Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Wɔ Din!

Onyankopɔn Wɔ Din!

Onyankopɔn Wɔ Din!

Onyankopɔn din de dɛn? Nnipa nyinaa wɔ wɔn din. Na mpo nnipa pii to wɔn ayɛmmoa din! So ntease nnim sɛ Onyankopɔn nso benya din? Akyinnye biara nni ho sɛ edin a yɛwɔ ne di a yɛde di dwuma no ho hia wɔ nnipa ntam abusuabɔ ne nkitahodi mu. So ɛnte saa wɔ yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu? Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, nnipa pii a wɔkyerɛ sɛ wɔwɔ Onyankopɔn a Bible ka ne ho asɛm mu gyidi no mfa ne din ankasa nni dwuma. Nanso mfe mpempem pii ni a wɔahu Onyankopɔn din. Bere a wokenkan nsɛm a edidi so yi no, wubehu mpɛn dodow a nnipa de Onyankopɔn din dii dwuma wɔ mmere a atwam no mu. Nea ɛsen saa no, wubehu nea Bible no ka fa sɛnea Onyankopɔn din a yebehu ho hia no ho.

EDUU 1600 mfe no mu no, Europa aman dodow no ara fii ase twaa sika kyerɛw Onyankopɔn din guu so. Edin Yehowa no wɔ dwetɛ sika a Germany twae wɔ 1634 no so. Edin a na wɔde frɛ saa sika no paa ne Yehowa dwetɛ sika, na wodii no mfe pii.

Wɔagye Onyankopɔn din a wɔkyerɛ ase Yehowa * no atom mfehaha pii ni. Wɔ Hebri kasa a wɔkenkan fi nifa kɔ benkum so no, wɔde anom nkyerɛwde anan, יהוה na ɛkyerɛw din no. Saa Hebri nkyerɛwde anan yi a wɔkyerɛw no Twi mu YHWH no na wɔfrɛ no Tetragrammaton no. Wokurukyerɛw Onyankopɔn din a wɔakyerɛw no saa no guu Europa dwetɛ sika so mfe pii.

Wubetumi ahu Onyankopɔn din nso wɔ adan ne nkaedum ho, ne adwinni ne asɔre nnwom pii nso mu. Sɛnea German Brockhaus encyclopedia kyerɛ no, bere bi a atwam no, na mmapɔmma a wɔyɛ Protestantfo no taa bɔ baagye a wɔayɛ owia ne Tetragrammaton mfonini fɛfɛɛfɛ wɔ so. Na wɔfrɛ agyiraehyɛde a wotumi yɛ gu frankaa ne dwetɛ sika so no nso sɛ Yehowa Awia ho sɛnkyerɛnne. Ɛda adi pefee sɛ na Europafo a nyamesom agye wɔn ti kɛse wɔ 1600 ne 1700 mfe no mu no nim sɛ Ade Nyinaa So Tumfoɔ Nyankopɔn no wɔ din. Nea ɛho hia kɛse ne sɛ, na wonsuro sɛ wɔbɛbɔ Onyankopɔn din.

Ná Amerika Atubrafo nso nim Onyankopɔn din. Sɛ nhwɛso no, susuw Ethan Allen, a na ɔyɛ ɔsraani wɔ Amerika Ɔman Anidan mu no ho hwɛ. Sɛnea ne nsɛm a ɔkyerɛw too hɔ kyerɛ no, wɔ 1775 mu no, ɔhyɛe sɛ n’atamfo mfa wɔn ho mmɛhyɛ n’ase “wɔ Yehowa Ɔkɛse no din mu.” Bere a Abraham Lincoln bedii ade akyiri yi no, afotufo dodow no ara bɔɔ Yehowa din mpɛn pii wɔ wɔn krataa a wɔkyerɛw kɔmaa Lincoln no mu. Amerikafo abakɔsɛm ho kyerɛwtohɔ afoforo wɔ hɔ a Onyankopɔn din wom a ɔmanfo betumi ahwehwɛ mu wɔ nhomakorabea pii mu. Eyinom yɛ nhwɛso kakraa bi a ɛkyerɛ sɛnea mfe pii ni no, wɔada Onyankopɔn din adi pefee.

