NYAN! November 2013 | Abrabɔ Gyinapɛn a Mfaso wɔ So Ankasa

Yɛn gyinapɛn ahorow na ɛkyerɛ yɛn nea ɛsɛ sɛ yɛde di kan wɔ asetenam, yɛne afoforo abusuabɔ, ne afei akwankyerɛ a yɛde ma yɛn mma. Susuw Bible mu abrabɔ gyinapɛn anan a mfaso wɔ so ho.

Wiase Nsɛm

Nsɛmti no bi ne: Tow a wogyigye ma asɔre no wɔ Germany, sɛnea nkamfo ka amemene no, ne nnipa a “wonni ɔsom biara mu” no redɔɔso wɔ wiase.”

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO

Sɛnea Wobɛka Aguamansɛm a Wɔde Mena Ho Asɛm Akyerɛ Wo Babun

Ntwɛn mma wo ba nkɔtɔ asiane mu. Wo ne wo babun nsusuw asiane a ɛwɔ aguamansɛm a wɔde mena mu.

ASƐM A ƐDA SO

Abrabɔ Gyinapɛn a Mfaso wɔ So Ankasa

Nea nkurɔfo taa ka ne, ‘Yɛ nea wo ho bɛtɔ wo, ɛnyɛ nea ɔmanfo bɛka.’ So adwene a ɛte saa teɛ? Hwɛ sɛnea Bible no ma yenya abrabɔ gyinapɛn a wubetumi de wo ho ato so.

NSƐM A WOBISABISA

Sankubɔfo Bi Kyerɛkyerɛ ne Gyidi Mu

Nnwom na ɛkaa obi ma obegye dii sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ. Dɛn na ɛma ogye dii sɛ Bible no fi Onyankopɔn hɔ?

Sɛnea Wubetumi Agyina Ɔhaw a Bratwa De Ba Ano

Bere dodow a wo ne w’adɔfo te bratwa ase no, dodow no ara na ɛbɛboa wo ma wagyina ɛho haw ahorow no ano.

BIBLE NO ADWENE

Aware

Hwɛ sɛnea ɔbarima ne ɔbea asɛde a Onyankopɔn de ama wɔn wɔ aware mu no betumi ama wɔn aware asɔ na wɔanya anigye.

So Wowɔ “Apontow Mu Daa”?

Ɛmfa ho ɔhaw a wuhyia no, sua sɛnea wubetumi de w’adwene asi nneɛma pa so na woanya anigye.

Nneɛma Foforo a Ɛwɔ Wɛbsaet Ha

Sɛ Yare Bi Reteetee Me a, Menyɛ Dɛn?​—Ɔfã 1

Mmabun nnan bi ka nea ɛreboa wɔn ama wɔatumi agyina yare bi a ɛreteetee wɔn ano ne nea ɛreboa wɔn ma wɔanya adwempa.