NYAN! No. 3 2016 | Kasa Nyɛ Osiakwan Bio

Yehowa Adansefo afa adwumasono bi ato wɔn ho so; wɔkyerɛ kasa pii ase.

ASƐM A ƐDA SO

Tete Osiakwan no Rebubu

Adɛn nti na Yehowa Adansefo afa ato wɔn ho so sɛ wɔbɛkyerɛ wɔn nhoma ase akɔ kasa bebree mu?

ASƐM A ƐDA SO

Kasa Nyɛ Osiakwan Bio—Ɛho Adwuma

Obi a ɔkyerɛ nsɛm ase kyerɛ sɛnea wɔyɛ adwuma no.

ABAKƆSƐM

Ignaz Semmelweis

Ɛsɛ sɛ obiara kyerɛ nea owura yi yɛe ho anisɔ paa. Adɛn ntia?

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO

Sɛnea Mobɛka Mo Ntam Asɛm

Ɛsono ɔbarima na ɛsono ɔbea; obiara ne sɛnea ɔkasa. Wuhu no saa a, ɛbɛtew ɔhaw bebree so.

BIBLE NO ADWENE

Gyidi

Bible ka sɛ ‘gyidi nni hɔ a, obi ntumi nsɔ Onyankopɔn ani.’ Dɛn paa ne gyidi? Wobɛyɛ dɛn anya gyidi?

WƆBƆE ANAA?

Ntɛtea Kɔn

Ɛyɛ dɛn na ntɛtea tumi soa nneɛma a emu yɛ duru sen ɔno ankasa koraa?