Na nnɛ nso ɛ? So nnipa werɛ afi Onyankopɔn din? Dabida. Wɔada Onyankopɔn din ankasa adi wɔ Bible nkyerɛase ahorow mu. Sɛ wobɔ fa nhomakorabea biara mu anaasɛ woyɛ nhwehwɛmu kakra wɔ w’ankasa nsɛm asekyerɛ nhoma mu a, ɛbɛda adi sɛ edin Yehowa na nnipa pii agye atom sɛ ɛne Tetragrammaton nkyerɛase no yɛ pɛ. Sɛ nhwɛso no, Encyclopedia International kyerɛ sɛ edin Yehowa no ne “nnɛyi kwan a wɔfa so kyerɛw edin a na Hebrifo de frɛ Onyankopɔn no.” The New Encyclopædia Britannica a wɔyɛɛ no nnansa yi ara no kyerɛ mu sɛ Yehowa ne “edin a Yudafo ne Kristofo de frɛ Onyankopɔn.”

‘Nanso’ ebia wubebisa sɛ ‘so ɛnnɛ, nnipa bu Onyankopɔn din sɛ ɛho hia?’ Wɔafa akwan horow so akyerɛw Onyankopɔn din agu nneɛma ho wɔ mmɔnten so. Sɛ nhwɛso no, wɔakyerɛw edin Yehowa no agu ɔdan bi ntweaso wɔ New York City. Wɔ saa kuropɔn yi ara mu no, wɔahu sɛ wɔakyerɛw edin no fɛfɛɛfɛ wɔ Hebri kasa mu de asiesie keteke kwan bi a ɛda asase ase no keteke gyinabea. Nanso ebetumi ayɛ nokware sɛ nnipa mpempem pii a wɔfa saa mmeae yi mu kakraa bi na asusuw hia a nkyerɛwee no ho hia ho.

So Onyankopɔn din ho hia nnipa a wɔwɔ beae a wote no? Anaa wɔn mu pii frɛ Ɔbɔadeɛ no sɛ “Onyankopɔn,” ma ɛyɛ te sɛ nea saa abodin yi ne ne din ankasa? Ebia woahyɛ no nsow sɛ nnipa pii nnwen ho mpo sɛ ebia Onyankopɔn wɔ din. Na wo nso ɛ? So ɛyɛ wo fɛre sɛ wode Onyankopɔn din ankasa, Yehowa bɛfrɛ no?

[Ase hɔ asɛm]

^ Nsɛm a edidi so yi kyerɛ sɛnea wɔkyerɛw Yehowa din wɔ akwan 39 so wɔ kasa ahorow 95 mu.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 4]

Ɔhene a Ɔma Wohuu Yehowa Din

Wɔ 1852 mu no, asɛmpatrɛwfo kuw bi tuu kwan fi Hawaii kɔɔ Micronesia nsupɔw so. Ná wokura krataa a ɛkyerɛ nnipa ko a wɔyɛ, na na Ɔhene Kamehameha III a na ɔyɛ Hawaii Supɔw no so ɔhempɔn no de ne nsa ahyɛ ase. Krataa yi a wɔde Hawaii kasa kyerɛw kɔmaa atumfo a wɔwɔ Pacific Supɔw so no fã bi ka sɛ: “Yehowa, Ɔsorosoroni Nyankopɔn no akyerɛkyerɛfo bi retu kwan aba mo supɔw no so, na wɔama moahu N’asɛm a ɛbɛma moanya daa nkwa. . . . Mede saa akyerɛkyerɛfo a wɔn ho akokwaw yi mehyɛ mo nsa sɛ monna obu ne adamfofa su adi nkyerɛ wɔn, na mitu mo fo sɛ muntie wɔn akwankyerɛ. . . . Mitu mo fo sɛ montow mo ahoni no ngu, na momfa Awurade Yehowa sɛ mo Nyankopɔn, monsom No na monnɔ No, na Obehyira mo na wagye mo nkwa.”

[Mfonini]

Ɔhene Kamehameha III

[Asɛm Fibea]

Hawaii State Archives

[Mfonini wɔ kratafa 3]

Tetragrammaton a ɛkyerɛ “nkyerɛwde anan,” na wɔde kyerɛw Onyankopɔn din ankasa wɔ Hebri kasa mu