Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hwɛ Anhweatam So Agyinamoa a ne Ho Yɛ Na No

Hwɛ Anhweatam So Agyinamoa a ne Ho Yɛ Na No

Sɛ agyinamoa yi nyinsɛn a, asram abien akyi no, otumi wo mma bɛyɛ abiɛsa

SƐ EDU anadwo kɔnkɔn wɔ anhweatam wosee so a, anhweatam so agyinamoa pue fi baabi a ɔhyɛ begyina petee mu. Otwa n’ani hwɛ baabiara tie nea ɛrekɔ so. Afei ɔkotow fam, na ɔwea nkakrankakra fa anhweatam no so.

Prɛko pɛ, ohuruw kyere abotokura a n’ani nna ne ho so no. Eyi akyi no, ɔtoa n’ahayɔ no so, na ohuruhuruw kyekyere mmoa anadwo mũ no nyinaa. Sɛ ɔkyere nam pii a ɔrentumi nwe wɔn nyinaa a, ɔde bi sie anhwea no mu. Ɔsan kɔhyɛ ne buw no mu anɔpatutuutu na ompue bio kosi anadwo. Susuw nneɛma ahorow bi a ɛyɛ nwonwa wɔ aboa a ne ho yɛ na yi ho hwɛ.

  • Sɛnea anhweatam so agyinamoa te asɛm yiye no boa no ma otumi hu beae a aboa a ɔrepɛ no akyere no no hyɛ. Sɛ aboa no hyɛ bɔn mu mpo a, obetumi ate no nka

  • Sɛ onini no repɛ ɔbere aforo no a, ɔteɛm denneennen. Sɛ ɔbere no wɔ akyirikyiri koraa a, otumi te ne nne

  • Nhwi a ɛwɔ anhweatam so agyinamoa nsa ne ne nan mu no boa no ma sɛ otia anhwea no so a, ɔmmem nkɔ mu, na sɛ anhwea no mu yɛ hyew boro so anaa ɛso dwo boro so a, etumi boa no

  •  Ɔwɔ nhwi fitaa kuhaa wɔ n’asontɔrem, na ɛmma anhwea mmɔ nkɔ n’asom

  • Esiane sɛ ne nsa ne ne nan mu nhwi dɔɔso nti, sɛ ɔnam anhweatam no so a, ɛyɛ den sɛ wubehu n’anammɔn

  • Anhweatam so agyinamoa nya nsu fi mmoa a ɔkyere wɔn we no mu

  • Anhwea a ɛwɔ Kara-Kum Anhweatam so no tumi yɛ hyew araa kodu digrii 80 sɛntigred. Edu bere bi nso a, wim tumi dwo ara bedu digrii -25 sɛntigred