Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Amansan Yi Ma Yehu

Nea Amansan Yi Ma Yehu

Wɔn a wosua nsoromma ho ade no, da biara wohu biribi foforo wɔ amansan yi mu a ɛyɛ wɔn nwonwa, na wɔbɔ mmɔden sɛ wobenya nnwinnade ahorow a ɛbɛboa wɔn ama wɔasua ho ade, na wɔate ase yiye. Ɛno mpo no, wohu sɛ wɔwɔ kwan twa. Nanso kakraa a wɔatumi ayɛ no, dɛn na wɔahu?

Wɔahyehyɛ nneɛma pɛpɛɛpɛ wɔ amansan no mu. Nsɛmma nhoma bi a wɔfrɛ no Astronomy ka sɛ, “Sɛ wohwɛ nsorommakuw a ɛwɔ wim no a, wubehu sɛ ɛnyɛ sɛ wɔato apete wim kɛkɛ. Mmom, sɛnea ananse to ne bo ase nwene ntentan no, saa ara na wɔahyehyɛ nsorommakuw ahorow no wɔ wim.” Ɛbɛyɛ dɛn na wei ayɛ yiye? Nyansahufo kyerɛ sɛ, ɛbɛyɛ sɛ biribi wɔ wim a yentumi mfa yɛn ani nhu a wɔfrɛ no dark matter. Wɔkyerɛ sɛ, saa dark matter yi yɛ “tumi bi a ekurakura nsoromma ne nsorommakuw ahorow a ɛwɔ yɛn amansan yi mu no mu, na ɛno na ama biribiara ahyehyɛ pɛpɛɛpɛ wɔ wim.”

Wohwɛ sɛnea nneɛma ahyehyɛ pɛpɛɛpɛ wɔ amansan yi mu no a, ɛno ara na ɛbae anaa obi na ɔhyɛ akyi? Wo de hwɛ asɛm bi a nsoromma ho nimdefo a wɔfrɛ no Allan Sandage kae. Bɛyɛ mfe ɔha a abɛsen kɔ yi, sɛ “wɔreka nsoromma ho animdefo a wɔaben na wɔagye din a, wobu no sɛ ɔka ho.” Afei nso na ogye Onyankopɔn di.

Ɔkaa sɛ, “Sɛ mehwɛ sɛnea biribiara deda n’akwan mu wɔ amansan yi mu, na ɛnyɛ sakatuu no a, ɛrentumi mma da sɛ nneɛma bi na ɛkeka boom ma ɛbae; obi na ɔhyɛ akyi.”

Sɛnea amansan yi te no ma yehu sɛ wɔhyɛɛ da yɛe sɛ nkwa ntena mu. Nyansahufo kyerɛ sɛ, tumi bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no weak force, na ɛno na ɛboa ma owia no yɛ adwuma yiye. Sɛ anka saa tumi no ahoɔden wɔ fam a, anka owia nni hɔ. Afei nso sɛ anka ano yɛ den dodo a, anka owia no ahyew ama ayera afi amansan yi mu.

Tumi ahorow a ɛboa ma nkwa tumi tena amansan yi mu no, weak force no yɛ emu baako pɛ, na ahoɔden a ɛwɔ saa tumi ahorow no nyinaa mu no yɛ nea ɛfata, na nkwa atumi atena amansan yi mu. Owura bi a wɔfrɛ no Anil Ananthaswamy kyerɛw nsɛm fa abɔde mu nneɛma ho. Ɔkaa sɛ tumi ahorow yi, sɛ anka ahoɔden a ɛwɔ baako mu mpo so tewee anaa ɛboroo so a, “anka nsoromma, okyinnsoromma, ne nsorommakuw ahorow no nyinaa nni hɔ. Afei nso anka nkwa nni hɔ.”

Yɛhwɛ amansan yi mu a, asaase yi ara ne baabi a nnipa betumi atena. Mframa ne nsu dodow a abɔde a nkwa wom hia na wɔatumi atena ase no, ɛno pɛpɛɛpɛ na ɛwɔ asaase yi so. Afei nso, sɛnea bosome no kɛse te no boa ma sɛ asaase no retwa ne ho a, ɛnwosowosow. Nhoma bi a wɔfrɛ no National Geographic ka sɛ, “Sɛ wohwɛ sɛnea asaase no ankasa te, ne sɛnea abɔde a ɛwɔ so no dan wɔn ho no a, wutumi hu sɛ okyinnsoromma no nyinaa, asaase yi ara so na na ɛsɛ sɛ nnipa tena.” a

Ɔkyerɛwfo bi kaa sɛ, sɛ wohwɛ baabi a asaase yi wɔ wɔ amansan yi mu a, wutumi hu sɛ, “atew ne ho afi nsoromma afoforo ho.” Nanso tew a atew ne ho no na ama ayɛ yiye sɛ abɔde a nkwa wom bɛtena so. Sɛ anka asaase no bɛn nsoromma afoforo a, anka nea ebesi nnye koraa. Yɛmfa no sɛ, sɛ anka ɛwɔ nsorommakuw a asaase no wɔ mu no mfinimfini a, anka ahoɔden a efi nsoromma afoforo mu ba no bɛma ayɛ den sɛ abɔde a nkwa wom bɛtena so. Nyansahufo bi kyerɛ sɛ, “nsorommakuw a asaase no wɔ mu no, ne fã bi wɔ hɔ a abɔde a nkwa wom betumi atena, na ɛhɔ na yɛn asaase yi wɔ.”

Abɔde mu ɔbenfo Paul Davies asua amansan yi ho ade akɔ akyiri. Ɔde too gua sɛ: “Minnye nni sɛ nneɛma bi na ɛkeka boom ma yɛbaa nkwa mu anaa ɛmaa amansan yi bae. Wutumi hu sɛ, yɛammepue ha kɛkɛ, mmom biribi nti na yɛwɔ ha.” Ɛnyɛ nea Davies reka ne sɛ, Onyankopɔn na ɔbɔɔ amansan yi ne nnipa. Nanso wuhu nea ɔkae no sɛn? Wutumi hu sɛ, asɛ wɔahyɛ da ayɛ amansan no ne asaase no wɔ ɔkwan bi so a ɛma ɛyɛ yiye sɛ abɔde a nkwa wom betumi atena so. Ebetumi aba sɛ obi na ɔhyɛɛ da yɛɛ no saa anaa?

a Ɛnyɛ nea National Geographic nhoma no reka ne sɛ, Onyankopɔn na ɔbɔɔ asaase ne nnipa. Nea na ɛreka ara ne sɛ, asaase no ne baabi a ɛfata sɛ nnipa tena.