Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 TETEFO MFONINI

William Whiston

William Whiston

William Whiston yɛ onipa bi a ɔtenaa ase tete. Ná ɔyɛ nyansahufo, akontaabufo, ne ɔsɔfo; ɔkyerɛw nhoma bebree. Ná ne yɔnko ne nyansahufo ne nkontaabufo Sir Isaac Newton a ofi England no. Ná Newton kura abasobɔde kɛse bi wɔ akontaabu mu wɔ Cambridge Suapɔn mu wɔ England. Afe 1702 mu na saa dibea no bedii Whiston nsam. Akukudamfo a wɔaben nyansahu ne mfiridwuma mu na na wɔde saa dibea no ma wɔn.

BIBLE asuafo nso nim Whiston paa, efisɛ ɔno na ɔkyerɛɛ Yudani Flavius Josephus a ɔtenaa ase wɔ Asomafo no bere so no nhoma ahorow ase kɔɔ Borɔfo kasa mu. The Works of Josephus nhoma no kyerɛkyerɛɛ Yudafo abakɔsɛm ne tete Kristofo ho nsɛm mu kɔɔ akyiri.

WHISTON GYIDI

Ná Whiston adwenem abue paa, ɛno nti otumi suaa nneɛma pii, ɛnkanka nea ɛfa nyansahu ne nyamesom ho. Ná ogye di sɛ nea Bible ka fa adebɔ ho no wom saa pɛpɛɛpɛ. Afei ɔhwɛ wiase ne sɛnea emu nneɛma ahyehyɛ pɛpɛɛpɛ na ɛyɛ adwuma no a, ogye di sɛ Onyame bi na ɔyɛe.

Afei nso na Whiston gye di sɛ, nea ama Kristosom mu apaapae ne sɛ, asɔfo no de Bible ato baabi koraa na nkyerɛkyerɛ a enni Bible mu ne Asɔre mpanyimfo atetesɛm na wɔdi akyi.

Whiston gye toom sɛ Bible yɛ Onyankopɔn nhoma a emu nsɛm yɛ nokware, enti na onnye nni sɛ Onyankopɔn bɛhyew nnipa wɔ Ɔbonsam gyam. Ohui sɛ ntease nnim na ɛyɛ atirimɔdensɛm na ɛmfata koraa sɛ yɛde besusuw Nyankopɔn. Nea etwaa asɔre mpanyimfo no awoɔ koraa ne Baasakoro nkyerɛkyerɛ a ɔkae sɛ ɛnyɛ nokware no. Asɔre no kyerɛkyerɛ Baasakoro mu sɛ, Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron no nyinaa ka bom yɛ Onyankopɔn; obi nkyɛn bi, na obiara nso te hɔ daa. Ne nyinaa akyi no, wɔsan ka sɛ onyame baako pɛ na ɛwɔ hɔ na ɛnyɛ anyame mmiɛnsa. Eyinom nyinaa, Whiston bɔ gui.

 “ONIMDEFO NO DANEE MAMMƆFO”

Whiston too ne bo ase yɛɛ Baasakoro nkyerɛkyerɛ no mu nhwehwɛmu, na nea ɔkae ne sɛ Yesu asomafo no ankyerɛkyerɛ saa, na mmom akyiri yi na abosonsomfo de bɛhyɛɛ Kristosom mu. * Ne nnamfo ka kyerɛɛ no sɛ, sɛ onnim na sɛ ɔde saa asɛm no to gua a, ade a ɛyɛ fɛ bɛyɛ no tan. Nanso ampusuw Whiston koraa, efisɛ na wasua ahu sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba, na Onyankopɔn mpo na ɛbɔɔ no.

Sɛ obi kyerɛkyerɛ biribi a ɛne Anglikan Asɔre nkyerɛkyerɛ nhyia a, Cambridge Suapɔn no beyi no adi, enti na Whiston dibea betumi abɔ no. Nanso wanka n’ano antom te sɛ Newton. Newton nso hui sɛ Baasakoro nkyerɛkyerɛ no mfa kwan mu nanso ɔno de, wanyi n’anim anka ho asɛm. Whiston kyerɛw sɛ: “Mawe ataa so sɛ meremma biribiara nsesa m’adwene.”

Biribiara amma Whiston annyae ne gyidi mu, enti obi a na ɔyɛ “onimdefo no danee mammɔfo”

Afe 1710 mu na wɔyii Whiston adi fii Cambridge Suapɔn mu hɔ. Biribiara amma Whiston annyae ne gyidi mu, enti, “Onimdefo no danee mammɔfo.” Ɛno nso ammɔ no hu. Bere a wɔkae sɛ ɔyɛ ɔmammɔfo no mpo, saa bere no koraa na ɔkyerɛkyerɛw nhoma pii too ne din Primitive Christianity Revived (Tete Kristofo Nkyerɛkyerɛ a Wɔasan Akɔfa) Sɛ ɔka “tete” a, ɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ a Yesu ne n’akyidifo de yɛɛ adwuma. Akyiri yi, Whiston tew Kuw bi a wɔbɔ Tete Kristofo Nkyerɛkyerɛ dawuru. Ná wɔhyiam wɔ ne fie wɔ London.

Ɛwom, Whiston dibea bɔɔ no, na ne ho kyeree no sikasɛm mu kakra, nanso wannyae nhoma-kyerɛw; ɔtoaa so kyerɛwee na ɔkyerɛkyerɛɛ nkurɔfo wɔ baabi a wɔnom kɔfe wɔ London. Afe 1737 mu no, Josephus nhoma a na wakyerɛ ase no, otintim maa nkurɔfo huu sɛnea na Kristosom te wɔ asomafo no bere so. Saa nhoma no bi da so wɔ hɔ besi nnɛ.

James E. Force kyerɛw sɛ, Whiston yɛ ɔkokodurufo nanso na nnipa pii mpɛ n’asɛm, enti ɛnnɛ, nnipa bebree ka sɛ, na “n’asɛm mfa kwan mu.” Nanso ebinom bu no paa sɛ ɔyɛ Bible mu nimdefo a ɔde ne koma nyinaa hwehwɛɛ Bible mu nokware. Wɔbu no sɛ ɔbarima a ɔde yɛɛ n’adwene sɛ ɔde ne gyidi bɛbɔ ne bra.

^ nky. 10 Sɛnea Onyankopɔn te no, Bible kyerɛkyerɛ mu kama. Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, kɔ jw.org. Hwɛ BIBLE TEACHINGS > BIBLE QUESTIONS ANSWERED.