ anigye. Ɔsan kɔɔ hɔ ne nnansa akyi no, otumi ne wɔn fii Bible adesua ase. Nanso bere a Ciro ne ne yɔnko no san kɔe sɛ wɔne abusua no rekɔtoa adesua no so no, na ɔbarima a ɔyɛ ofiewura no nni hɔ. Mmom no, mmarima bi a na wɔhyehyɛ nkataanim na na wɔwɔ hɔ retwɛn no ayɛ no bɔne. Wobisaa Ciro ne ne yɔnko no nea wɔrehwehwɛ, na wɔyɛe sɛ wobekum wɔn. Bere a Kristofo baanu no bɔɔ Yehowa mpae komm wiei no, wɔde akokoduru kyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔbae sɛ wɔrebɛkyerɛkyerɛ abusua no Bible. Wɔkaa saa no, mmarima a wɔhyehyɛ nkataanim no ma wɔkɔe. Esiane biribi nti ɔbarima a ɔyɛ ofiewura no amma fie saa da no.

Da koro, bɛyɛ mfirihyia abiɛsa akyi no, Ciro ho dwiriw no sɛ ɔbarima no baa ne fie. Hwɛ sɛnea Ciro ani gyei bere a ɔtee sɛ abusua mũ no nyinaa agye asubɔ, na wɔwɔ asafo bi mu wɔ Guatemala saa bere no! Na wɔn mmabea no mu biako mpo resom sɛ daa kwampaefo.

Honhom Fam Aduan Ho Anisɔ

Ɛmfa ho ahokyere a ɛda so wɔ Chiapas no, ɔmantam sohwɛfo bi bɔ amanneɛ sɛ Adansefo a wɔwɔ mpɔtam hɔ no nim hia a asafo nhyiamkɔ ho hia ankasa. (Hebrifo 10:24, 25) Ɔka nea esii wɔ da koro nhyiam titiriw bi a wɔyɛe nnansa yi ase, a wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wobefi ase ntɛm anɔpa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔbɛkɔ bi no betumi asan akɔ fie dwoodwoo bere a ade nsae no ho asɛm. Ɛwom sɛ na ɛsɛ sɛ wɔn mu dodow no ara nantew bɛboro nnɔnhwerew abiɛsa fa kwae mu ba nhyiambea hɔ de, nanso ɛbɔɔ anɔpa 7:00 no, na obiara atra ase. Na EZLN kuw no mufo baasia te atiefo no mu retie asɛm no rebɔ wɔn nsam, a ɛda adi sɛ na wɔn ani agye dwumadi no ho. Wɔn nso nantew nnɔnhwerew abiɛsa na ɛbaa nhyiam no. Wɔn mu aduonu nso baa Kristo wu Nkaedi a wɔyɛe wɔ ɛhɔ Ahenni Asa so no ase.

Atuatewfo mpanyimfo maa aberante foforo bi dwumadi sɛ ɔmmɔ kwae bi mu aporɔw. Bere a oduu saa kurow no mu no, ohui sɛ na emufo a wɔn mu dodow no ara yɛ Yehowa Adansefo no aguan. Enti ɔtraa afie a wɔaguan agyaw hɔ no biako mu. Esiane sɛ na onni dwumadi pii nti, ɔsesaa nhoma bi a ohui wɔ fie hɔ no fii ase kenkanee. Na saa nhoma yi yɛ Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma a Adansefo no gyaw hɔ no. Bere a na aberante no nkutoo wɔ hɔ no, onyaa bere dwennwenee nea na ɔrekenkan no ho. Osii gyinae sɛ ɔbɛsakra n’asetra na ɔde n’akode no agu hɔ. Ɔyɛɛ ntɛm hwehwɛɛ Adansefo no ne wɔn fii Bible adesua ase. Asram asia mu no, na ɔreka asɛmpa no kyerɛ afoforo. Ɔne n’abusuafo baasa a na wɔn nso wɔtaa atuatewfo no akyi no abɛyɛ Kristofo a wɔabɔ asu mprempren.

Nneɛma Pa a Yɛrehu

Ɛwom sɛ ɔko no de ahokyere kɛse bae de, nanso enyaa su a nkurɔfo no wɔ wɔ asɛnka adwuma no ho so nkɛntɛnso pa ankasa. Ɔpanyin bi a ɔwɔ kurow a ɔko no fii ase ankasa mu no ka sɛ: “Ɔko no fii ase akyi bɛyɛ nnanum no, yɛyɛɛ asɛnka adwuma ho nhyehyɛe wɔ kurow no mu ne akyi. Ná nkurɔfo no wɔ ɔpɛ sɛ wobetie yɛn. Yɛmaa Bible ho nhoma pii, na yefii Bible adesua pii ase. Wɔ baabi no, na nnipa pii sɔre tia nokware no, nanso esiane ɔko no nti, afei de wotiee yɛn, suaa Bible no, kɔɔ asafo nhyiam ahorow ne amansin nhyiam.”

Anuanom no ani agye sɛ tebea horow a basabasayɛ wom pii nyinaa akyi no, wɔatumi akɔ so ayɛ teokrase nnwuma. Wɔkɔ so yɛ wɔn amansin nhyiam a ɛhyɛ wɔn den honhom fam no a aban asraafo ne EZLN no nyinaa nim. Ahwɛfo akwantufo nsrahwɛ nso akanyan wɔn kɛse ma wɔakɔ so ayɛ asɛnka adwuma no. Nea ɛyɛ anigye no, wɔn a wɔredi ako no mpo hyɛ Adansefo no nkuran denam ka a wɔtaa ka kyerɛ wɔn sɛ wɔnkɔ so nyɛ wɔn asɛnka adwuma no so.

Ɛwom sɛ bere kɔ so no, sɔhwɛ ne ahokyere a nkurɔfo a wɔwɔ Chiapas kɔɔ mu no ano abrɛ ase de, nanso ɛmaa awiei. Sɛnea ɛte biara no, ade biako yɛ nokware—Yehowa Adansefo asi wɔn bo sɛ wɔde asomdwoe ho asɛmpa a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible mu no bɛkɔ nkurɔfo no nkyɛn a wonnyae. (Asomafo no Nnwuma 10:34-36; Efesofo 6:15) Wohu sɛ, sɛnea odiyifo Yeremia kae no, “onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” (Yeremia 10:23) Onyankopɔn Ahenni a ɛwɔ ne Ba, Yesu Kristo nsam no nkutoo na ebetumi adi wiase amumɔyɛsɛm ne ohia ho dwuma.—Mateo 6:10.

[Asase mfonini wɔ kratafa 9]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Mexico Po

CHIAPAS

GUATEMALA

Pacific Po

[Asɛm Fibea]

Mountain High Maps® Copyright © 1997 Digital Wisdom, Inc.

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Adansefo a wɔrekɔ asɛnka wɔ Chiapas mmepɔw so