Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 WIASE NSƐM

Wiase Nsɛm

Israel

Intanɛt dwumadibea bi bɔ amanneɛ sɛ, mmofra a wɔadi dɛm fi awo mu no ntumi mfa nnuruyɛfo a wɔanyɛ wɔn adwuma yiye no nkogyina asɛnnibea mmɔ wɔn ka bio. Nanso awofo betumi ayɛ saa na ama wɔanya sika de atew “ɛka bebrebe a wɔbɔ de tete mmofra a wɔte saa no so, na wɔatumi ama wɔn nea wohia wɔn nkwa nna nyinaa.”—Haaretz.com.

Australia

Wɔ Australia no, awarefo 10 biara mu 8 di kan tena bom ansa na wɔaware.

Greece

Akontaabu a Greek Asoɛe a Ɛhwɛ Akwahosan So de ama ne sɛ, sɛ wɔde nnipa a wodii wɔn ho dɔm wɔ asram anum a edi kan wɔ afe 2011 mu no toto afe 2010 de no ho wɔ bere koro mu a, ɛkɔɔ soro ɔha mu nkyem 40. Eyi ne sikasɛm mu nsɛnnennen a ɛsɔree wɔ bere koro no ara mu no hyiae.

United States

Sɛnea Asoɛe a Ɛbɔ Asase ne Ɛso Nnɔbae Ho Ban kyerɛ no, ɛkame ayɛ sɛ wɔsɛe aduan a ɛwɔ ɔman no mu ɔha mu nkyem 40 kwa. Sɛ nhwɛso no, akontaabu kyerɛ sɛ, akuafo ntwa wɔn nnɔbae mu ɔha mu nkyem 7, na nnuan a wɔyɛ wɔ adidibea ahorow nso mu ɔha mu nkyem 17 sɛe kwa a obiara nni, na afei mmusua tow nnuan a wɔatɔ no mu ɔha mu nkyem 25 gu.

Madagascar

Wɔahu ɔbosomaketew a osua sen biara wɔ asase yi so wɔ Madagascar nnansa yi ara. Abosomaketew yi bi sua araa ma wobetumi agyina obi bɔwerɛw so. Esiane sɛ wɔresɛe wɔn atenae nti, mmoa yi ase betumi atɔre.