NYAN! June 2014 | Dɛn na Ɛma Obi Yɛ Adamfo Pa?

Awerɛhosɛm ne sɛ nnamfo pa ho ayɛ nna nnɛ. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɛba saa? Dɛn na ɛbɛma woayɛ adamfo pa? Hwɛ Bible mu afotu a wubetumi de ayɛ adwuma.

Wiase Nsɛm

Nea ɛwom bi nie: Canada ayaresabea a ɛyɛ awoɔ aduro no, adwennwene abɛtɔ wɔn so; ade a amanfoɔ betumi de asi nnam anan; seesei nkurɔfo a wɔka sɛ Onyankopɔn nni hɔ hyira aware so wɔ Ireland.

ASƐM A ƐDA SO

Dɛn na Ɛma Obi Yɛ Adamfo Pa?

Nnipa pii nim sɛ yehia nnamfo pa. Dɛn na ɛbɛma woayɛ adamfo pa? Wokan asɛm yi a, wubehu nneɛma nnan a Bible ka ho asɛm.

BIBLE NO ADWENE

Owuo

Yewu a yɛkɔ he? Enti da bi bɛba a yebehyia yɛn adɔfo a wɔawuwu bio? Kenkan na hunu awerɛkyekyesɛm a ɛwɔ Bible mu.

ABAKƆSƐM

Joseph Priestley

Nea Priestley kyerɛw nyinaa, nyansahu mu oo, nyamesom mu oo, wanni atetesɛm ne amammerɛ akyi, mmom deɛ ɔkyerɛwee nyinaa gyina nsɛm a ɛyɛ nokware turodoo so. Kenkan na hu sɛnea nneɛma a ɔkyerɛwee ne nea ohui de too gua asesa nkurɔfo adwene abesi nnɛ.

Ɛsẽ Akyi Kuro—Ebi Betumi Ayɛ Wo?

Ɛsẽ akyi kuro yɛ yare a ɛhaw nnipa bebree wɔ wiase. Ɛdeɛn na ɛde ba? Wobɛyɛ dɛn ahu sɛ woanya bi? Na wobɛyɛ dɛn abɔ wo ho ban?

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO

Nea Ɛbɛma Moahwɛ Mo Sika Yiye

Mma wo ho sika nyinaa nwe ansa na woasua sɛ wobɛhwɛ wo sika yiye. Hu sɛnea wobɛhwɛ wo sika so yiye ansa na aka akyi dodo.

WƆBƆE ANAA?

Nea Ɛma Kukurubin Hu Kwan

Deɛn na ɛboa kukurubin ma ohu ade? Deɛn na nnipa betumi ahwɛ no ayɛ?

Nneɛma Foforo a Ɛwɔ Wɛbsaet Ha

Nea W’atipɛnfo Ka Fa Mobal Fon Ho

Mmabun pii wɔ hɔ a mobal fon ne wɔn biribiara; wɔnkɔ nnya hɔ koraa. Wowɔ mobal fon a, mfaso bɛn na wubenya na asiane bɛn nso na ɛwom?