Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Si W’adwene Pi

Si W’adwene Pi

Si W’adwene Pi

“Ade baako a ehia paa a ɛma ebinom tumi gyae sigaretnom ne sɛ, wosi wɔn adwene pi sɛ wobegyae.”—Nhoma a wɔato din, “Stop Smoking Now!”

NEA ɛwom ara ne sɛ, sɛ wopɛ sɛ wugyae sigaretnom a, anyɛ yiye koraa ɛsɛ sɛ wusi w’adwene pi sɛ wubegyae. Wobɛyɛ dɛn asi w’adwene pi? Ade baako a ɛbɛboa ne sɛ, dwen mfaso a wubenya bere a woagyae sigaretnom no ho. Ebi ni:

Ɛremma wonsɛe sika. Sɛ da biara wotɔ sigaret baako a, afe bɛso no, na woabɔ ka buruburoo. “Ná minnim sɛ mesɛe sika wɔ sigaret ho saa.”—Gyanu a ɔwɔ Nepal.

W’ani begye wɔ abrabɔ mu. “Efi bere a migyaee sigaretnom no, m’abrabɔ asesa koraa. Nneɛma rekɔ yiye paa.” (Regina a ɔwɔ South Africa) Sɛ obi gyae sigaretnom a, ɔte aduan dɛ paa, na ɔte ade hua nso yiye. Ɛma onya ahoɔden pii, na ne ho nso yɛ fɛ.

Wubenya apɔwmuden. “Mmea ne mmarima a wɔnom sigaret nyinaa, mmofra oo, mpanyin oo, sɛ wogyae nom a, ɛnkyɛ koraa na wɔafi ase renya apɔwmuden.”—U.S. Asoɛe Ahorow a Ɛhwɛ Siw Nyarewa Ano.

Ɛbɛma ahotoso a wowɔ wɔ wo mu no ayɛ kɛse. “Nea enti a migyaee sigaretnom ne sɛ, na mempɛ sɛ sigaret de me yɛ akoa. Ná mepɛ sɛ me ara midi me nipadua so.”—Henning a ɔwɔ Denmark.

W’abusuafo ne wo nnamfo benya so mfaso. “Sɛ obi nom sigaret a, . . . etumi ma wɔn a wɔbɛn no no yare. . . . Nhwehwɛmu a nkurɔfo ayɛ kyerɛ sɛ, sigaret a nkurɔfo nom gu afoforo so no, afe biara ɛma nkurɔfo nya kansa a ɛyɛ aharawa ne komayare, na saa nyarewa yi kunkum nnipa mpempem pii.”—Amerika Kuw a Ɛko Kansa Yare.

Ɛbɛma Onyankopɔn a ɔbɔɔ wo no ani agye wo ho. “Adɔfo, . . . momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fĩ nyinaa ho.” (2 Korintofo 7:1) “Momfa mo nipadua mmɔ afɔre . . . a ɛyɛ kronkron, na ɛsɔ Onyankopɔn ani.”—Romafo 12:1.

“Bere mibehui sɛ Onyankopɔn ani nnye nneɛma a egu nipadua no ho fĩ ho no, misii gyinae sɛ megyae sigaretnom.”—Sylvia a ɔwɔ Spain.

Eye sɛ wubesi w’adwene pi. Nanso mpɛn pii no, ɛno nko ara nnɔɔso. Ebia wubehia afoforo mmoa. Wubetumi anya saa mmoa no bi afi w’abusuafo ne wo nnamfo hɔ. Dɛn na wobetumi ayɛ aboa wo?