Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wiase Nsɛm

Wiase Nsɛm

Wiase

Ɛnyɛ aduan a ɛho ayɛ nã nti na wontumi ntu ɔkɔm ase. Akontaabu kyerɛ sɛ seesei akuafo tumi nya nnɔbae a ɛbɛso nnipa ɔpepepem 12—ɛboro nnipa dodow a seesei wɔte asase yi so bɛyɛ ɔpepepem 5. Ɔhaw no ankasa taa fi sikasɛm, sɛnea wɔkyekyɛ nnuan, ne nnuan a wogyaw ma ɛsɛe kwa.

Britain ne United States

Sika ho adwumayɛfo a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu ɔha mu nkyem 24 ka sɛ, wogye di sɛ “sɛ ebesi wɔn yiye a, gye sɛ wobu wɔn ani gu mmara so anaa wɔfa kwammɔne bi so.” Wɔn mu ɔha mu nkyem 16 kae sɛ, sɛ wɔde wɔn ho hyɛ bɔne bi mu “na wobetumi afa wɔn ho adi a,” ɛnde wɔbɛyɛ.

Argentina

Wɔ Argentina no, esiane adwennwen anaa nsɛmmɔnedi nti, akyerɛkyerɛfo 5 biara mu 3 srɛ kwan fi adwumam.

South Korea

Wɔ South Korea no, ɛrenkyɛ koraa wɔn a wɔn nkutoo te no bɛdɔɔso asen nnipa a wobom tena.

China

Wɔkyerɛ sɛ Chinafo nkurow fã kɛse no ara rentumi nnya mframa pa sɛnea aban no hwɛ kwan sɛ ennu afe 2016 mu no na kurow biara anya no. Bio nso, wɔka sɛ nsu a wonya fi asase mu no “nnye anaa asɛe koraa.”